4
Ogufo Ho Bɛ
Bere a ogu so rekyerɛkyerɛ no, nnipadɔm san betwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ. Eyi nti ɔkɔtenaa ɔkorow mu toaa ne kyerɛkyerɛ no so. Na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔnam mmebu so kyerɛɛ wɔn nneɛma bebree se: “Muntie! Okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogu so regu aba no, Ogu so regu aba no, aba no bi guu kwankyɛn maa nnomaa bɛsosɔw ne nyinaa dii. Ebi nso koguu ɔbotan a dɔte a ɛwɔ so no nnɔɔso so. Ankyɛ na efifii, nanso esiane sɛ dɔte a ɛwɔ ɔbotan no so no nnɔɔso no nti owia bɔɔ so, na ne nyinaa hyewee. Aba no bi nso guu nsɔe mu maa nsɔe no kyekyeree no nti antumi ansow aba. Aba no bi nso guu asase pa mu maa bi nyin sow mmɔho aduasa, ebi aduosia, na afoforo nso mmɔho ɔha.”
Na Yesu kae se, “Nea ɔwɔ aso no ntie!”
10 Akyiri no a ɛkaa ɔne dumien no ne asuafo afoforo bi no, wobisaa no se, “Asɛm a wokae no ase ne dɛn?” 11 Obuaa wɔn se, “Mo de, wɔada Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso afoforo de, wɔka no abebu mu na ɛkyerɛ wɔn. 12  Esiane saa nti,
“ ‘Wohu na wɔte, nanso wɔrente nea wɔte no ase,
na wɔrennan mma Onyankopɔn nkyɛn,
na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’
13  “Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahorow a merebebu no ase? 14  Okuafo no asɛm no. 15  Aba a eguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a ntɛm ara na ɔbonsam ba wɔn nkyɛn ma wɔn werɛ fi nea wɔate no nyinaa. 16  Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma nnipa a wɔde anigye tie asɛm no. 17  Nanso wɔte sɛ aba a afifi foforo a ne ntin nkɔ fam. Mfiase no wɔkɔ so fɛfɛɛfɛ, nanso sɛ ɛba sɛ asɛm no nti ɔtaa anaa amanehunu bi to wɔn pɛ a na wɔapa abaw. 18  Aba a eguu nsɔe mu no nso gyina hɔ ma nnipa a wɔte asɛmpa no, 19  nanso ɛnkyɛ koraa na wiase yi mu afɛfɛde ne ahonyade ne ɔbra yi mu dadwen, nnaadaa ne nneɛma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn koma mu. Eyi nti asɛm no ntumi nsow aba biara. 20  Nnipa no bi te sɛ aba a wogu wɔ asase pa mu, wɔte asɛm no, wogye, na wɔsow aba— bi mmɔho aduasa, bi nso sow aduosia, na afoforo nso sow ɔha.”
Kanea So Mfaso
21 Afei Yesu bisaa wɔn se, “Moahu obi a ɔsɔ kanea na ɔde hyɛ mpa ase, anaasɛ ɔde ahina butuw so? Mmom mommfa nsi ne dua so ana? 22  Wɔbɛda nea ahintaw biara no adi, na nea wɔakata so biara no wɔde bepue gua. 23  Nea ɔwɔ aso a obetie no, ma ontie!
24  “Momfa asɛm a mote no nyɛ adwuma. Wɔde mo susukuruwa besusuw ama mo, na ama aboro so mpo. 25  Nea ɔwɔ no, wɔbɛma no bi aka ho; nea onni no, kakraa bi a ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam.”
Aba A Ɛrenyin Ho Abebu
26 Ɔkaa bio se, “Sɛnea Onyankopɔn Ahenni no te ni: Okuafo bi gu aba wɔ asase bi so. 27  Awia ne anadwo, sɛ ɔda o, sɛ onyan o, aba no fifi a onnim sɛnea ɛyɛɛ a enyinii. 28  Asase no ankasa bɔ nʼaduan, dua no na edi kan, afei etu mɛpɛsɛe na abɔ ama aba no anyin. 29  Sɛ aba no nyin wie a, okuafo no fa ne dade kotwa, efisɛ otwa bere adu.”
Onyaa Aba Ho Bɛ
30 Ɔsan kae se, “Dɛn ho na yɛde Ɔsoro Ahenni no bɛto, anaa mmebusɛm bɛn na yɛde bɛkyerɛkyerɛ mu? 31  Ɛte sɛ onyaa aba, a ɛyɛ ketewaa wɔ aba a wodua nyinaa mu. 32  Na sɛ wodua a enyin yɛ kɛse sen nnua a aka no nyinaa, eyiyi mman akɛse ma wim nnomaa besisi ne nwini mu.”
33 Mmebu a ɛtete sɛ eyinom na Yesu de kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, sɛnea wobetumi ate ase. 34 Ɔnam mmebu so na ɔkasa kyerɛɛ wɔn a wobetiee no no nyinaa, na sɛ ɛka ɔne nʼasuafo no nko a, ɔkyerɛ wɔn ne nyinaa ase.
Yesu Brɛ Ahum Ase
35 Eduu anwummere no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ.” 36 Ɔkaa saa no, wogyaw nnipadɔm no hɔ na ɔne wɔn kɔe a akorow afoforo di wɔn akyi. 37 Prɛko pɛ, ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so ma ɛyɛɛ sɛ ɛremem. 38 Saa bere no, na Yesu wɔ ɔkorow no to de ne ti ato sumii so ada. Asuafo no de ahopopo ne nteɛteɛ mu konyan no kae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛreyɛ amem yi ɛmfa wo ho?”
39 Ɔsɔre teɛteɛɛ mframa no ka kyerɛɛ po no se, “Yɛ komm!” Mframa no gyaee, na po no yɛɛ komm!
40 Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn na moyɛ ahufo sɛɛ? Moda so nni gyidi ara?”
41 Na wɔn ho dwiriw wɔn yiye, bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn ni a mframa ne po mpo tie no yi?”