21
Dawid Guan Saulo
Dawid kɔɔ Nob sɔfo Ahimelek nkyɛn. Bere a ɔsɔfo Ahimelek huu no no, ne ho popoe. Obisaa no se, “Adɛn nti na aka wo nko? Adɛn nti na obi nka wo ho?”
Dawid buaa ɔsɔfo Ahimelek se, “Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me se, mennka nea enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ faako a me mmarima no nhyia me. Afei, dɛn na wowɔ? Ma me brodo mua anum anaa biribiara a wowɔ.”
Na ɔsɔfo no buaa Dawid se, “Minni brodo teta yi bi wɔ ha. Brodo kronkron de, bi wɔ ha, nanso gye sɛ mmarima no ne mmea bi nnae nnansa yi.”
Dawid buae se, “Mma hwee nhaw wo. Sɛ me mmarima no kodi dwuma bi baabi a, memmma wɔn kwan mma wɔmmfa wɔn ho nka mmea. Na sɛ wɔtena ase kronkron wɔ akwantu teta mu a, adɛn nti na saa dwumadi a ɛho hia yiye yi, wontumi ntena kronkronyɛ mu.” Na esiane sɛ aduan foforo biara nni hɔ no nti, ɔsɔfo no de brodo kronkron a wɔde abodoohyew asi anan mu wɔ Awurade hyiadan no mu maa Dawid.
Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo nantwikafo panyin no kodwiraa ne ho wɔ hɔ da no.
Dawid bisaa Ahimelek se, “Wowɔ peaw anaa afoa? Ɔhene adwuma no ho hia a na ehia nti, mannya bere amfa akode biara.”
Ɔsɔfo no buae se, “Afoa a mewɔ ara yɛ Filistini Goliat a wukum no wɔ Ela bon mu no dea. Wɔde ntama akyekyere ho da asɔfotade no akyi. Sɛ wopɛ a, fa ɛno, efisɛ biribiara nni ha bio.” Dawid buae se, “Biribiara nkyɛn no. Fa ma me.”
10 Da no, Dawid guan fii Saulo hɔ, kɔɔ Gathene Akis nkyɛn. 11 Nanso na Akis mpanyimfo no ho ntɔ wɔn sɛ ɔwɔ hɔ. Wobisae se, “Ɛnyɛ saa Dawid yi na ɔyɛ asase yi so hene no? Ɛnyɛ ɔno na nnipa nam asaw ne nnwonto so hyɛɛ no anuonyam se, ‘Saulo akum ne apem apem na Dawid nso akum mpem du du no?’ ”
12 Dawid tee saa akekakeka yi no, osuroo sɛ ebia ɔhene Akis bɛyɛ no biribi. 13 Ɛno nti, ɔhyɛɛ da yɛɛ ne ho sɛ bɔdamfo, ɔwerɛwerɛw apon ho maa ntasu sen faa nʼabogyesɛ mu. 14 Nea edi akyi ne sɛ, ɔhene Akis ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Ɔbɔdamfo na ɛsɛ sɛ mode no brɛ me? 15 Yɛwɔ pii wɔ ha dedaw! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mema obi a ɔte sɛɛ yi bɛyɛ me hɔho?”