21
Dawid Tɔ Were Ma Gibeonfo
Bere a Dawid di hene no, ɔkɔm baa asase no so mfe abiɛsa, enti Dawid bisaa Awurade ɔkɔm no ho asɛm. Na Awurade kae se, “Esiane fɔ a Saulo ne ne fifo di wɔ kunkum a wokunkum Gibeonfo no ho nti na ɔkɔm saa aba no.”
Enti ɔhene Dawid frɛɛ Gibeonfo no nyinaa. Na wɔnka Israelfo no ho, na mmom, wɔyɛ Amorifo* nkaefo bi. Israel kaa ntam se, wɔrenkum wɔn, nanso esiane Saulo ahopere nti, ɔpɛɛ sɛ ɔtɔre wɔn ase. Dawid bisaa Gibeonfo no se, “Dɛn na metumi ayɛ de apata mo? Monka, sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade behyira ne nkurɔfo bio.”
Gibeonfo no buae se, “Anokwa, sika rentumi, na yɛmpɛ nso sɛ wobekunkum Israelfo aweretɔ wɔ so.”
Enti Dawid kɔɔ so bisaa wɔn se, “Enti dɛn na menyɛ? Monka nkyerɛ me, na mɛyɛ ama mo.”
Na wobuae se, “Ɛyɛ Saulo na ɔdwenee ho sɛ ɔbɛsɛe yɛn, sɛnea yɛrennya afa biara wɔ Israel. Enti wonyi Saulo mmabarima anaa ne nananom mmarima baason mma yɛn, na yebekum wɔn wɔ Awurade anim wɔ Gibea bepɔw no so.”
Ɔhene no kaa se, “Eye. Mɛyɛ.”
Dawid gyaee Yonatan babarima Mefiboset a na ɔyɛ Saulo nena no, esiane ntam a na Dawid ne Yonatan aka wɔ Awurade anim no nti. Nanso ɔde Saulo mmabarima baanu a na wɔn din de Armoni ne Mefiboset a na wɔn mama Rispa no yɛ Aia babea no maa wɔn. Ɔsan de Saulo babea Mikal a na ɔyɛ Adriel a na ɔyɛ Barsilai a ofi Mehola no yere mmabarima baanum no mae. Na Gibeon mmarima no kunkum wɔn wɔ bepɔw no so wɔ Awurade anim. Enti nnipa baason no nyinaa, wokunkum wɔn wɔ bere a wɔrefi atokotwa afahyɛ no ase no.
10 Rispa a ɔyɛ mmarima no mu baanu mama no de atweaatam sɛw ɔbotan bi so, tenaa hɔ otwabere no nyinaa mu. Wamma nnomaa ammɛsosɔw wɔn amu no awia, na anadwo nso, osiw nkekaboa ho kwan. 11 Bere a Dawid tee nea Rispa a na ɔyɛ Saulo mpena no ayɛ no, 12 ɔkɔɔ nkurɔfo a wofi Yabes Gilead nkyɛn, kobisaa wɔn Saulo ne ne babarima Yonatan nnompe ase. (Bere a Saulo ne Yonatan totɔɔ ɔko a wɔne Filistifo koe no ano no, Yabes Gileadfo na wɔkɔtasee wɔn amu wɔ Filistifo kurow Bet-San abɔnten so.) 13 Enti Dawid de Saulo ne Yonatan nnompe bae. Saa ara na ɔde mmarima a Gibeonfo kunkum wɔn no nso nnompe bae.
14 Osiee wɔn nyinaa wɔ Saulo agya Kis ɔboda a ɛwɔ kurow Sela a ɛwɔ Benyamin asase so no mu. Ɛno akyi, Onyankopɔn twaa ɔkɔm no so wɔ Israel asase so.
Israel Ne Filistifo Akokoakoko
15 Bio, Filistifo ne Israel koe. Na bere a ɔko no duu ne mpɔmpɔnso no, Dawid brɛe. 16 Na Yisbi-Benob yɛ abran no asefo mu baako. Na ne peaw mu duru kari boro kilogram abiɛsa ne fa, a wɔde afoa foforo ahyehyɛ ne ho. Na waka Dawid ahyɛ a anka ɔrebekum no. 17 Nanso Seruia babarima Abisai begyee Dawid, na okum Filistini no. Ɛno akyi, Dawid mmarima no kaa ntam se, “Wo ne yɛn renkɔ ɔko bio na amma Israel kanea annum no.”
18 Eyi akyi, ɔko foforo ba de tiaa Filistifo no wɔ Gob. Wogu so reko no, Sibekai a ofi Husan, kum Saf a na ɔno nso yɛ abran no asefo no bi.
19 Ɔko foforo bi a wɔkoo wɔ Gob no nso, Yair babarima Elhanan a ofi Betlehem kum Gatni Goliat nuabarima bi. Na ne peaw mu duru te sɛ ntamanwemfo abaa. 20 Ɔko bi a esii bio wɔ Gat nso, ɔbarima bran bi a na ɔyɛ nsansia ne nansia a ɔyɛ abran no aseni no 21 pɛɛ sɛ obu fa Israel so, gu nʼanim ase. Ɔno nso, Dawid nuabarima Simei babarima Yonatan na okum no.
22 Saa Filistifo abran baanan yi yɛ Gat abran no asefo. Na Dawid ne nʼakofo na wokunkum wɔn nyinaa.
* 21:2 Din Amorini yɛ din a wɔde frɛ Kanaanfo nyinaa ansa na wɔredi wɔn so (1 Mose 15.16; Yos 24.18). Nokware, Gibeonfo yɛ Hiwifo (Yos 9.7; 11.19). 21:18 Na Sibekai da Dawid asraafokuw a ɛto so awotwe no ano (1 Be 27.11).