9
Dawid Yɛ Mefiboset Adɔe
Da bi, Dawid pɛɛ sɛ obehu sɛ obi aka wɔ Saulo fi ana. Efisɛ na wahyɛ Yonatan bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔn adɔe.
Ɔfrɛɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Siba a na anka ɔfra Saulo asomfo mu. Na ɔhene bisaa no se, “Wo na wɔfrɛ wo Siba no ana?”
Obuaa no se, “Yiw, me ne Siba no.”
Ɔhene no bisaa no se, “Obi aka wɔ Saulo fi ana? Sɛ ɛte saa a mepɛ sɛ mɛyɛ wɔn adɔe a efi Onyankopɔn wɔ ɔkwan biara a metumi so.”
Siba buaa ɔhene se, “Yonatan babarima obubuafo bi da so wɔ hɔ.”
Ɔhene bisae se, “Ɔwɔ he?”
Siba buae se, “Ɔwɔ Amiel babarima Makir fi wɔ Lo-debar.”
Na ɔhene Dawid ma wɔkɔfaa no fii Amiel babarima Makir fi wɔ Lo-debar, de no brɛɛ no.
Ne din de Mefiboset, a ɔyɛ Yonatan babarima ne Saulo nena. Ɔbaa Dawid anim no, ɔde ahopopo kotow no, kae se, “Meyɛ wo somfo.”
Dawid ka kyerɛɛ no se, “Nsuro, na nea ɛbɛyɛ biara no, esiane wʼagya Yonatan nti, mɛyɛ wo adɔe. Nsase a na ɛyɛ wo nena Saulo agyapade no nyinaa, mɛsan de ama wo, na woadidi me didipon so daa daa.”
Mefiboset bɔɔ ne mu ase kae se, “Hena ne me, ɔkraman funu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ me saa adɔe yi?”
Ɔhene frɛɛ ne somfo Siba, ka kyerɛɛ no se, “Mede biribiara a na ɛyɛ Saulo ne ne fifo agyapade no nyinaa ama wo wura Saulo nenabarima no. 10 Wo ne wo mmabarima ne mo asomfo na mobɛdɔw asase no, ayɛ so mfuw ama no, na wanya aduan ama ne fifo. Na Mefiboset de, ɔne me bɛtena mʼahemfi ha.”
Na Siba a na ɔwɔ mmabarima dunum ne asomfo aduonu no buae se, 11 “Me wura pa, asɛm a woaka akyerɛ me no nyinaa, medi so.” Na efi saa bere no, Mefiboset ne Dawid didii daa te sɛnea ɔyɛ nʼasen mu ba.
12 Na Mefiboset wɔ ɔba abarimaa bi a ne din de Mika. Na efi saa bere no, Siba fifo nyinaa bɛyɛɛ Mefiboset asomfo. 13 Na Mefiboset a ɔyɛ obubuafo no tu kɔɔ Yerusalem kɔtenaa ahemfi hɔ.