20
Yonatan Boa Dawid
Dawid guan fii Naiot a ɛwɔ Rama kohuu Yonatan. Obisaa se, “Bɔne bɛn na mayɛ? Bɔne bɛn na mayɛ wʼagya, a enti ɔpɛ sɛ okum me yi?”
Yonatan teɛɛ mu se, “Ɛnyɛ nokware. Minim yiye sɛ onsusuw biribi a ɛte saa ho, efisɛ ɔka ne nsɛm nyinaa kyerɛ me; mpo, ne nsɛm nketenkete nyinaa ɔma mʼaso te. Minim sɛ ɔrentumi mfa asɛm a ɛte sɛɛ nsie me da. Ɛnte saa!”
Dawid kaa ntam wɔ Yonatan anim se, “Wʼagya nim yɛn ayɔnkofa yi mu pefee nti, waka wɔ ne tirim se, ‘Merenka nkyerɛ Yonatan.’ Nanso sɛnea Awurade te ase na wote ase yi, anammɔn baako pɛ na ɛda me ne owu ntam.”
Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, “Nea wopɛ sɛ menyɛ mma wo biara no mɛyɛ.”
Dawid buae se, “Ɔkyena yebedi Ɔsram Foforo Afahyɛ. Bere biara, sɛ dapɔnna no du saa a, me ne ɔhene to nsa didi. Nanso ɔkyena de, mɛkora me ho wɔ wuram ara kosi ne nnansa so anwummere. Na sɛ wʼagya hwehwɛ me a, ka kyerɛ no se, ‘Dawid srɛɛ kwan se ɔrekɔ ne kurom Betlehem, na ɔne ne fifo akɔbɔ afirihyia afɔre.’ Sɛ ɔka se, ‘Eye’ a, wubehu sɛ wʼakoa ho sɔnn. Na sɛ nso ne bo fuw, gye hwanyan a, wubehu sɛ ɔrehyehyɛ ho sɛ obekum me. Da saa adɔe yi adi kyerɛ me, sɛ adamfo a maka ntam adi nsew akyerɛ wo, efisɛ yɛn nyinaa wɔ apam wɔ Awurade anim. Na sɛ ɛnte saa, na mayɛ bɔne atia wʼagya a, wo ara kum me. Nanso mesrɛ wo, nyi me mma.”
Yonatan teɛɛ mu se, “Ɛmpare me! Wo ara wunim sɛ, sɛ minim mʼagya nsusuwii no ho biribi a, anka maka akyerɛ wo dedaw.”
10 Na Dawid bisaa Yonatan se, “Ɛbɛyɛ dɛn na mahu sɛ wʼagya bo afuw anaasɛ ne bo mfuw ɛ?”
11 Yonatan buae se, “Bra na yɛnkɔ wuram hɔ.” Na wɔn nyinaa kɔɔ hɔ.
12 Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, “Mehyɛ bɔ wɔ Awurade Israel Nyankopɔn din mu sɛ ɔkyena akyi sesɛɛ me ne mʼagya bɛkasa, na mɛma woahu nea ɔka fa wo ho. Sɛ ɔwɔ wo ho adwene pa a meremma wo nkra biara. 13 Nanso sɛ mʼagya bo afuw, na ɔpɛ sɛ okum wo, na sɛ manka ankyerɛ wo amma woanguan a Awurade ne minni no ɔyaw so. Awurade nka wo ho sɛnea ɔkaa mʼagya ho no. 14 Na fa Awurade nokware dɔ no bi dɔ me bere a mete ase yi. Na sɛ miwu, 15 na ɛba sɛ Awurade twa Dawid atamfo nyinaa gu fi asase ani mpo a, nyi wʼadɔe mfi me fifo so da biara da.”
16 Enti Yonatan ne Dawid yɛɛ apam se, “Awurade ne Dawid atamfo nni.” 17 Esiane ɔdɔ a Yonatan wɔ ma Dawid no nti, ɔmaa no tii ne ntam no mu, efisɛ na ɔdɔ no sɛnea ɔdɔ ɔno ankasa ho.
18 Afei, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, “Ɔkyena na ɛyɛ ɔsram foforo afahyɛ no. Yɛrenhu wo, efisɛ wʼakongua so bɛda hɔ. 19 Ɔkyena akyi, ɛrekɔ anwummere no, kɔ baabi a saa ɔhaw yi fii ase no wukohintaw wo ho no, na twɛn wɔ ɔbo siw no ho. 20 Mɛtow agyan abiɛsa afa ne nkyɛn, te sɛ nea meretow abɔ biribi no. 21 Afei, mɛsoma abarimaa bi aka se, ‘Kɔ na kɔhwehwɛ bɛmma no.’ Sɛ meka kyerɛ no se, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ ha; tase brɛ me a,’ bra, efisɛ mmere dodow a Awurade te ase yi, wo ho sɔnn; bɔne bi nni hɔ. 22 Na sɛ meka kyerɛ abarimaa no se, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ wʼanim’ a, ɛno de, na ɛsɛ sɛ wokɔ, efisɛ Awurade na ose kɔ. 23 Na Awurade mmoa yɛn na yenni bɔ a yɛahyehyɛ yɛn ho yɛn ho no so, efisɛ ɔno ne yɛn danseni.”
