32
Monyɛ aso, mo ɔsoro na mɛkasa;
tie, wo asase, nsɛm a efi mʼanom.
Ma me nkyerɛkyerɛ ntɔ sɛ osu;
na me nsɛm nsian sɛ obosu,
sɛ osu a ɛpete gu sare foforo so,
sɛ osu mmoroso wɔ afifide foforo so.
 
Mɛbɔ Awurade din.
O, monkamfo yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ!
Ɔne Ɔbotan no, ne nnwuma so nni,
na nʼakwan nyinaa ye.
Onyankopɔn nokwafo a ɔnyɛ mfomso,
Ɔtreneeni ne ɔnokwafo ne no.
 
Porɔwee adidi wɔn mu na wɔnyɛ ne mma;
wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo aniwufo.
Saa ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so tua Awurade ka ni ana,
mo nkwaseafo ne adwenharefo?
Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfo no?
Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinaso?
 
Monkae tete nna;
munnwen tete awo ntoatoaso no ho.
Mummisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo.
Mummisa mo mpanyimfo na wɔbɛkyerɛ mo ase.
Bere a Ɔsorosoroni no maa amanaman no agyapade,
na ɔkyekyɛɛ adesamma nyinaa mu no,
ɔtotoo ahye maa nnipa no
sɛnea Israelmma no dodow te.
Efisɛ Israelfo yɛ Awurade kyɛfa;
Yakob yɛ nʼagyapade wɔde maa no.
 
10 Ohuu no wɔ sare asase so,
asase kesee a hwee nni so so.
Ɔde no sie hwɛɛ ne so;
ɔbɔɔ ne ho ban sɛ nʼaniwa kurutiayisi,
11 sɛ ɔkɔre a ɔhwanyan ne berebuw mu
na ɔbɔ mfamfia fa ne mma ho,
na ɔtrɛw ne ntaban mu buma no,
soaa no kɔɔ no.
12 Awurade nkutoo na ɔkyerɛɛ no kwan;
na ananafo nyame biara nka ne ho.
 
13 Ɔma no nantew faa asase no nkoko so;
na ɔde mfuw so nnuaba bɔɔ no akɔnhama;
Ɔde ɔbotan mu wo
ne ngo a efi abohemaa mu,
14 nyɛmmoa mu nufusu ne srade,
nguamma ne mmirekyi a wɔadɔ srade,
Basan adwennini a wɔpaw
ne atoko muhumuhu siesiee no.
Monom nsa papa a efi bobe mu.
 
15 Yeshurun dɔɔ srade na onyaa ahoɔden;
aduan ma wɔyɛɛ duru, yɛɛ pemee.
Wɔtoo Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no asaworam;
wɔpoo wɔn Nkwagye Botan no.
16 Wɔma ɔtwee ninkunu wɔ wɔn ananafo anyame no ho
na wɔde wɔn abosom a okyi no hyɛɛ no abufuw.
17 Wɔbɔɔ afɔre maa atoro anyame a wɔnyɛ Onyankopɔn,
anyame a na wonnim wɔn,
anyame a wɔbaa nnansa yi ara,
anyame a na mo agyanom nsuro wɔn.
18 Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no.
Mo werɛ fii Onyankopɔn a ɔwoo mo no.
 
19  Awurade huu eyi na ɔpoo wɔn
efisɛ ne mmabarima ne ne mmabea hyɛɛ no abufuw.
20 Ɔkae se, “Mede mʼanim behintaw wɔn
na wɔahu sɛnea wɔn awiei bɛyɛ
Efisɛ, wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo;
mma a wonni nokware.
21 Wɔde nea ɛnyɛ Onyame ahyɛ me ninkutwe
na wɔde wɔn ahoni ahuhuw no ahyɛ me abufuw.
Mɛma wɔn ani abere nnipa a wɔnyɛ me nkurɔfo.
Mɛma ɔman a wonni ntease no ahyɛ wɔn abufuw.
22 Efisɛ mʼabufuwhyew befita ogya mu,
nea ɛhyew kɔka awufo a wɔwɔ asase ase no.
Ɛbɛsɛe asase ne so nnɔbae
na ɛpaapae mmepɔw fapem.
 
