14
Nnuan A Ɛho Tew Ne Nea Ɛho Ntew
Moyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, mma. Ɛno nti monnsesa mo ho anaa monntworɔtworɔw mo moma so mma awufo, efisɛ, moyɛ nnipa kronkron ma Awurade, mo Nyankopɔn no. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na Awurade ayi mo sɛ nʼagyapade a ɛsom bo.
Munnni akyiwade biara. Eyinom ne mmoa a ɛsɛ sɛ mowe: nantwi, oguan, abirekyi ɔforote, adowa, ɔwansan, ewi, ɔtwe, ne ɛko. Na munni tɔteboa biara a ne tɔte mu apae abien na opuw wosaw. Nanso ntɔteboa a wopuw wosaw anaa wɔn tɔte mu apae abien no mu no, monnwe yoma, adanko ne atwaboa, efisɛ, wopuw wosaw de, nanso wɔn tɔte mu mpae; wɔn ho ntew mma mo. Prako nso ho ntew. Ɛwɔ mu sɛ ne tɔte mu apae de, nanso ompuw nwosaw. Ɛnsɛ sɛ mowe ne nam anaa mode mo nsa so ne funu mu koraa.
Nsumnam a wɔwɔ ntɛtɛ ne abon nyinaa mutumi we. 10 Nanso nsumnam a wonni ntɛtɛ ne abon de, monnwe. Wɔn ho ntew mma mo.
11 Anomaa biara a ne ho tew no, monwe. 12 Nnomaa a ɛnsɛ sɛ mowe ni: ɔkɔre, opete, asu so kɔre, 13 ɔkompete, nkorɔma ahorow nyinaa 14 kwaakwaadabi ahorow nyinaa, 15 sohori, anadwo akoroma, ɛpo so asomfena ne akoroma ahorow nyinaa, 16 patu, ɔpatukɛse, bakanoma 17 nantwinoma, opete ne ɛpo so kwaakwaadabi, 18 ne asukɔnkɔn ahorow nyinaa, asuɔkwaa ne ampan.
19 Ntummoa a wɔwea nyinaa ho ntew mma mo; monnwe. 20 Nanso aboa a ɔwɔ ntaban a ne ho tew biara no motumi we.
21 Monnwe aboa biara a mubehu sɛ wawu. Momfa mma ɔhɔho a ɔne mo te, anaasɛ montɔn ma ɔnanani. Na mo ankasa de, monnwe, efisɛ wɔayi mo asi nkyɛn sɛ ɔman kronkron ama Awurade, mo Nyankopɔn no.
Monnnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu.
Ntotoso Du Du Ho Mmara
22 Afe biara monhwɛ na munyi mo mfuw mu nnɔbae nkyɛmu du mu baako. 23 Munni mo atoko, nsa, ne ngo, ne mo anantwi ne nguan abakan wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛpaw sɛ ɛyɛ atenae wɔ ne din mu na ama moasua sɛnea wosi di Awurade, mo Nyankopɔn no ni daa. 24 Sɛ beae a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛkyerɛ mo sɛ monkamfo ne din no ne nea mote no ntam kwan ware a, 25 ɛno de, momfa mo ntotoso du du no nsesa dwetɛ na momfa dwetɛ no nkɔ beae a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no. 26 Sɛ mudu hɔ a, momfa sika no ntɔ biribiara a mo kɔn dɔ, sɛ ebia, nantwi, oguan, bobesa, anaa nsa biara a ɛyɛ den ne ade biara a mo kra pɛ na mo ne mo fifo nni wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim na mo ani nnye. 27 Na mummu mo ani ngu Lewifo a wɔfra mo mu no so, efisɛ wonni wɔn ankasa wɔn agyapade biara.
28 Mfe abiɛsa biara awiei no, momfa mo nnɔbae so ntotoso du du no mmra mmɛkora wɔ mo nkurow mu, 29 sɛnea ɛbɛyɛ a Lewifo a wonni agyapade mu kyɛfa wɔ mo mu no ne ananafo a wɔwɔ mo nkurow so ne nyisaa ne akunafo a wɔwɔ mo nkurow so no betumi adidi amee; na ama Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa so.