3
Yesu Sa Yare Homeda
Yesu baa Kapernaum no, ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Oduu hɔ no, ohuu ɔbarima bi a ne nsa baako awu. Na saa da no yɛ Homeda enti na Yesu atamfo no retetɛw no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yare ana. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yare a wɔbɛkyere no! Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no se ommegyina nnipa no anim.
Ɔdan ne ho kyerɛɛ nʼatamfo no bisaa wɔn se, “Eye sɛ obi yɛ papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ da a wɔde yɛ bɔne? Ɛyɛ da a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no” Nanso wɔammua no.
Ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae. Ɛhaw no sɛ wonni ahummɔbɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Teɛ wo nsa no mu.” Ɔteɛɛ mu na amono mu hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yiye. Farisifo no kohyiaa Herodefo no ne wɔn susuw ɔkwan a wɔbɛfa so akum Yesu no ho.
Dɔm Tu Di Yesu Akyi
Yesu ne nʼasuafo no fii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifi Galilea, Yudea, Yerusalem, Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Efisɛ na nʼanwonwade a ɔyɛ no atrɛw mmaa nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no. Ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔmpɛ ɔkorow bi nsi nkyɛn baabi, na sɛ nnipadɔm no kyere ne so wɔ mpoano hɔ a, watena mu akɔ. 10 Da no, na wasa nyarewa bebree a ne saa nti na ayarefo no ba ara na wɔreba a wɔpɛe sɛ wɔde wɔn nsa ka nʼatade. 11 Bere biara a wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no bi behu no no, wotwa hwe fam, wosow biribiri, ka se, “Woyɛ Onyankopɔn Ba.” 12 Nanso ɔbɔɔ wɔn ano se, wɔnkyerɛ onipa ko a ɔyɛ.
Yesu Paw Asuafo Dumien No
13 Yeau kɔɔ bepɔw so na ɔfrɛɛ wɔn a wayi wɔn no baa ne nkyɛn. 14 Oyii wɔn mu dumien a daa wɔne no bɛnantew, na wɔakɔka asɛmpa no, 15 na wɔatu ahonhommɔne nso.
 
16 Dumien a oyii wɔn no din ni:
 
Simon, a ɔtoo no din foforo Petro.
17 Sebedeo mma Yakobo ne Yohane, a ɔtoo wɔn din Boanerges, a ase ne “aprannaa mma”.
18 Wɔn a wɔka ho nso ni: Andrea,
Filipo,
Bartolomeo,
Mateo,
Toma,
Alfeo ba Yakobo,
Tadeo ne
Simon ɔmanyɛfo,
19 na Yuda Iskariot a oyii no mae no.
 
20 Ɔsan baa ofi a ɔte mu no mu no, nnipakuw bi san baa ne so bio. Ankyɛ koraa na hɔ nyinaa yɛɛ ma a onnya kwan koraa nnidi. 21 Ne fifo tee asɛm a aba no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔfa no akɔ wɔn fi efisɛ wɔkae se, “Ne ti mu ka no.”
Yesu Ka Nyaatwomfo Anim
22 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wofi Yerusalem bae no kae se, “Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panyin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na otu ahonhommɔne no.”
23 Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abebu mu se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan? 24  Ahenni biara a ɛne ne ho di asi no begu. 25  Saa ara na ofi biara a ɛne ne ho di asi no nnyina ara ne no. 26  Na sɛ Satan twa ne ho ne ne ho di asi a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi nkonim? Obedi nkogu. 27  Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi nkɔfa ne nneɛma kwa, agye sɛ, onii no di kan kyekyere ɔhoɔdenfo no, ansa na watumi afa ne nneɛma. 28  Mereka akyerɛ mo se, bɔne a onipa ayɛ biara no, wotumi de kyɛ no, na mpo obi ka abususɛm tia me a, wotumi de kyɛ no; 29  nanso nea ɔka abususɛm tia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da. Ɛyɛ bɔne a ɛrempepa da.”
30 Ɔkaa saa asɛm yi efisɛ na wɔka se, “Ɔwɔ honhommɔne.”
Yesu Na Ne Ne Nuanom
31 Ogu so rekyerɛkyerɛ no, ne na ne ne nuanom begyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi se, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa. 32 Saa bere no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu se, “Wo na ne wo nuanom gyina afikyiri hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.”
33 Yesu bisaa wɔn se, “Hena ne me na? Hefo ne me nuanom?”
34 Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyia kae se, “Eyinom ne me na ne me nuanom! 35  Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabea ne me na.”