22
Yehosafat Ne Ahab
Ɔko biara ansi Aram ne Israel ntam mfe abiɛsa. Na mfe abiɛsa no mu, ɔhene Yehosafat a odi ade wɔ Yuda kɔɔ Israelhene Ahab nkyɛn. Na Ahab abisa ne mpanyimfo se, “Moahu sɛ Aramfo da so te yɛn kurow Ramot Gilead mu ana? Nanso yɛnyɛɛ ho hwee!”
Enti obisaa Yehosafat se, “Wobɛka me ho na yɛako atia Ramot Gilead ana?”
Na Yehosafat buaa ɔhene Ahab se, “Adɛn? Ɛyɛ asɛm a ɛda ne kwan mu. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakofo yɛ wo de sɛ wobɛka asɛm a wopɛ akyerɛ wɔn. Mpo, mʼapɔnkɔ da wo da.” Na Yehosafat ka kaa ho se, “Nea edi kan no, ma yemmisa Awurade hɔ afotu.”
Enti ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifo a wɔn dodow bɛyɛ ahannan no nyinaa, bisaa wɔn se, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?”
Wɔn nyinaa buae se, “Kɔ so! Awurade bɛma woadi nkonim anuonyam so.”
Nanso Yehosafat bisae se, “Enti Awurade diyifo biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mibisa no saa asɛm koro no ara.”
Ɔhene Ahab buae se, “Awurade diyifo baako da so wɔ ha, nanso metan no. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔm bɔne na ɔhyɛ fa me ho. Ne din de Mikaia a ɔyɛ Imla babarima.”
Na Yehosafat kae se, “Nkasa saa. Momma yentie asɛm a ɔwɔ ka.”
Enti Israelhene frɛɛ ne mpanyimfo no mu baako, ka kyerɛɛ no se, “Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra.”
Mikaia Hyɛ Nkɔm Tia Ahab
10 Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntade, tenaa wɔn ahengua mu wɔ apongua a ɛbɛn Samaria kwan no ano. Saa bere no, na Ahab adiyifo no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. 11 Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnade yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi se, “Sɛnea Awurade se ni: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfo yi ama wɔawuwu!”
12 Adiyifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so kae se, “Yiw, monkɔ Ramot-Gilead, na munkodi nkonim, efisɛ Awurade bɛma moadi nkonim.”
13 Na ɔbɔfo a ɔkɔfaa Mikaia no ka kyerɛɛ no se, “Tie, adiyifo no nyinaa hyɛ nkonimdi ho nkɔm ma ɔhene. Hwɛ sɛ wo ne wɔn adwene bɛyɛ baako, na wo nso, wobɛhyɛ nkonimdi ho nkɔm.”
14 Nanso Mikaia buae se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, nea Awurade aka akyerɛ me sɛ menka no, ɛno na mɛka.”
15 Bere a Mikaia beduu ahemfi no, Ahab bisaa no se, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?”
Na Mikaia buae se, “Monkɔ! Na Awurade bɛma ɔhene adi nkonim anuonyam so.”
16 Ɔhene amma nʼano ansi, na obuaa no se, “Mpɛn ahe na menka nkyerɛ wo se, sɛ worekasa ama Awurade a, ka nokwasɛm?”
17 Na Mikaia ka kyerɛɛ no se, “Anisoadehu mu, mihuu sɛ Israel abɔ apete mmepɔw no so, te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo. Na Awurade kae se, ‘Wɔakum wɔn wura. Ma wɔnkɔ fie asomdwoe mu.’ ”
18 Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Manka saa ankyerɛ wo ana? Da biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ atoro nkɔm na ɔhyɛ fa me ho.”
19 Mikaia toaa so se, “Tie nea Awurade ka. Mihuu Awurade sɛ ɔte nʼahengua so a ne ɔsorofo asraafo nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so.” 20 Na Awurade bisae se, “Hena na obetumi adaadaa Ahab, ama wakɔ ɔko atia Ramot Gilead, a ebetumi aba sɛ wobekum no wɔ hɔ?”
Wosusuw nsɛm ahorow bebree ho wɔ hɔ, 21 kosii sɛ ne koraa no, honhom bi bɛnee Awurade kae se, “Metumi ayɛ!”
22  Awurade bisae se, “Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ eyi?”
Na honhom no buae se, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifo, ama wɔadi atoro.”
Awurade kae se, “Kɔ so yɛ, na wubedi nkonim.
23 “Enti woahu sɛ Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifo no anom. Awurade adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.”
24 Afei Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ nʼani so. Obisaa no se, “Da bɛn na Awurade honhom fii me mu bɛkasa kyerɛɛ wo?”
