8
Dawid Akodi Mu Nkonimdi
Akyiri no, Dawid dii Filistifo no so, brɛɛ wɔn ase. Ɔko gyee Gat a ɛyɛ wɔn kuropɔn kɛse no.
Dawid san dii Moabfo* so. Ɔmaa nnipa no dedaa fam, na ɔde hama susuw wɔn. Osusuw hama no abien a, na wakyerɛ sɛ wonkum saa nnipa no. Ɛnna osusuw hama no baako a, na wakyerɛ sɛ wonnyaa saa nkurɔfo no. Enti Moabfo a wonyaa wɔn ti didii mu no bɛyɛɛ Dawid asomfo a na afe biara woyi tow brɛ no.
Dawid sɛe Rehob babarima Hadadeser a na odi hene wɔ Soba no akofo, bere a Hadadeser kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho, pɛe sɛ ɔkɔhyɛ ne nniso mu den no. Dawid kyeree ne nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafo mpem ason ne asraafo a wɔnam mpem aduonu. Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntin, na ogyaw mu ɔha pɛ.
Bere a Aramfo a wofi Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kum wɔn mu mpem aduonu. Na ɔde asraafo a wɔyɛ bansifo kɔtenaa Damasko, maa Aramfo bɛyɛɛ Dawid nkurɔfo a na woyi tow brɛ no. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.
Dawid de Hadadeser asraafo mpanyimfo sikakɔkɔɔ nkatabo no baa Yerusalem. Ɔde Beta ne Berotai a na ɛyɛ Hadadeser nkurow no mu kɔbere bebree kaa ne ho kɔe.
Bere a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser asraafo no ase pasaa no, 10 ɔsomaa ne babarima Yoram kɔɔ Dawid nkyɛn, kokyiaa no maa no mo. Na Hadadeser ne Toi yɛ atamfo fi teteete a wɔako atia wɔn ho wɔn ho mpɛn pii. Yoram kɔkyɛɛ Dawid nneɛma bebree a ɛyɛ, dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne kɔbere mfrafrae.
11 Ɔhene Dawid too akyɛde no nyinaa din de maa Awurade a, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a onya fii aman bi a odii wɔn so no nyinaa ka ho. 12 Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia, Amalek ne nea efi Sobahene Rehob babarima Hadadeser nkyɛn nso.
13 Eyi maa Dawid gyee din. Ɔsan nʼakyi kɔe no, okunkum Edomfo mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bon mu. 14 Ɔde asraafo bansifo tuatuaa Edom nyinaa ano. Na Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Eyi yɛ nhwɛso foforo a ɛkyerɛɛ nkonim a Awurade maa Dawid dii wɔ baabiara a ɔkɔe no.
15 Dawid dii Israel nyinaa so hene, a wanhyɛ obiara so na wansisi obiara nso. 16 Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛmkyerɛwni. 17 Sadok a na ɔyɛ Ahitub babarima ne Abiatar babarima Ahimelek na na wɔyɛ asɔfo. Na Seraia yɛ asennii kyerɛwfo. 18 Yehoiada babarima Benaia na na odi Keretifo ne Peletifo so, na Dawid mmabarima tua asɔfodɔm ano.
* 8:2 Na Moabfo no yɛ Lot asefo (1 Mose 19.37) a wɔtenaa Nkyene Po no apuei fam. Saa bere no na Saulo adi wɔn so dedaw (1 Sam 14.47). Bere a Dawid wɔ asutwa mu no, ɔmaa nʼabusuafo kɔtenaa Moab (1 Sam 22.3-4). Dawid agyanom fi Moab (Rut 1.22; 4.22). 8:17 Sadok yɛ Eliesar aseni. Odii Dawid nokware na akyiri no, ɔsraa Salomo ngo sɛ onni Dawid ade sɛ ɔhene. 8:18 Na Keretifo ne Peletifo yɛ ahɔho asraafo a wɔbɔ wɔn paa ma wɔko. Keretifo no ase fi Krete na Peletifo no nso ase fi Filisti. Wɔtaa bɔ saa akuw abien yi din sɛ awɛmfo a wɔwɛn adehye.