5
Obiara Nyɛ Ɔtreneeni
“Munni akɔneaba wɔ Yerusalem mmɔnten so,
monhwɛ mo ho nhyia nhwɛ,
monhwehwɛ guabɔbea nyinaa.
Sɛ muhu onipa baako mpo a
ɔyɛ pɛ na odi nokware a,
mede kuropɔn yi ho bɛkyɛ no.
Ɛwɔ mu wɔka se, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’
nanso wɔda so ka ntam hunu.”
 
Awurade, wʼani mpɛ nokware ahu ana?
Wobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yaw biara;
wodwerɛw wɔn, nanso wɔpoo nteɛso.
Wɔyɛɛ wɔn anim dennen sen ɔbo
na wɔansakra wɔn adwene.
Misusuw se, “Eyinom nko ara ne ahiafo no;
wɔyɛ nkwaseafo nso,
efisɛ wonnim Awurade akwan,
nea wɔn Nyankopɔn hwehwɛ.
Enti mɛkɔ ntuanofo no nkyɛn
akɔkasa akyerɛ wɔn;
ampa ara wonim Awurade akwan
nea wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.”
Nanso wɔn nso de adwene koro abubu konnua no
atetew nkyehama no mu.
Ɛno nti gyata bi a ofi kwae mu bɛtow ahyɛ wɔn so,
pataku bi a ofi nweatam so bɛtetew wɔn mu.
Ɔsebɔ bi bɛtɛw abɛn wɔn nkurow,
na obiara a obeyi ne ti no ɔbɛtetew ne mu nketenkete,
efisɛ wɔn atuatew no ano yɛ den
na wɔn akyirisan aboro so.
 
“Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mede mo ho kyɛ mo?
Mo mma apo me,
wɔde anyame a wɔnyɛ anyame aka ntam.
Memaa wɔn nea wohia nyinaa,
nanso wɔbɔɔ aguaman
na wɔbɔɔ yuu kɔɔ nguamanfo afi mu.
Mpɔnkɔnini aniberefo a wɔhwɛ wɔn yiye,
wɔn mu biara su di ne yɔnko yere akyi.
Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyi ho?”
Sɛɛ na Awurade se.
“Ɛnsɛ sɛ, mʼankasa metɔ
ɔman a ɛte sɛɛ so were ana?
 
10 “Momfa ne bobe nturo no mu na monsɛe no,
nanso monnsɛe no koraa.
Mompempan ne mman no,
efisɛ saa nnipa yi nyɛ Awurade dea.
11 Israelfi ne Yudafi
anni me nokware koraa,”
Awurade na ose.
 
12 Wɔadi atoro afa Awurade ho,
wɔkae se, “Ɔrenyɛ hwee!
Ɔhaw biara remma yɛn so;
yɛrenhu afoa anaa ɔkɔm da.
13 Adiyifo no yɛ mframa bi kɛkɛ
na asɛm no nte wɔn mu;
enti momma nea wɔka no mmra wɔn so.”
14 Enti eyi ne nea Asafo Awurade, Nyankopɔn se:
“Esiane sɛ, nnipa no aka saa nsɛm yi nti,
mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanom no ogya
na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhyew.
15 Israelfi,” Awurade na ose,
“Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebetia wo,
tete man a ɛyɛ ɔmantease,
nnipa a munnim wɔn kasa,
na monnte wɔn kasa ase.
16 Wɔn agyan mmɔtɔwa te sɛ ɔda a ano da hɔ;
wɔn nyinaa yɛ dɔmmarima.
17 Wɔbɛsɛe mo nnɔbae ne mo nnuan,
asɛe mo mmabarima ne mo mmabea;
wɔbɛsɛe mo nguankuw ne mo anantwikuw,
asɛe mo bobe ne mo mmrɔdɔma.
Wɔde afoa bɛsɛe
nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ a mode mo werɛ ahyɛ mu no.
18 “Afei saa nna no mu mpo,” sɛɛ na Awurade se, “Merensɛe mo korakora. 19 Na sɛ nnipa no bisa se, ‘Adɛn nti na Awurade, yɛn Nyankopɔn, ayɛ yɛn sɛɛ’ a, mobɛka akyerɛ wɔn se, ‘Sɛnea moagyaw me hɔ akɔsom ananafo anyame wɔ mo ankasa mo asase so no, saa ara na mprempren mobɛsom ananafo wɔ asase a ɛnyɛ mo dea no so.’
20 “Monka eyi nkyerɛ Yakobfi
na mo mpae mu nka wɔ Yuda se:
21 Muntie, mo nkwaseafo ne nnipa a munni adwene,
mowɔ ani nso munhu ade,
na mowɔ aso nso monte asɛm:
22 Ɛnsɛ sɛ musuro me ana?” Sɛɛ na Awurade se.
“Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ mʼanim ana?
Mede nwea ato ɔhye ama po,
ɔhye a ɛwɔ hɔ daa a ɛrentumi ntra.
Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so;
ebehuru so nanso ɛrentumi ntra.
23 Nanso saa nnipa yi wɔ asoɔden ne atuatew koma;
wɔatwe wɔn ho afi me ho kɔ.
24 Wɔnnka nkyerɛ wɔn ho wɔn ho se,
‘Momma yensuro Awurade yɛn Nyankopɔn,
a ɔma osu tɔ wɔ ne mmere mu,
nea ɔma yɛn awerehyɛmu wɔ otwabere nnapɛn a wahyɛ no ho.’
25 Mo amumɔyɛ abɔ eyinom agu;
mo bɔne ama ade pa abɔ mo.
 
26 “Amumɔyɛfo bi wɔ me nkurɔfo yi mu
a wɔtɛw sɛ nnipa a wosum nnomaa afiri,
na wɔte sɛ wɔn a wosum mfiri yi nnipa.
27 Sɛnea nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma no
saa ara na asisi ahyɛ wɔn afi amaama;
wɔayeyɛ adefo anyinya tumi,
28 na wɔadodɔ srade ama wɔn ho ayɛ hanahana.
Wɔn amumɔyɛsɛm no nni awiei;
wɔnnka ayisaa asɛm mma wonni bem,
na wɔmmɔ ahiafo tumi ho ban.
29 Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyinom ho ana?”
Sɛɛ na Awurade se.
“Ɛnsɛ sɛ, mʼankasa metɔ
ɔman a ɛte sɛɛ so were ana?
 
30 “Ade a ɛyɛ hu ne ahodwiriw
asi wɔ asase no so:
31 Adiyifo no hyɛ akɔntoro,
asɔfo no de wɔn dibea di tumi,
na me nkurɔfo no pɛ no saa ara.
Nanso awiei no dɛn na wobɛyɛ?”