22
Dawid Ayeyi Dwom
Bere a Awurade gyee Dawid fii nʼatamfo nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade ayɛ.
Nsɛm a ɛwɔ dwom no mu ni:
Awurade yɛ me botan, mʼaban ne mʼagyenkwa;
me Nyankopɔn yɛ me botan; ne mu na minya guankɔbea.
Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagye mu ahoɔden,
mʼabandennen, mʼagyenkwa, nea ogye me fi basabasayɛ mu.
 
“Misu frɛ Awurade; ɔno na ayeyi sɛ no,
efisɛ ogye me fi mʼatamfo nsam.
Owu asorɔkye twaa me ho hyiae;
ɔsɛe yiri faa me so.
Ɔda mu hama kyekyeree me;
mihyiaa owu mfiri.
 
“Na mʼamanehunu mu no, misu frɛɛ Awurade.
Yiw, mefrɛɛ me Nyankopɔn pɛɛ mmoa.
Ɔtee me nne fii ne kronkronbea.
Me sufrɛ duu nʼasom.
Na asase wosowee na ehinhimii;
ɔsoro fapem wosowee;
wɔwosowee, nʼabufuw nti.
Wusiw fii ne hwene mu;
ogyaframa fii nʼanom;
na nnyansramma dɛw fii mu.
10 Ofii ɔsoro baa fam;
na omununkum kabii duruu nʼanan ase.
11 Ɔte kerubim so tui;
gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.
12 Ɔde sum kataa ne ho hyiae,
ɔde osu mununkum dii nʼanim kan.
13 Hann kɛse hyerɛn wɔ nʼanim,
na anyinam pa fii mu.
14  Awurade bobɔɔ mu fi ɔsoro;
Ɔsorosoroni no teɛɛ mu dennen.
15 Ɔtow nʼagyan maa nʼatamfo hwetee;
anyinam twa ma wɔyɛɛ basaa.
16  Awurade kasae,
na wiase nnyinaso no nyinaa daa hɔ.
Wotumi huu ɛpo ase,
na asase fapem ho daa hɔ.
 
17 “Ofi ɔsoro baa fam besoo me mu;
ɔtwee me fii asu a emu dɔ mu.
18 Ogyee me fii mʼatamfo a wɔyɛ den nsam,
atamfo a wokyi me na wɔn ho yɛ den pa ara sen me.
19 Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da,
nanso Awurade pagyaw me.
20 Ɔde me baa baabi a bammɔ wɔ;
ogyee me, efisɛ nʼani kum me ho.
 
21 Awurade atua me papayɛ so ka;
me bem a midi no, wahyɛ me anan mu.
22 Efisɛ manantew Awurade akwan so;
mentwee me ho mfii me Nyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.
23 Ne mmara nyinaa gu mʼanim;
mentwee me ho mfii ne nhyehyɛe ho.
24 Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim;
matwe me ho afi bɔne ho.
25  Awurade tuaa me papayɛ so ka,
efisɛ minni fɔ wɔ nʼanim.
 
26 “Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafo kyerɛ wɔn a wodi nokware,
wɔn a wodi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu.
27 Wuyi wo kronkronyɛ kyerɛ ɔkronkronni,
nanso amumɔyɛfo de wukyi wɔn.
28 Wugye ahobrɛasefo,
nanso wʼani kɔ ahantanfo so sɛ wobɛbrɛ wɔn ase.
29 Wo Awurade, woyɛ me kanea.
Yiw, Awurade woma me sum dan hann.
30 Wʼahoɔden mu, metumi aka asraafokuw agu;
me Nyankopɔn nti, mitumi foro ɔfasu.
 
31 “Onyankopɔn de, nʼakwan yɛ pɛ;
Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu.
Ɔyɛ nkatabo
ma wɔn a wɔhwehwɛ bammɔ wɔ ne mu.
32 Hena ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade?
Hena ne ɔbotantim no, gye sɛ yɛn Nyankopɔn?
33 Onyankopɔn ne mʼaban a ɛyɛ den;
wagye me, na wama me kwan so ayɛ pɛ.
34 Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforote de;
Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.
35 Osiesie me ma ɔko;
na me basa tumi kuntun kɔbere mfrafrae tadua.
36 Woama me wo nkwagye kyɛm.
Wo mmoa ama mayɛ ɔkɛse.
37 Woabɔ kwan tɛtrɛɛ ama mʼanan
sɛnea me nkotodwe rengurow.
 
38 “Metaa mʼatamfo sɛee wɔn;
mannyina kosii sɛ wodii nkogu.
39 Meyam wɔn, mebɔɔ wɔn hwee fam, na wɔantumi ansɔre;
wɔhwehwee ase wɔ mʼanan ase.
40 Wohyɛɛ me ahoɔden maa ɔko;
woaka mʼatamfo ahyɛ mʼanan ase.
41 Womaa wɔdan wɔn ani guanee,
na mesɛe wɔn a wɔtan me nyinaa.
42 Wosu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammegye wɔn.
Wosu frɛɛ Awurade, nanso wannye wɔn so.
43 Meyam wɔn ma wɔyɛɛ sɛ asase so mfutuma;
mepraa wɔn guu suka mu sɛ wura.
 
44 “Womaa me nkonimdi wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so.
Woahwɛ sɛ mɛyɛ amanaman sodifo;
na nnipa a minnim wɔn som me.
45 Ananafo brɛ wɔn ho ase ma me;
wɔte me nka pɛ ara a, wɔde wɔn ho ma me.
46 Wɔn nyinaa bɔ huboa,
na wɔde ahopopo fi wɔn nsraban mu ba.
 
47 Awurade te ase! Ayeyi nka me botan,
ma wɔmma Onyankopɔn, me nkwagye botan so.
48 Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ wɔn a wɔhaw me so were;
ɔka amanaman no hyɛ mʼase
49 na ogye me fi mʼatamfo nsam.
Wode me si baabi a mʼatamfo nnu,
wugye me fi atutuwpɛfo a wotia me nsam.
50  Awurade eyi nti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade.
Mɛto ayeyi dwom ama wo din.
 
51 “Wode nkonimdi akɛse ama wo hene;
woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ nea woasra no ngo,
wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefo afebɔɔ.”