15
Aka Mu Twa
Muntwa mo aka mu mfe ason awiei biara. Ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so ni: Ɛsɛ sɛ obiara a wabɔ ne yɔnko Israelni bosea no, de kyɛ no. Ɛnsɛ sɛ ɔdan ne yɔnko no anaa ne busuani ka, efisɛ wɔapae mu aka Awurade bere a wɔde ka kyɛ no. Saa ka a wotwa mu yi ka mo yɔnkonom Israelfo no nko ara. Ahɔho a wɔte mo mu no de, sɛ mopɛ a mobɛma wɔn atua. Mmom, ɛnsɛ sɛ ahiafo ba mo mu efisɛ, Awurade, mo Nyankopɔn no behyira mo wɔ asase a ɔde rema mo sɛ mo agyapade no so, sɛ motɔ mo bo ase di Awurade, mo Nyankopɔn no, mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so a. Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo sɛnea wahyɛ mo bɔ no. Mobɛbɔ aman bebree bosea, nanso moremmɔ obiara hɔ bosea da. Mubedi aman bebree so, nanso obiara renni mo so da.
Sɛ mudu nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so na sɛ ehia mo yɔnkonom Israelfo no bi a, mummpirim mo koma anaa mommma mo nsam nyɛ den wɔ wɔn so. Mmom, mungow mo nsam na momfɛm wɔn nea ehia wɔn biara. Monhwɛ na moannya saa adwemmɔne yi wɔ mo tirim sɛ: “Afe a ɛto so ason, afe a wotwa aka mu no, abɛn,” na moannyina so ammɔ mo mfɛfo Israelfo a ahia wɔn no atirimɔden a moremma wɔn hwee. Ɛba saa a, wobesu afrɛ Awurade de atia mo, na ɛbɛma wɔabu mo bɔne ho fɔ. 10 Mumfi koma pa mu mma na Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ mo nnwuma nyinaa ne biribiara a mode mo nsa bɛka no mu. 11 Bere biara, mubehu ahiafo wɔ asase no so. Ɛno nti merehyɛ mo sɛ, biribiara a mowɔ no, mumfi ɔpɛ pa mu mma mo mfɛfo Israelfo a ahia wɔn wɔ asase no so no.
Asomfo Ahofadi
12 Sɛ wo nua Hebrini, sɛ ɔyɛ barima anaa ɔbea, tɔn ne ho ma wo na ɔsom wo mfirihyia asia a, ɛsɛ sɛ wugyaa no ma ɔde ne ho afe a ɛto so ason no. 13 Na sɛ woregya no kwan a, mma no nkɔ nsapan. 14 Fa nsa a emu gow so ma no wo nguan no bi, wʼawiporowbea mu ade ne wo nsakyi amoa mu ade bi. Hwɛ sɛnea Awurade, wo Nyankopɔn no, asi ahyira wo no so na ma no. 15 Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Nyankopɔn, yii mo fii hɔ. Ɛno nti na mede saa mmara yi rema mo nnɛ yi.
16 Na sɛ ɛba sɛ wʼakoa ka kyerɛ wo se, “Merennyaw wo hɔ nkɔ,” efisɛ ɔpɛ wo ne wʼabusuafo asɛm na ne ho tɔ no wɔ wo nkyɛn a, 17 ɛno de, fa fitii bɔre nʼaso mu na ɔnyɛ wʼakoa daa. Wo mfenaa nso, yɛ wɔn saa ara.
18 Momma no nyɛ wo den sɛ mubegyaa mo asomfo no ama wɔafa wɔn ho akodi. Monkae sɛ, mfe asia a wɔasom mo no sɛ wokɔfaa apaafo sɛ wɔnsom mo a, anka mubetua apaafo no sika mmɔho abien na Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ biribiara a moyɛ ho.
Mmoa Mmakan
19 Munyi mo anantwi ne mo nguan mmakan anini no nsi hɔ mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Mo anantwi mmakan no, mommfa wɔn nkɔ mo mfuw mu nkɔyɛ adwuma, na munntwitwa mo nguan mmakan ho nwi nso. 20 Mmom, mo ne mo abusuafo na afe biara monwe saa mmoa yi wɔ baabi a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw ama mo no wɔ nʼanim. 21 Na sɛ ɛba sɛ abakan no bi adi dɛm, sɛ ebia, ɔtɔ apakye anaa nʼani afura anaa wadi dɛm foforo bi a, mommfa no mmɔ afɔre mma Awurade, mo Nyankopɔn no. 22 Mmom, momfa no nyɛ aduan mma abusuafo wɔ fie. Sɛ obi ho tew o, sɛ ne ho ntew o, otumi di bi sɛnea obiara tumi we ɔtwe anaa ɔdabɔ nam no. 23 Nanso ɛnsɛ sɛ mudi mogya no. Munhwie ngu fam te sɛ nsu.