15
Absalom Atuatew
Eyi akyi no, Absalom tɔɔ teaseɛnam ne apɔnkɔ, na ɔbɔɔ mmarima aduonum paa sɛ wobedi nʼanim. Adekyee biara, ɔsɔre ntɛm na wakɔtena kuropɔn no pon ano. Na sɛ nnipa bi de asɛm bɛto ɔhene no anim sɛ ommu ho atɛn a, Absalom bebisa faako a wofi, na wɔakyerɛ abusuakuw a wofi mu. Na Absalom bɛka se, “Wʼasɛm yɛ dɛ de, nanso ɔhene nni obiara a obetie. Sɛ meyɛ otemmufo anka mepɛ. Anka nnipa de wɔn nsɛm bɛba mʼanim, na mabu wɔn atɛn.”
Sɛ nnipa pɛ sɛ wɔkotow no a, Absalom remma wɔn nyɛ saa na mmom obeso wɔn nsa, ayɛ wɔn atuu. Absalom yɛɛ saa de nyaa Israelfo no nyinaa wɔ nʼafa.
Mfirihyia anan akyi no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ma menkɔ Hebron na menkɔbɔ afɔre mma Awurade sɛnea mahyɛ no bɔ no. Bere a na mewɔ Gesur no na mehyɛɛ saa bɔ no se, ‘Sɛ Awurade de me san ba Yerusalem a, mɛbɔ afɔre ama no wɔ Hebron.’ ”
Ɔhene no kae se, “Eye, kɔ na kodi wo bɔhyɛ so.” Enti Absalom kɔɔ Hebron.
 
10 Bere a ɔwɔ hɔ no, ɔfaa sum ase somaa abɔfo kɔɔ Israel mmaa nyinaa kɔhwanyan ɔmanfo de tiaa ɔhene no. Ne nkra ne se, “Sɛ mote torobɛnto nne pɛ a, monka se, ‘Absalom adi hene wɔ Hebron.’ ” 11 Absalom faa mmarima ahannu fii Yerusalem kaa ne ho a na wonnim Absalom nsusuwii yi ho hwee. 12 Bere a Absalom rebɔ afɔre no, ɔsoma ma wɔkɔfaa Giloni Ahitofel a na ɔyɛ Dawid fotufo fi ne kurom Gilo bae. Enti pɔwbɔ no mu yɛɛ den na nnipa bebree no ara bɛkaa Absalom ho.
Dawid Guan Fi Yerusalem
13 Ankyɛ, ɔbɔfo bi baa Yerusalem bɛka kyerɛɛ ɔhene Dawid se, “Israel nyinaa atu di Absalom akyi sɛ wɔayɛ adɔm atia wo.”
14 Ɛhɔ ara, Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Monyɛ no ntɛm na yenguan mfi ha, ansa na wadu ha, sɛnea amanehunu bɛpare yɛn ne Yerusalem kurow mu no nyinaa.”
15 Nʼafotufo no buae se, “Yegyina wʼakyi. Biribiara a wugye di sɛ eye no, yɛ.”
16 Enti ɔhene no ne ne fifo sii mu kɔɔ prɛko pɛ a wannyaw biribiara wɔ akyi sɛ ne mpenanom du bi a wɔbɛhwɛ nʼahemfi no so. 17 Ɔhene no ne ne nkurɔfo no faa fam, na wɔfaa kuropɔn no fa bi, 18 maa Dawid asraafo no betwaa wɔn ho dii wɔn anim. Nnipa a wɔkaa Dawid ho kɔe no yɛ Gitifo ahansia a wofi Gat a ne bammɔfo nso ka ho.
19 Na ɔhene no bisaa Gatni Itai a ɔyɛ ɔsafohene no se, “Adɛn nti na woka yɛn ho rekɔ? San kɔka wo nkurɔfo ho, na monkɔ ɔhene Absalom nkyɛn, efisɛ woyɛ ɔhɔho wɔ Israel ne ɔmamfrani a wɔatwa wo asu. 20 Wuduu ha nnɛra nko ara. Na ɛsɛ sɛ mehyɛ wo na wo ne yɛn kyin ana? Me mpo, minnim baabi a yɛbɛkɔ. San wʼakyi na kɔfa wo asraafo ka wo ho, na Awurade nkyerɛ wo ne dɔ ne ne nokware.”
