14
Amasia Di Hene Wɔ Yuda
Bere a Yoas babarima Amasia fii ase dii ade wɔ Yuda no, na ɔhene Yehoas adi ade wɔ Israel mfe abien. Amasia dii ade no, na wadi mfe aduonu anum, na odii ade wɔ Yerusalem mfe aduonu akron. Na wɔfrɛ ne na se Yehoadin a ofi Yerusalem. Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Awurade ani so, nanso anto nea nʼagya Dawid yɛe. Ɔhwɛɛ nʼagya Yoas nhwɛso so. Nanso, wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no.
Bere a Amasia tim wɔ nʼahenni mu yiye no, okunkum mmarima a wokum nʼagya a na ɔyɛ ɔhene no. Nanso wɔn a wokunkum wɔn no mma de, wankum wɔn, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara Nhoma no mu no, ne sɛnea Awurade ahyɛ no sɛ: Wonnkunkum agyanom, wɔn mma bɔne nti; na wonnkunkum mma, agyanom bɔne nti. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara wu wɔ ne bɔne ho.
Amasia na okunkum Edomfo mpem du wɔ Nkyene Bon no mu no. Ɔno ara nso na odii Sela* so nkonim, na ɔtoo hɔ din Yokteel, din a wɔde frɛ hɔ de besi nnɛ no.
Da bi, Amasia ka sii Israelhene a ɔyɛ Yehoahas babarima ne Yehu nena anim se, “Behyia me ma yɛnko.”
Na Israelhene Yoas buaa Yudahene Amasia se, “Nsɔe a ɛwɔ Lebanon mmepɔw so somaa abɔfo kɔɔ dutan sida nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, ‘Fa wo babea ma me babarima aware.’ Ɛhɔ ara na aboa bi fi wuram betiatiaa nsɔe no so sɛee no. 10 Nokware, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdi no, na tena wo fi. Adɛn nti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafo nyinaa so yi?”
11 Na Amasia antie nti, Israelhene Yoas boaboaa nʼakofo ano ne no kɔkoe. Asraafo dɔm abien no hyiaa mu koe wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda. 12 Israel asraafo dii Yuda so nkonim, maa Yuda asraafo no bɔ hwetee, guan kɔɔ wɔn kurom. 13 Israelhene Yoas kyeree Yudahene, Yoas babarima Ahasia babarima Amasia wɔ Bet-Semes. Na Yoas bɔɔ nsra kɔɔ Yerusalem. Afei ɔhyɛɛ nʼakofo no ma wodwiriw Yerusalem fasu no, fi Efraim Pon no de kosii Twɔtwɔw so Pon no, a ne tenten bɛyɛ sɛ anammɔn ahansia no. 14 Ɔfaa sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne nnwinne nyinaa fii Awurade asɔredan mu ne ahemfi adekoradan mu hɔ. Ɔfaa nnipa no nnommum, na ɔsan kɔɔ Samaria.
15 Yoas ahenni mu nsɛm nkae ne nea ne tumi kosii ne ako a ɔne Yudahene Amasia dii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 16 Bere a Yoas wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yeroboam a ɔto so abien na odii nʼade sɛ ɔhene.
17 Israelhene Yoas, Yehoahas babarima wu akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfe dunum. 18 Amasia ahenni mu nsɛm nkae no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 19 Wɔpam Amasia ti so wɔ Yerusalem nti, oguan kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfo no somaa awudifo, ma wotiw no, kokum no wɔ hɔ. 20 Wɔsan de no too ɔpɔnkɔ so, baa Yerusalem, na wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurom.
21 Yudafo sii Amasia babarima Asaria a na wadi mfe dunsia no hene. 22 Nʼagya wu akyi no, Asaria san kyekyeree Elat kurow, dan maa Yuda.
Yeroboam A Ɔto So Abien Di Israelhene
23 Yudahene Yoas babarima Amasia adedi mfe dunum mu no, Israelhene Yoas babarima Yeroboam a ɔto so abien bedii hene wɔ Israel. Odii ade wɔ Samaria mfirihyia aduanan baako. 24 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Na wantwe ne ho amfi abosonsom a Nebat babarima Yeroboam maa Israelfo kɔɔ mu no ho. 25 Yeroboam a ɔto so abien gyigyee Israel nsase a ɛda Lebo Hamat ne Nkyene Po no ntam no sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn nam Amitai babarima Yona, odiyifo a ofi Gat-Hefer so, hyɛɛ ho bɔ no.
26  Awurade huu sɛnea obiara a ɔwɔ Israel no reteetee, na wonni obiara a ɔbɛboa wɔn nso. 27 Esiane sɛ Awurade nkaa se ɔbɛpepa Israel din koraa no nti, ɔnam Yoas babarima Yeroboam nso so gyee wɔn nkwa.
28 Yeroboam a ɔto so abien ahenni mu nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, nea ne tumi ano kosii, nʼakodi ne nsase a ogyigye maa Israel a Damasko ne Hamat a na ɛwɔ Yuda nsam no nyinaa ka ho no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 29 Bere a Yeroboam wui no, wosiee no ne mpanyimfo a na wɔyɛ Israel ahemfo no nkyɛn. Na ne babarima Sakaria na odii nʼade sɛ ɔhene.
* 14:7 Sela Griik din ne Petra—Idumea kuropɔn.