24 Na Dawid kɔtɛwee wuram, na bere a ɔsram foforo afahyɛ no dui no, ɔhene no tenaa ase sɛ ɔrebedidi. 25 Ɔtenaa nʼatenae a ɛbɛn ɔfasu ho a ɛne Yonatan di nhwɛanim, na Abner tena dii Saulo so, nanso Dawid atenae hɔ de, ɛdaa mpan. 26 Na da no, Saulo anka asɛm biara. Na ɔdwenee se, “Gyama asɛm bi ato Dawid a ɛmma ne ho ntew mma saa afahyɛ no ase. Ɛno nti na onni ha nnɛ no.” 27 Na ade kyee a Dawid afa hɔ ada mpan bio no, Saulo bisaa ne ba Yonatan se, “Adɛn nti na Yisai babarima no amma adidi nnɛra ne nnɛ?”
28 Yonatan buae se, “Nokware, Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔrekɔ Betlehem. 29 Ɔkae se, ‘Ma menkɔ, efisɛ, me fifo rebɔ afɔre wɔ kurow no mu nti, me nuabarima ahyɛ me sɛ, ɛsɛ sɛ mewɔ hɔ bi. Sɛ afei, manya wʼanim anuonyam a, ma me kwan na menkɔhwɛ me nuanom mmarima.’ Ɛno nti na wamma ɔhene didipon ho no.”
30 Saulo bo fuw Yonatan, ka kyerɛɛ no se, “Wo ɔba kwasea, ɔbea brakyewni tuatewni ba! Wususuw sɛ minnim sɛ wopɛ sɛ Dawid di hene si wo anan mu de hyɛ wo ne wo na aniwu? 31 Mmere dodow a Yisai babarima no te ase wɔ asase yi so no, worennya ɔhene nni da. Soma mprempren ara na wɔnkɔfa no mmrɛ me, na minkum no!”
32 Yonatan bisaa nʼagya se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wokum no? Dɛn na wayɛ?” 33 Ɛhɔ ara, Saulo tow peaw sɛ ɔde rewɔ no, akum no. Afei Yonatan huu sɛ nʼagya asi nʼadwene pi sɛ obekum Dawid.
34 Yonatan de abufuwhyew sɔre fii didipon no ho. Na da a ɛto so abien wɔ ɔsram no mu no, wannidi, efisɛ ne werɛ how wɔ nʼagya animguasede a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Dawid no ho.
35 Ade kyee no, Yonatan kɔɔ wuram. Sɛnea wɔahyehyɛ ho no. Ɔfaa abarimaa ketewa bi kaa ne ho a ɔbɛboaboa ne bɛmma ano. 36 Ɔka kyerɛɛ abarimaa no se, “Fi ase tu mmirika kɔhwehwɛ bɛmma a metotow no.” Na abarimaa no retu mmirika akɔ no, Yonatan tow bɛmma no baako traa no. 37 Na bere a abarimaa no duu faako a Yonatan bɛmma no akɔtɔ no, Yonatan frɛɛ no se, “bɛmma no ntraa wo ana?” 38 Enti Yonatan teɛɛ mu se, “Ka wo ho! Kɔ ntɛm! Nnyina.” Abarimaa no faa bɛmma no san baa ne wura nkyɛn. 39 Na abarimaa no nnim eyi ho hwee; Yonatan ne Dawid nko ara na na wonim. 40 Na Yonatan de nʼakode maa abarimaa no kae se, “Kɔ, soa san fa kɔ kurom.”
41 Bere a abarimaa no kɔe ara pɛ, Dawid pue fii baabi a okohintaw hɔ a ɛbɛn abo siw no bae. Na Dawid bɔɔ ne mu ase wɔ Yonatan anim, de nʼanim butuw fam. Na wofifew wɔn ho wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn ho wɔn ho nantew yiye, na wosui, ne titiriw no, Dawid.
42 Akyiri yi no, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, “Kɔ asomdwoe mu, efisɛ yɛayɛ apam wɔ Awurade din mu. Yɛde yɛn mu biara ne yɛn mu biara mma ahyɛ Awurade nsa afebɔɔ.” Na Dawid kɔe, na Yonatan nso san kɔɔ kurow no mu.