4
“Sɛ wo, Israel, wobɛsan wʼakyi a,
san bra me nkyɛn,”
sɛɛ na Awurade se.
“Sɛ wuyi wʼahoni a ɛyɛ akyiwade fi mʼani so
na sɛ woamman bio,
na sɛ wufi nokware, pɛpɛyɛ ne trenee mu
ka ntam se, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’ a
afei wobehyira aman no
na ne mu na wobenya anuonyam.”
Eyi ne asɛm a, Awurade ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalem:
“Munsiesie mo asase a womfuntum da,
na munnnua wɔ nsɔe mu.
Muntwitwa mo ho twetia mma Awurade
muntwitwa mo koma twetia,
mo Yuda mmarima ne Yerusalemfo,
anyɛ saa a mʼabufuwhyew bɛsɔre na adɛw sɛ ogya
mo bɔne a moayɛ nti,
ɛbɛhyew a obiara rennum.”
Amanehunu A Efi Atifi Fam
“Bɔ nkae wɔ Yuda na pae mu ka wɔ Yerusalem se
‘Hyɛn torobɛnto no wɔ asase no nyinaa so!’
Teɛ mu dennen se:
‘Mommoaboa mo ho ano!
Momma yenguan nkɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu!’
Momma frankaa so na monkɔ Sion
munguan nkɔbɔ mo ho aguaa!
Efisɛ mede amanehunu fi atifi fam reba,
ɔsɛe a ɛyɛ hu.”
 
Gyata bi afi ne tu mu;
ɔbɔɔaman bi asi mu.
Wafi ne tenabea
sɛ ɔrebɛsɛe wʼasase.
Wo nkurow bebubu
na ada mpan.
Enti fura atweaatam,
di awerɛhow na twa adwo,
efisɛ Awurade abufuwhyew no
nnan mfii yɛn so.
 
“Saa da no,” Awurade na ose,
“ɔhene no ne adwumayɛfo no bɛbɔ hu,
asɔfo no bo betu,
na adiyifo no ho bedwiriw wɔn.”
10 Afei, mekae se, “Aa, Otumfo Awurade, woadaadaa nnipa yi ne Yerusalem, wokae se, ‘Mubenya asomdwoe,’ wɔ bere a afoa da yɛn mene mu.”
11 Saa bere no wɔbɛka akyerɛ nnipa yi ne Yerusalem se, “Mframa a emu yɛ hyew bɛbɔ afi nkoko wosee a ɛwɔ nweatam so aba me nkurɔfo so, ɛnyɛ nea ɛpo ho anaa ehuhuw so; 12 mframa a ano yɛ den boro saa no fi me nkyɛn. Afei mepae mu ka mʼatemmu a etia wɔn.”
13 Hwɛ! ɔreba sɛ omununkum,
ne nteaseɛnam reba sɛ mfɛtɛ,
nʼapɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre.
Yennue! Yɛawu!
14 Yerusalem, yi bɔne fi wo koma mu na woanya nkwa.
Wode adwemmɔne bɛhyɛ wo mu akosi da bɛn?
15 Nne bi rebɔ amanneɛ fi Dan,
ɛrebɔ amanehunu ho dawuru fi Efraim nkoko so.
16 “Monka eyi nkyerɛ aman no,
mommɔ no dawuru nkyerɛ Yerusalem se,
‘Atuafo dɔm fi akyirikyiri asase bi so reba,
wɔma ɔko nteɛmu so de tia Yuda nkuropɔn.
17 Wotwa ne ho hyia sɛ mmarima a wɔrewɛn afuw,
efisɛ watew me so atua,’ ”
sɛɛ na Awurade se.
18 “Wo ankasa abrabɔ ne nneyɛe,
na ɛde eyi aba wo so.
Eyi yɛ wʼasotwe.
Ɛyɛ nwen!
Ɛwowɔ koma!”
 
19 Ao, mʼahoyeraw, mʼahoyeraw!
midi me mu yaw.
Me koma mu yawdi!
Me koma bɔ kitirikitiri wɔ me mu,
mintumi nyɛ komm.
Efisɛ, mate torobɛnto no nnyigye;
mate ɔko frɛ no.
20 Amanehunu di amanehunu akyi;
asase no nyinaa asