9
Wɔkyerɛw Israel anato biara mu nnipa din guu Israel ne Yuda Ahemfo nhoma mu. Esiane sɛ na Yudafo no nni Awurade nokware no nti, wotwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.
Atukɔfo A Wɔsan Bae
Wɔn a wɔsan ba bɛfaa wɔn agyapade wɔ wɔn nkurow dedaw mu no yɛ mpapahwekwa. Wɔne asɔfo, Lewifo ne asɔredan mu aboafo no bi na wɔbae.
 
Nnipa a wofi Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase mmusuakuw mu ba bɛtenaa Yerusalem.
Abusua baako a wɔsan bae no yɛ Amihud babarima Utai a ɔyɛ Omri babarima na ɔno nso yɛ Imri babarima na ɔno nso yɛ Bani babarima a wɔyɛ Yuda babarima Peres asefo.
Wɔn a wɔsan bae a na wofi Silonfo abusua mu no yɛ:
Asaia a ɔyɛ abakan no ne ne mmabarima.
Serah abusua mu no:
Yeuel ne nʼabusuafo na wɔsan bae.
Yuda abusuakuw no mu mmusua ahansia aduɔkron (960) na wɔsan bae.
 
Wɔn a wofi Benyamin abusuakuw mu a wɔsan bae no ne:
Mesulam babarima Salu, a ɔyɛ Hodawia babarima na ɔno nso yɛ Hasenua babarima;
Yibneia a ɔyɛ Yeroham babarima, Ela a ɔyɛ Usi babarima, Mikri babarima; Mesulam a ɔyɛ Sefatia babarima, Reuel babarima, Yibnia babarima bae.
Saa mmarima yi nyinaa, na wɔyɛ mmusua ntuanofo, na wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn mmusuakuw anato nhoma mu. Benyamin abusuakuw mu mmusua ahankron ne aduonum asia na wɔsan bae.
Asɔfo A Wɔsan Bae
10 Asɔfo a wɔsan bae no bi ne:
Yedaia, Yehoriarib, Yakin,
11 Asaria a ɔyɛ Hilkia babarima a ɔno nso yɛ Mesulam babarima na ɔno nso yɛ Sadok babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima na ɔno nso yɛ Ahitub babarima. Na Asaria yɛ Onyankopɔn fi ahwɛfo so panyin.
12 Asɔfo a wɔsan bae no bi ne Adaia a ɔyɛ Yeroham babarima a na ɔno nso yɛ Pashur babarima na ɔno nso yɛ Malkia babarima ne Masai a ɔyɛ Adiel babarima na ɔno nso yɛ Yahsera babarima na ɔno nso yɛ Mesulam babarima a ɔno nso yɛ Mesilemit babarima na ɔno nso yɛ Imer babarima.
13 Asɔfo a wɔsan bae nyinaa dodow yɛ apem ahanson aduosia. Na wɔyɛ mmusua ntuanofo a wɔyɛ nsiyɛfo. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔsom wɔ Onyankopɔn fi.
 
14 Lewifo a wɔsan bae no yɛ:
Semaia a ɔyɛ Hasub babarima a na ɔyɛ Asrikam babarima a na ɔno nso yɛ Hasabia babarima a na ɔyɛ Merari aseni,
15 Bakbakar, Heres, Galal, Mika babarima Matania a ɔyɛ Sikri babarima na ɔno nso yɛ Asaf babarima,
16 Obadia a ɔyɛ Semaia babarima a ɔyɛ Galal babarima na ɔno nso yɛ Yedutun babarima ne Asa a ɔyɛ Elkana babarima Berekia a wɔtenaa Netofa asase so.
 