23 “Mɛhɔre amanehunu ahorow no siw wɔ wɔn so
na matow me bɛmma awowɔ wɔn.
24 Mede ɔkɔm kɛse,
atiridiinini ne owuyare a ɛsɛe ade;
mɛsoma nkekammoa se aba wɔn so;
nhurutoa a wɔtow si wɔ mfutuma mu no ano bɔre.
25 Afoa bɛma wɔahwere wɔn mma wɔ abɔnten so;
wɔn afi mu, ehu bɛtɔ wɔn so.
Mmerante ne mmabaa,
mmofra ne nkwakoraa ase bɛhyew.
26 Mekae se mɛbɔ wɔn ahwete
na mapepa wɔn din afi nnipa adwene mu.
27 Nanso misuroo ɔtamfo fɛwdi,
anyɛ a na ɔtamfo ante ase aka se,
‘Yɛn nsa adi nkonim;
Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛɛ eyinom nyinaa.’ ”
 
28 Israel yɛ ɔman a wonni adwene.
Obi nni wɔn mu a ɔwɔ nhumu.
29 Sɛ anka wɔyɛ anyansafo na wɔbɛte eyi ase,
na wɔahu nea wɔn awiei bɛyɛ ɛ!
30 Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem,
na baanu bɛma mpem du aguan,
gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn
gye sɛ Awurade ayi wɔn ama.
31 Efisɛ wɔn botan nte sɛ yɛn Botan,
sɛnea yɛn atamfo mpo gye to mu no.
32 Wɔn bobe fi Sodom bobe mu
na efi Gomora mfuw mu.
Awuduru ahyɛ wɔn bobe aba mma,
na bɔnwoma ahyɛ wɔn kasiaw amaama.
33 Wɔn bobesa yɛ awɔ ano bɔre;
aprammiri ano bɔrewerɛmfo.
 
34 “So menkoraa eyi mmoroso,
na mensɔw ano wɔ mʼademude mu ana
35 Mɛtɔ were; metua so ka.
Wɔn nan bɛwatiri bere a ɛsɛ mu;
wɔn atoyerɛnkyɛm no abɛn
na wɔn sɛe taa wɔn.”
 
36  Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn
na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho,
bere a wahu sɛ wɔn ahoɔden asa,
na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehye.
37 Obebisa se, “Afei wɔn anyame no wɔ he,
ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn guankɔbea,
38 anyame a wodii wɔn afɔrebɔde mu srade
na wɔnom wɔn ɔnom afɔrebɔ mu nsa no?
Ma wɔnsɔre mmɛboa mo!
Ma womegye mo!
 
39 “Afei, munhu sɛ, me ara me ne no!
Onyame biara nni hɔ sɛ me!
Me na mikum na mema nkwa:
Me na mipira, na mɛkyekye,
na obi rentumi nnye mfi me nsam.
40 Mema me nsa so kyerɛ ɔsoro de nidi sua sɛ:
Sɛ mete ase daa yi,
41 sɛ mesew me afoa a ɛpa yerɛwyerɛw no
na mifi atemmu mu so mu kuaw a,
mɛtɔ mʼatamfo so were
na matua wɔn a wokyi me ka.
42 Mɛma me bɛmma anom mogya abow,
na mʼafoa adi ɔhonam,
atɔfo ne nnommumfo mogya,
atamfo ntuanofo no ti.”
 
43 Mo aman, mo ne ne nkurɔfo nni ahurusi,
efisɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were;
ɔbɛtɔ were wɔ nʼatamfo so
na wapata ama nʼasase ne ne nkurɔfo.
44 Mose ne Nun babarima Hosea ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no. 45 Mose woroo saa dwom no mu nsɛm no kyerɛɛ Israelfo no wiee no, 46 ɔka kaa ho se, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo koma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso, sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi saa mmara yi mu nsɛm nyinaa so pɛpɛɛpɛ. 47 Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi a wɔde rema mo kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ mudi so a, mubenyin akyɛ wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔfa no so.”
Mose Wu
48 Da no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 49 “Kɔ Moab, kɔ mmepɔw a ɛwɔ asu no apuei no so, na foro Nebo bepɔw a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfo sɛ wɔn agyapade no. 50 Bepɔw a woaforo no so hɔ na wobɛkɔ akɔka wʼagyanom ho, sɛnea wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔw so kɔkaa nʼagyanom ho no. 51 Efisɛ mo baanu dii me huammɔ wɔ Israelfo mu wɔ Meriba ne Kades asu ho wɔ Sin sare so. Moanni me kronkronyɛ ho adanse ankyerɛ Israelfo no wɔ hɔ. 52 Ɛno nti, mubehu asase no afi akyiri, nanso morenkɔ asase a mede rema Israelfo no so.”