10
Ɔhene Saulo Wu
Afei, Filistifo no bɛtow hyɛɛ Israel so, maa Israelfo no guanee. Wokunkum wɔn mu pii wɔ bepɔw Gilboa so. Filistifo no kaa Saulo ne ne mmabarima hyɛe. Wokunkum wɔn mu baasa a wɔne Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua. Ɔko no ano yɛɛ den twaa Saulo ho hyiae, maa Filistifo agyantowfo no nyaa Saulo piraa no yiye.
Saulo fi apinisi mu ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Twe wʼafoa, fa wɔ me kum me na Filistifo abosonsomfo yi ammɛto me, angu mʼanim ase.”
Nanso na nʼakodekurafo no suro nti, wanyɛ saa. Enti Saulo twee ɔno ara nʼafoa, de kum ne ho. Bere a nʼakodekurafo no huu sɛ Saulo awu no, ɔno nso de nʼafoa kum ne ho. Ɛno nti, Saulo ne ne mma mmarima baasa no wuwuu hɔ ara, maa nʼahenni nnidiso no baa awiei.
Bere a Israelfo a wɔwɔ Yesreel bon no mu no huu sɛ wɔadi wɔn asraafo no so, na Saulo ne ne mmabarima baasa no awuwu no, woguan gyaa wɔn nkurow hɔ. Ɛno nti, Filistifo no kɔfaa wɔn nkurow no.
Ade kyee a Filistifo no kɔɔ sɛ wɔrekoyiyi atɔfo no ho nneɛma no, wohuu sɛ Saulo ne ne mmabarima no amu gugu bepɔw Gilboa so. Enti woyiyii Saulo akode fii ne ho, twaa ne ti. Afei wɔbɔɔ Saulo wu no ho dawuru maa wɔn ahoni ne nnipa a wɔwɔ Filistia nyinaa tee. 10 Wɔde nʼakode no guu wɔn anyame no abosonnan mu, na wɔkyekyeree ne ti no fam Dagon asɔredan no fasu ho.
11 Nanso Yabes Gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saulo no, 12 wɔn akofo kɔfaa Saulo ne ne mmabarima baasa no amu baa Yabes. Na wosiee wɔn amu wɔ odum dua bi a ɛwɔ Yabes ase, na wodii mmuada nnanson.
13 Na Saulo wui, efisɛ wanni Awurade nokware. Wanni Awurade ahyɛde so, na mpo, ɔkɔɔ asamanfrɛ 14 wɔ bere a anka ɛsɛ sɛ obisa Awurade nkyɛn akwankyerɛ. Ɛno nti, Awurade kum no, de nʼahenni hyɛɛ Yisai babarima Dawid nsa.