15
Usia Di Yudahene
Bere a Yeroboam a ɔto so abien di ade wɔ Israel no, ne mfe aduonu ason so na Amasia babarima Asaria fii ase dii ade wɔ Yuda. Obedii hene no, na wadi mfe dunsia. Na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum abien. Na ne na din de Yekolia a ofi Yerusalem. Na ɔteɛ wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Amasia teɛ no. Wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no.
Awurade maa kwata yɛɛ ɔhene no, kosii da a owui.* Ne saa nti, na ɔno nko te ofi bi mu. Yotam a na ɔyɛ ɔhene no babarima na ɔhwɛɛ ahemfi no so, na odii nnipa a wɔwɔ asase no so no so.
Na Asaria adedi ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Asaria wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Yotam na odii nʼade sɛ ɔhene.
Sakaria Di Israelhene
Yudahene Asaria dii ade no, ne mfe aduasa awotwe mu no na Yeroboam a ɔto so abien babarima Sakaria nso dii ade Israel wɔ Samaria. Odii ade asram asia. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagyanom yɛe no. Wamfi ahonisom a Nebat babarima Yeroboam maa Israelfo som no ho.
10 Na Yabes babarima Salum bɔɔ pɔw de tiaa Sakaria, kum no wɔ bagua mu, dii akongua no. 11 Sakaria dwuma a odii nkae no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 12 Enti, Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ, Yehu se, “Wʼasefo na wɔbɛyɛ Israel ahemfo akosi awo ntoatoaso a ɛto so anan” mu no, baa mu.
Salum Di Israelhene
13 Yabes babarima Salum bedii Israel so hene no, na ɛyɛ Yudahene Usia adedi mfe aduasa akron mu. Salum dii ade wɔ Samaria ɔsram baako pɛ. 14 Afei, Gadi babarima Menahem fii Tirsa kɔɔ Samaria. Ɔkɔtow hyɛɛ Yabes babarima Salum so kum no, na ɔtenaa akongua no so.
15 Salum ahenni ho nsɛm nkae ne pɔw a ɔbɔe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu?
Menahem Di Israelhene
16 Saa bere no mu, Menahem fii Tirsa kɔtoaa Tifsa ne obiara a ɔwɔ hɔ ne ne nkurow nyinaa, efisɛ ɛhɔfo no ampene so sɛ wɔde kurow no bɛma. Okunkum kurow no mu nnipa nyinaa, paapae emu apemfo nyinaa yafunu mu.
17 Gadi babarima Menahem fii ase dii Israelhene bere a na Usia adi ade wɔ Yuda ne mfe aduasa akron so. Odii hene wɔ Samaria mfirihyia du. 18 Nanso Menahem yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Nʼahenni mu nyinaa, wannyae bɔne a ɛyɛ ahonisom no a na Nebat babarima Yeroboam adi Israelfo anim de wɔn asom no.
19 Afei, Asiriahene Pul bedii asase no so. Na Menahem tuaa dwetɛ nkaribo tɔn aduasa ason maa no sɛnea ɔbɛtaa nʼakyi ama nʼahenni no atim. 20 Menahem nam apoobɔ so gyigyee Israel asikafo no mu biara nkyɛn dwetɛ a ɛkari gram ahannum aduoson (570) de maa Asiriahene. Ɛno nti, Asiriahene ankɔtow anhyɛ Israel so, na wantena asase no so nso.
21 Na Menahem adedi ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 22 Bere a Menahem wui no, ne babarima Pekahia na odii nʼade sɛ ɔhene.
Pekahia Di Israelhene
23 Menahem babarima Pekahia fii ase dii Israelhene wɔ Yudahene Usia ahenni ne mfe aduonum so. Odii hene wɔ Samaria mfe abien. 24 Nanso Pekahia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔsom no ho. 25 Na Remalia babarima Peka a na ɔyɛ Pekahia asraafo so sahene no bɔɔ pɔw tiaa no. Ɔfaa mmarima aduonum fii Gilead, kaa ne ho, kokum ɔhene no ne Argob ne Arie wɔ Samaria ahemfi abangua mu. Peka na afei obedii hene wɔ Israel.
26 Pekahia ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Peka Di Israelhene
27 Remalia babarima Peka bedii hene wɔ Israel wɔ bere a na Usia adi hene wɔ Yuda mfe aduonum abien. Odii ade wɔ Samaria mfirihyia aduonu. 28 Nanso Peka yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔsom no ho.
29 Peka ahenni so no, Asiriahene Tiglat-Pileser kɔtoaa Israelfo bio, faa nkurow Iyon ne Abel-Bet-Maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea ne Naftali nsase nyinaa. Na ɔfaa nnipa no nnommum kɔɔ Asiria. 30 Na Ela babarima Hosea bɔɔ pɔw, tiaa Peka na okum no. Ofii ase dii Israel so hene bere a na Usia babarima Yotam nso adi ade mfe aduonu wɔ Yuda. 31 Peka adedi mu nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Yotam Yudahene
32 Usia babarima Yotam dii hene wɔ Yuda bere a na ɔhene Peka adi ade wɔ Israel mfirihyia abien. 33 Odii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii Yerusalem so hene mfe dunsia. Na ne na a ɔyɛ Sadok babea no din de Yerusa. 34 Yotam yɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, sɛnea nʼagya Usia yɛe no ara pɛ. 35 Nanso wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no. Ɔno ne obi a ɔsan sii Awurade Asɔredan no atifi pon.
36 Yotam ahenni ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 37 Saa mmere no mu, Awurade fii ase somaa Aramhene Resin ne Israelhene Peka, sɛ wɔnkɔtow nhyɛ Yuda so. 38 Bere a Yotam wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Ahas bedii nʼade sɛ ɔhene.
* 15:5 Sɛnea 2 Be 26.16-21 kyerɛ no, Onyankopɔn maa kwata yɛɛ ɔhene no, efisɛ na wagye ɔsɔfo no adwuma (hwɛ 3 Mose 13.46). 15:5 Yotam dii ade Asaria nkwanna a aka no mu. 15:19 Pul yɛ Babilonia din a wɔde too Asiriahene Tiglat-Pileser III a odii ade 745–727 ansa na wɔrewo Kristo no (AWK) (hwɛ 1 Be 5.26).