25 Na Mikaia buae se, “Ɛrenkyɛ biara, wubehu nokware no, bere a wubeguan akɔtetɛw kokoa mu dan bi mu.”
26 Israelhene Ahab hyɛe se, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kurow no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn. 27 Monka saa asɛm a efi ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn se, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduan biara sɛ brodo ne nsu, kosi sɛ mefi akono bɛba asomdwoe mu.’ ”
28 Nanso Mikaia buae se, “Sɛ wosan ba asomdwoe mu a, na ɛkyerɛ sɛ, Awurade amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no se, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nsow.”
Ahab Wu
29 Na Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn asraafo anim, kɔtow hyɛɛ Ramot-Gilead so. 30 Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakra me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara renhu me. Nanso, wo de, hyɛ wʼahentade.” Enti Ahab sakraa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.
31 Saa bere no, na Aramhene aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafo aduasa abien no sɛ, “Monkɔtow nhyɛ Israelhene nko ara so!” 32 Enti bere a Aramhene nteaseɛnamkafo no huu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentade no, wɔtaa no. Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israelhene no ne no.” Nanso, bere a Yehosafat teɛɛ mu no, 33 nteaseɛnamkafo no huu sɛ ɛnyɛ ɔno ne Israelhene no nti, wogyaw nʼakyidi.
34 Aram sraani bi de anibiannaso tow agyan kyerɛɛ Israel asraafo no so, maa ɛkɔwɔɔ Israelhene wɔ ne nkatabo ahyiae so. Ahab teɛɛ mu kyerɛɛ ne teaseɛnamkafo no se, “Fa me fi ha ntɛm, na wɔapira me pa ara.” 35 Ɔko no kɔɔ so saa ara da mu no nyinaa, na wɔde Ahab twerii biribi wɔ ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfo no. Mogya tuu no fi nʼapirakuru no mu, guu teaseɛnam no mu, na onwini dwoe no, owui. 36 Onwini reyɛ adwo no, wɔteɛteɛɛ mu faa asraafo no nyinaa mu se: “Ɔko no aba awiei. Monsan nkɔ fie!”
37 Na ɔhene no wui no, wɔde nʼamu no kɔɔ Samaria, kosiee no wɔ hɔ. 38 Na wɔhoroo ne teaseɛnam no ho wɔ asubura bi a ɛwɔ Samaria a nguamanfo guare hɔ, na akraman bɛtaforoo ɔhene no mogya no, sɛnea Awurade aka ato hɔ no.
39 Nsɛm a ɛfa Ahab ahenni ho ne asonse ahemfi ho asɛm ne nkurow a ɔkyekyeree nyinaa no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu. 40 Bere a Ahab wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom mu. Na ne babarima Ahasia dii nʼade sɛ ɔhene.
Yehosafat Di Hene Wɔ Yuda
41 Asa babarima Yehosafat bedii Yuda so bere a na Ahab adi ade wɔ Israel ne mfe anan so no. 42 Odii ade no, na wadi mfe aduasa anum, na odii ade Yerusalem mfirihyia aduonu anum. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi babea. 43 Na Yehosafat yɛ ɔhene papa a odii nʼagya Asa anammɔn akyi. Ɔyɛɛ ade a ɛsɔ Awurade ani. Nanso, nʼahenni mu no, wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no. 44 Yehosafat ne Israelhene tenaa ase asomdwoe mu.
45 Nsɛm a ɛfa Yehosafat ahenni ho nkae no, faako a ne tumi kodui ne ako a odii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu. 46 Ɔpam abosomfi so nguamanfo a na wogu so bɔ aguaman fii nʼagya Asa bere so no nyinaa. 47 Saa bere no, na ɔhene nni Edom gye kurow no sohwɛfo nko.
48 Yehosafat yɛɛ aguadihyɛn bebree sɛ ɛnkɔ Ofir nkɔhwehwɛ sikakɔkɔɔ. Nanso ahyɛn no antumi anyɛ adwuma. Ɛsɛee wɔ Esion-Geber. 49 Saa bere no, Ahab babarima Ahasia susuw ho kyerɛɛ Yehosafat se, “Ma me mmarima ne wo mmarima nkɔ po so akwan nsrahwɛ.” Nanso Yehosafat ampene so.
50 Yehosafat wui no, wosiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Ne babarima Yehoram na odii nʼade sɛ ɔhene.
Ahasia Di Hene Wɔ Israel
51 Ahab babarima Ahasia fii ase dii Israel so bere a na Yehosafat adi ade mfe dunson wɔ Yuda. Odii ade wɔ Samaria mfe abien. 52 Na ɔfaa nʼagya ne ne na ne Nebat babarima Yeroboam anammɔn so, som ahoni, yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. 53 Ɔsom Baal, sɔree no, nam so fuw Awurade, Israel Nyankopɔn, bo sɛnea nʼagya yɛe no.