21 Nanso Itai ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Mede Awurade din ne wo ara wo nkwa ka ntam se, baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ bi a nea ebesi biara mfa me ho; sɛ ɛyɛ nkwa anaa owu.”
22 Dawid buaa no se, “Eye, ka yɛn ho.” Ɛno nti, Itai ne ne mmarima ahansia ne wɔn fifo kaa wɔn ho kɔe.
23 Awerɛhow kɛse sii asase no so, bere a ɔhene ne nʼakyidifo retwa mu no. Wotwaa Kidron Bon no de wɔn ani kyerɛɛ sare so.
24 Abiatar ne Sadok ne Lewifo no faa Apam Adaka no, na wɔde sii kwankyɛn. Na wɔbɔɔ afɔre wɔ hɔ kosii sɛ obiara senee.
25 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Sadok se, “San fa Onyankopɔn Adaka no kɔ kuropɔn no mu. Sɛ minya Awurade anim adom a, ɔbɛsan de me aba ama mahu Adaka no ne ne ntamadan no bio. 26 Nanso sɛ ɔka se, ‘Mʼani nnye wo ho’ a mepɛ, ma ɔmfa me mfa ɔkwan a onim sɛ eye ma no no so.”
27 Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfo Sadok se, “Me nhyehyɛe ni: Wo ne Abiatar nyɛ komm nsan nkɔ kuropɔn no mu a wo babarima Ahimaas ne Yonatan a ɔyɛ Abiatar babarima ka ho. 28 Mɛtwɛn wɔ faako a wotwa Asubɔnten Yordan kɔ sare no so hɔ akosi sɛ mɛte mo nkra. Momma mente asɛm a ebesi wɔ Yerusalem, ansa na makɔ sare so.” 29 Enti Sadok ne Abiatar faa Onyankopɔn Adaka no de san kɔɔ Yerusalem, na wɔtenaa hɔ.
30 Dawid faa ɔkwan a ɛkɔ Ngo Bepɔw so no so a ɔrekɔ no nyinaa, na ɔretwa adwo. Na wakata ne ti so, na ne nan sisi fam saa ara a ɛkyerɛ awerɛhowdi. Na nnipa a wɔka ne ho no nso katakataa wɔn ti so, twaa adwo bere a wogu so reforo bepɔw no. 31 Bere a obi ka kyerɛɛ Dawid se, afei de ne fotufo Ahitofel taa Absalom akyi no, Dawid bɔɔ mpae se, “Awurade, ma Ahitofel afotu nnan nkwaseasɛm.”
32 Woduu Ngo Bepɔw no atifi baabi a nnipa som Onyankopɔn no, Dawid huu Husai a ofi Arki a ɔretwɛn no. Na Husai asunsuan nʼatade mu, de dɔte asra ne tirim, de kyerɛ awerɛhowdi. 33 Na Dawid ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wo ne me kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me. 34 San kɔ Yerusalem, na ka kyerɛ Absalom se, ‘Afei, mɛyɛ wo fotufo sɛnea da bi hɔ no na meyɛ wʼagya fotufo no.’ Ɛba saa a, wubetumi atia Ahitofel afotu mu, asɛe no. 35 Asɔfo Sadok ne Abiatar wɔ hɔ. Ka adwene a wɔafa wɔ me ho, pɛ sɛ wɔkyere me no kyerɛ wɔn, 36 na wɔbɛsoma wɔn mmabarima Ahimaas ne Yonatan na wɔabɛhwehwɛ me, aka nea ɛrekɔ so akyerɛ me.”
37 Enti Dawid adamfo Husai san kɔɔ Yerusalem, koduu hɔ bere koro a Absalom nso duu hɔ no mu.