17 Apon ano hwɛfo a wɔsan bae no yɛ:
Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn abusuafo. Salum na na ɔyɛ ɔpon ano hwɛfo panyin. 18 Kan no nso, na anka wɔn na wɔhwɛ ɔhene pon a ɛkyerɛ apuei fam no so. Na saa mmarima no som sɛ Lewifo atenae apon ano ahwɛfo.
19 Na Salum yɛ Kore babarima a ɔyɛ Ebiasaf a ofi Kora abusua mu aseni. Na ɔne nʼabusuafo a wɔyɛ Korafo no na na wɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ kronkronbea hɔ no, sɛnea na wɔn mpanyimfo wɛn Ahyiae Ntamadan wɔ Awurade atenae hɔ no.
20 Eleasar babarima Pinehas na kan no na ɔhwɛ apon ano ahwɛfo no so, na Awurade ka ne ho.
21 Akyiri no, Meselemia babarima Sakaria na na ɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu no ano.
22 Ne nyinaa mu, saa bere no, na apon ano ahwɛfo no dodow yɛ ahannu ne dumien (212) a na wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn anato nkrataa mu wɔ wɔn nkuraa.
 
Dawid ne Samuel a na ɔyɛ ɔdehufo no ama wɔn dibea a ɛsom bo. 23 Saa apon ano ahwɛfo yi ne wɔn asefo no, na wɔkyekyɛ wɔn mu kɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ Awurade fi, a kan no na ɛyɛ ntamadan no ano. 24 Wɔde apon ano ahwɛfo no gyinagyinaa afanan no nyinaa a ɛyɛ apuei, atɔe, atifi ne anafo. 25 Bere ano bere ano, na wɔn abusuafo a wɔwɔ nkuraa no bɛboa wɔn wɔ wɔn nnanson nnanson dwumadi mu. 26 Na saa Lewifo apon ano ahwɛfo mpanyimfo baanan no adwuma no yɛ nea ekura asodi kɛse, efisɛ wɔn na na wɔhwɛ adan ne sikakoradan a ɛwɔ Onyankopɔn fi hɔ no so. 27 Wɔwɛn Onyankopɔn fi hɔ anadwo, efisɛ na ɛyɛ wɔn asɛde. Afei, na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara anɔpa wobuebue apon no.
28 Na apon ano ahwɛfo no bi adwuma ne sɛ, wɔhwɛ nneɛma ahorow a wɔde yɛ ɔsom adwuma no so. Sɛ wɔrekɔfa, na wɔresan de akogu hɔ no nyinaa, wɔhwɛ sɛ bi renyera. 29 Afoforo nso hwɛ nneɛma a wɔde asiesie hɔ, nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ, nneɛma a wɔde brɛ wɔn, sɛ ebia, asikresiam a wɔayam no muhumuhu, nsa, ngo, nnuhuam ne kurobow ahorow so. 30 Nanso na asɔfo no na wodi nnuhuam no ne kurobow no ho dwuma. 31 Lewini a wɔfrɛ no Matitia a ɔyɛ Korani Salum abakan no na na ɔto brodo a wɔde bɔ afɔre no. 32 Na nnipa bi a wofi Kohat abusua mu nso na na wɔhwɛ, siesie brodo a wɔde to pon Homeda no.
33 Nnwom ho nimdefo a na wɔn nso yɛ Lewifo atitiriw no nyinaa, na wɔtete Asɔredan no mu. Na wɔmma wɔnnyɛ dwuma foforo biara, esiane wɔn adwuma a wɔyɛ no mmere nyinaa nti.
34 Na saa nnipa yi nyinaa tete Yerusalem. Na wɔyɛ Lewifo mmusua no nyinaa ntuanofo a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ wɔn anato krataa mu.
Ɔhene Saulo Anato
35 Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon.
Na ne yere din de Maaka, 36 a na ne babarima abakan din de Abdon. Na Yeiel mmabarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab, 37 Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot. 38 Miklot na ɔyɛ Simeam agya. Na saa abusuafo yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho wɔ Yerusalem.
39 Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.
40 Yonatan babarima ne:
Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.
41 Mika mmabarima ne:
Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
42 Ahas woo Yara.
Yara woo Alemet, Asmawet ne Simri.
Na Simri woo Mosa. 43 Mosa woo Binea.
Binea woo Refaia.
Refaia woo Elasa.
Elasa woo Asel.
44 Asel woo mmabarima baasia a wɔne:
Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na eyinom yɛ Asel mma.