33
Mose Hyira Mmusuakuw No
Eyi ne nhyira a Onyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfo no ansa na ɔrewu:
Ose, “Awurade fi Sinai bae
ofi Seir baa wɔn so;
ɔhran fi Paran bepɔw so.
Ɔde akronkronfo pii bae
fi anafo fam ne mmepɔw nsian so.
Nokware ni, wo na wodɔ nnipa no,
akronkronfo nyinaa wɔ wo nsam.
Wɔn nyinaa kotow wo nan ase,
na wonya nkyerɛkyerɛ fi wo hɔ,
mmara a Mose de maa yɛn no;
Yakob nkurɔfo agyapade.
Ɔyɛɛ ɔhene wɔ Yeshurun
bere a nnipa no ntuanofo hyiae,
wɔne Israel mmusuakuw no.
 
“Ma Ruben nya nkwa na onwu,
na mma ne nkurɔfo so nhuan.”
Na ɔkaa eyi faa Yuda ho:
“Tie, Awurade, tie Yuda sufrɛ;
fa no brɛ ne nkurɔfo.
Ɔde nʼankasa nsa bɔ ne ho ban.
Ao, yɛ ne boafo tia nʼatamfo!”
Asɛm a ɔka faa Lewi abusuakuw ho:
Awurade, wode ade kronkron
ama wʼasomfo nokwafo Lewifo.
Wosɔɔ wɔn hwɛe wɔ Masa
wɔne wɔn koe wɔ Meriba asu ho.
Lewifo tiee wʼasɛm
bɔɔ wʼapam no ho ban.
Wodii wo nokware
sen sɛnea wodii wɔn awofo,
abusuafo ne wɔn mma nokware.
10 Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no.
Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfo.
Wɔde aduhuam bɛba wʼanim
Abɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka so.
11 Hyira Lewifo, Ao Awurade
na ma wɔn nsa ano nnwuma nsɔ wʼani.
Bubu wɔn atamfo;
bɔ wɔn atamfo hwe fam a wɔnsɔre bio.”
12 Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuw ho:
“Ma Awurade dɔ nnye ntin wɔ Benyamin nkurɔfo mu,
efisɛ ɔbɔ wɔn ho ban daa nyinaa,
na nea Awurade dɔ no no nhome wɔ ne nwini ase daa.”
13 Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuw ho:
Awurade mfa ne sorosoro bosu a ɛsom bo
ne bun mu nsu a efi asase ase no,
nhyira wɔn nsase.
14 Ɔmfa ne nnepa efi owia mu ba
ne adonne a ebetumi apue afi ɔsram so;
15 ne nnɔbae pa a efi tete mmepɔw mu
ne nea abu so wɔ nkoko a etim hɔ daa mu
16 ne akyɛde a ɛso nni a efi asase ne ne mayɛ mu,
ne adom a efi nea na ɔte nwura a ɛhyew mu no.
Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef ti so,
nea ɔyɛ ne nuanom mu ɔheneba no anintɔn mu.
17 Yosef sɛ nantwinini a ɔyɛ abakan wɔ ahenni mu.
Ne ahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn.
Ɔde bɛwowɔ aman no,
wɔn a wɔwɔ asase ano no mpo.
Eyinom ne Efraim mpem du du no;
eyinom ne Manase mpempem no.”
18 Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuw ho:
“Sebulon asefo, munni anigye wɔ mo adifi mu.
Isakar asefo, munni anigye wɔ mo ntamadan mu.
19 Wɔbɛfrɛ nnipa ahorow akɔ bepɔw no so
kɔbɔ trenee afɔre wɔ hɔ;
wobefi po mu adenya mmoroso mu ato pon
afi ademude a ahintaw wɔ nwea mu.”
20 Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuw ho:
“Nhyira nka obi a ɔtrɛw Gad mantam mu!
Gad te hɔ sɛ gyata
a ɔretetew abasa anaa eti.
21 Gad nkurɔfo paw asase pa no maa wɔn ho;
ɔkannifo kyɛfa na wɔde maa wɔn.
Bere a nkurɔfo no mpanyimfo hyiae no,
wɔyɛɛ Awurade atɛntrenee apɛde no,
ne nʼatemmu a ɛfa Israelfo ho no.”
22 Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuw ho:
“Dan yɛ gyata ba a,
ɔrepue afi Basan.”
23 Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuw ho:
“Naftali wɔ adom bebree
na Awurade nhyira ayɛ wo ma;
ɔtare no anafo fam bɛyɛ wo kyɛfa.”
24 Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuw ho:
“Mma no mu nea wɔahyira no koraa ne Aser;
wɔmma ne nuanom mpɛ nʼasɛm,
na ɔmfa ngo nguare nʼanan ase.
25 Wʼapon ho nkyerewa nyɛ dade ne kɔbere mfrafrae;
wʼahoɔden ne wo nkwanna bɛsae so.
 
26 “Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Nyankopɔn;
a ɔnam ɔsorosoro ne nʼahenni mu mununkum
so ba bɛboa wo.
27 Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo guankɔbea;
nea ɛwɔ ase no ne abasa a ɛwɔ hɔ daa no.
Ɔbɛpam wʼatamfo afi wʼanim;
ɔbɛka se, ‘Sɛe wɔn!’
28 Enti, Israel bɛtena ase dwoodwoo;
Yakob benya bammɔ
wɔ asase a atoko ne nsa foforo wɔ so,
faako a ɔsoro bosu gugu.
29 Nhyira nka mo, Israel!
Hena na ɔte sɛ mo,
nnipa a Awurade agye mo nkwa.
Ɔyɛ mo nkatabo ne boafo
ne mo anuonyam afoa!
Mo atamfo bɛkotow mo anim,
na moatiatia wɔn sorɔnsorɔmmea.”