21
Nabot Bobeturo
Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabot a ofi Yesreel wɔ bobeturo bi a ɛbɛn Samariahene Ahab ahemfi. Ahab ka kyerɛɛ Nabot se, “Fa wo bobeturo no ma me, na memfa asase no nyɛ atosodeturo, efisɛ ɛbɛn mʼahemfi pɛɛ. Sɛ wopene so de ma me a, mɛma wo bobeturo papa, na sɛ nso wopɛ a, bo biara a asase no di no, metua.”
Nanso Nabot buae se, “Awurade mma ɛmpare me sɛ mede mʼagyanom agyapade bɛma wo.”
Enti Ahab san kɔɔ ahemfi hɔ a ne bo afuw ne ho pɔtɔɔ. Ɔkɔdae a wannidi, de nʼanim kyerɛɛ ɔfasu.
Ne yere Isebel bebisaa no se, “Adɛn nti na woayɛ bosaa saa? Adɛn nti na wompɛ sɛ wudidi?”
Obuaa no se, “Meka kyerɛɛ Nabot, Yesreelni no se, ɔntɔn ne bobeturo no mma me anaasɛ, mɛma no bi ahyɛ anan, nanso wampene.”
Ne yere Isebel bisae se, “Wonyɛ Israelhene ana? Sɔre na didi! Mma eyi nhaw wo. Megye Nabot bobeturo no ama wo!”
Na Isebel kyerɛw nkrataa wɔ Ahab din mu, de ne nsɔwano sɔw ano, de kɔmaa mpanyimfo ne akunini a wɔne Nabot te kuropɔn no mu no. Krataa no mu nsɛm ne sɛ:
“Yi da bi to hɔ a wɔde bɛyɛ akɔnkyen, na ma Nabot ntena anuonyambea wɔ nnipa no mu. 10 Monhwehwɛ ahuhufo baanu na wɔmmɔ no kwaadu sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Na afei, momfa no mfi adi, nkosiw no abo nkum no.”
11 Enti mpanyimfo ne atitiriw a wɔte Nabot kurow no mu no yɛɛ nea Isebel kaa wɔ nkrataa no mu sɛ wɔnyɛ no. 12 Wofii akɔnkyen no ase, de Nabot tenaa anuonyambea wɔ nnipa no mu. 13 Na ahuhufo baanu no bɛbɔɔ Nabot kwaadu wɔ nnipa no anim sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Enti wɔde no kɔɔ kurotia, kosiw no abo kum no. 14 Na wɔsoma kɔɔ Isebel nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔasiw Nabot abo, ama wawu.”
15 Bere a Isebel tee sɛ wɔasiw Nabot abo, akum no no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ Ahab se, “Sɔre na kɔfa Nabot, Yesreelni no bobeturo no a ɔde kamee wo sɛ ɔrentɔn mma wo no. Ɔnte ase bio, na wawu.” 16 Enti ɛhɔ ara, Ahab sian kɔfaa Nabot bobeturo no.
17 Na Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ, 18 “Kɔ na kohyia Israelhene Ahab a odi Samaria so no. Mprempren ara ɔwɔ Nabot bobeturo no mu a ɔrebɛfa. 19 Ka kyerɛ no se, ‘Ɛnnɔɔso sɛ wukum Nabot? Ɛsɛ sɛ wobɔ no korɔn nso? Nea woayɛ yi nti beae a akraman taforoo Nabot mogya no, ɛhɔ ara na akraman bɛtaforo wo mogya, Yiw, wʼankasa wo mogya!’ ”
20 Ahab ka kyerɛɛ Elia se, “Woahu me, me tamfo.”
Obuae se, “Yiw maba bio efisɛ woatɔn wo ho ama ɔbɔnefo no wɔ Awurade ani so. 21 ‘Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛbrɛ wo. Mɛhyew wʼasefo nyinaa, na matwa ɔbarima a otwa to koraa wɔ Israel, sɛ ɔyɛ akoa anaa ɔdehye, afi Ahab ho. 22 Mɛma wo fi ayɛ sɛ Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afi, efisɛ woahyɛ me abufuw ama Israel ayɛ bɔne!’
23 “Na Isebel nso, Awurade ka se, Yesreel akraman bɛwe ne nam wɔ kuropɔn no afasu ho.
24 “Wɔn a na wɔwɔ Ahab afa a wowuwuu wɔ kurow no mu no nso, akraman bɛwe wɔn nam, na apete nso asosɔw wɔn a wowuwuu wɔ wuram no nam.”
25 (Obiara nni hɔ a ɔtɔn ne ho maa bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea Ahab yɛe no, efisɛ ne yere Isebel tuu no fo bɔne. 26 Ɔyɛɛ bɔne ara, kosii sɛ ɔkɔɔ ahoni so, te sɛ Amorifo* a Awurade pam wɔn wɔ Israelfo anim no).
27 Ahab tee saa asɛm yi no, osunsuan ne ntade mu, furaa atweaatam, kyenee kɔm. Ofuraa atweaatam no saa de awerɛhow a emu yɛ den kyinkyinii.
28 Na Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ, 29 “Woahu sɛnea Ahab brɛɛ ne ho ase wɔ mʼanim? Esiane sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase nti, meremfa saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi a ɛwɔ hɔ ma no nnɛ yi mmrɛ no. Ɛbɛba ne mmabarima so; mɛsɛe nʼasefo nyinaa.”
* 21:26 Din Amorifo no gyina hɔ ma Palestinafo a na wɔte hɔ dedaw ansa na Israelfo reba no (1 Mose 15.15; 2 Mose 23.23; 5 Mose 1.7).