3
Amanehunu Wɔ Hɔ
Kae saa asɛm yi. Nna a edi akyiri no, mmere no mu bɛyɛ den. Nnipa bi bɛyɛ pɛsɛmenkominya, aniberefo, ahohiahiafo ne ahantanfo; wɔbɛyɛ abususɛnkafo, asoɔdenfo wɔ wɔn awofo so; wɔbɛyɛ bonniayɛ na wɔrempɛ nyamesom nso, wɔbɛyɛ atirimɔdenfo, wɔrenhu mmɔbɔ, wɔbɛyɛ nnipa dinsɛefo basabasa ne abufuwfafo, wɔbɛtan wɔn mfɛfo a wɔyɛ nnipa pa no, wɔbɛyɛ afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoran; wɔbɛpɛ anigye sen sɛ wɔdɔ Onyankopɔn. Wɔbɛyɛ aniani asomfo a wɔbɛpo tumi a ɛwɔ ɔsom no mu no. Twe wo ho fi saa nnipa no ho.
Wɔn mu bi kɔ afi mu kɔhyɛ mmea a wɔn bɔne ama wodi fɔ na akɔnnɔ ahorow bebree hyɛ wɔn so no so; saa mmea no yɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wosua nneɛma foforo, nanso wonhu nokware no akyi kwan. Sɛnea Yan ne Yambre ne Mose dii asi no, saa ara nso na saa nnipa yi ne nokware di asi. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛe na wonsi hwee wɔ gyidi mu. Wonnya nkɔso biara efisɛ obiara behu wɔn kwasea.
10 Na wo de, woadi me nkyerɛkyerɛ, me suban ne me botae so. Woahu gyidi a mewɔ, me boasetɔ, me dɔ, 11 taa a wɔtaa me ne mʼamanehunu nyinaa. Wunim nsɛm a ɛtotoo me wɔ Antiokia, Ikoniom ne Listra, ne ɔtaa dennen a mitumi gyinaa ano no. Nanso Awurade yii me fii ne nyinaa mu. 12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase wɔ Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔbɛtaa wɔn, 13 nanso nnipa bɔne bɛkɔ so asɛe daa na wɔadaadaa afoforo ne wɔn ankasa wɔn ho. 14 Nanso wo de, kɔ so tena ase nokware mu sɛnea wɔkyerɛɛ wo no, na gye di yiye. Wunim wɔn a wusua fii wɔn nkyɛn, 15 na wokae nso sɛ efi wo mmofraase na woahu Kyerɛwsɛm no a etumi ma wuhu nyansa, na ɛma wunya gyidi wɔ Kristo Yesu mu, na egye wo nkwa. 16 Kyerɛwsɛm nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyi, ateɛteɛ ne trenee mu yɛn, 17 sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛyɛ nea wɔasiesie no yiye ama nnwuma pa nyinaa.