14
Absalom San Ba Yerusalem
Na Yoab huu sɛ ɔhene pɛ sɛ ohu Absalom. Enti ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbea nyansafo bi a wagye din yiye brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no se, “Hyɛ da yɛ wo ho sɛ wowɔ ayi mu, na fura ayitam. Nguare anaa mfa aduhuam mpete wo ho nso. Yɛ wo ho sɛ ɔbea a wadi awerɛhow nna bebree. Na kɔ ɔhene nkyɛn kɔka asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi kyerɛ no.” Na Yoab kaa asɛm a ɔpɛ sɛ ɔbea no kɔka no kyerɛɛ no.
Na Tekoani bea no duu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuw fam teɛɛ mu se, “Ao Nana! Boa me!”
Ɔhene no bisaa no se, “Ɛyɛ asɛm bɛn?”
Obuaa no se, “Meyɛ okunafo. Me mma baanu twaa wɔn ho koe, a na obiara nni hɔ a ɔbɛpata wɔn. Ɔbaako bɔɔ ɔbaako kum no. Nanso abusua no nkae no kae se, ‘Ma yɛn nsa nka wo ba no a okum ne nua no na yenkum no bi na wammedi agyapade so.’ Na sɛ meyɛ saa nso a, na minni obiara a waka, na me kunu din ne me fi bɛyera wɔ asase so ha.”
Ɔhene ka kyerɛɛ no se, “Gyae asɛm no ma me. Kɔ fie na mɛhwɛ sɛ obiara remfa ne nsa nka no.”
Ɔkae se, “Me wura, meda wo ase. Mmoa a wode ama me yi nti, sɛ obi kasa tia wo a, mɛfa ho sobo no.”
10 Ɔhene no kae se, “Mma eyi nhaw wo. Sɛ nnipa bi mpene a, fa wɔn brɛ me wɔ ha. Na metumi ama wo awerehyɛmu sɛ, obiara renwiinwii wɔ ho bio.”
11 Afei, ɔbea no kae se, “Fa Awurade, wo Nyankopɔn, no din ka ntam kyerɛ me sɛ, woremma obiara ntɔ me babarima no so were. Menhwehwɛ mogyahwiegu bio.”
Ɔhene no nso kae se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, wo ba no tinwi a ɛwɔ ne ti so mu baako mpo ho renka.”
12 Afei, ɔbea no kae se, “Ma wo somfo nka biribi nkyerɛ me wura ɔhene.”
Obuae se, “Kɔ so kasa.”
13 Ɔbea no bisae se, “Adɛn nti na wonyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfo sɛnea wɔahyɛ bɔ sɛ wobɛyɛ ama me no. Woabu wo ho fɔ sɛ woasi saa gyinae yi. Wompɛ sɛ woma wʼankasa wo ba a wɔatwa no asu no ba fie. 14 Nea ɛte biara no, obiara bewu. Na sɛnea nsu hwie gu fam a wosesaw a ɛnyɛ yiye no, saa ara na nkwa te. Ɛno nti na Onyankopɔn san de yɛn ba ne nkyɛn bere a yɛatew yɛn ho afi ne ho no. Wɔn a ɔhwɛ wɔn no, ɔmma wɔnnhwere wɔn kra; enti wo nso, ɛnsɛ sɛ woyɛ saa.
15 “Na maba sɛ merebedi ama me babarima, efisɛ wɔde owu hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho se, ‘Ebia, ɔhene betie me, 16 na wagye yɛn afi wɔn a wobetwa yɛn afi Onyankopɔn nkurɔfo ho no nsam.’
17 “Yiw, ɔhene no bɛma yɛn asomdwoe bio. ‘Minim sɛ wote sɛ Onyankopɔn bɔfo a wubetumi ahu papa ne bɔne ntam nsonoe. Awurade, wo Nyankopɔn, nka wo ho.’ ”
18 Ɔhene no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Mepɛ sɛ mihu ade baako; mfa nhintaw me.”
Ɔbea no kae se, “Ɛyɛ dɛn asɛm, me wura?”
19 “Yoab na ɔsomaa wo ha ana?”
Ɔbea no buae se, “Me wura, Daasebrɛ, ɛbɛyɛ dɛn na matwa eyi ho atoro? Obiara ntumi mfa biribiara nhintaw wo. Ɛyɛ nokware sɛ Yoab na ɔsomaa me, na ɔkyerɛɛ me asɛm a menka. 20 Ɔyɛɛ saa, sɛnea mɛfa ɔkwan foforo so de saa asɛm yi ato wʼanim. Na wo nso, wunim nyansa te sɛ Onyankopɔn bɔfo, na biribiara a esi yɛn ntam ha no nso, wote ase.”
21 Enti ɔhene no soma ma wɔkɔfaa Yoab bae, na ɔka kyerɛɛ no se, “Eye, kɔ na kɔfa aberante Absalom bra.”
22 Yoab hwee ɔhene no nan ase, hyiraa no se, “Ne korakora mu no, woapene me so, na woayɛ mʼabisade ama me.”
23 Na Yoab kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem. 24 Nanso ɔhene hyɛe se, “Absalom tumi kɔ ɔno ankasa ne fi, nanso ɔnhwɛ na wamma mʼanim ha.” Enti Absalom anhu ɔhene no.
Absalom Ne Dawid Nkabom
25 Israel nyinaa, na obiara nni hɔ a ne ho yɛ fɛ, te sɛ Absalom. Efi ne ti so kosi ne nan ase, na wuhu sɛ ɔyɛ ɔbarima ankasa. 26 Afe biara, na oyi ne ti pɛnkoro, efisɛ ne nwi no yɛ adesoa ma no. Na sɛ oyi na ɔkari a, na ɛyɛ kilogram abien ne fa.
27 Na ɔwɔ mmabarima baasa ne ɔbabea baako. Na ne babea no din de Tamar. Na Tamar nso wɔ ahoɔfɛ a ɛmma ɔka.
28 Absalom tenaa Yerusalem mfe abien a wanhu ɔhene no da. 29 Afei, Absalom soma kɔfrɛɛ Yoab sɛ ɔnkɔka bi mma no, nanso Yoab ankɔ. Absalom somaa ne mprenu so, nanso Yoab ankɔ. 30 Ɛno nti, Absalom ka kyerɛɛ nʼasomfo se, “Monkɔ na momfa ogya nkɔto Yoab atokofuw a ɛbɛn me de no ho mu.” Na wɔde ogya kɔtoo afuw no mu, sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
31 Na Yoab baa Absalom nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na wʼasomfo akɔto mʼafuw mu gya?”
32 Na Absalom buaa no se, “Efisɛ na mepɛ sɛ wukobisa ɔhene ma me sɛ, adɛn nti na ɔmaa me san fii Gesur bae, nanso ɔmpɛ sɛ ohu mʼanim koraa? Ɛno de, sɛ anka metenaa me dedaw mu hɔ ara a, anka eye. Ma minhu ɔhene no, na sɛ midi fɔ wɔ biribi ho a, otumi kum me.”
33 Enti Yoab kaa asɛm a Absalom aka akyerɛ no no kyerɛɛ ɔhene no. Afei, Dawid frɛɛ ne ba a watew ne ho no, ma ɔbaa nʼanim. Absalom beduu ɔhene no anim no, ɔbɔɔ ne mu ase, na Dawid few nʼano.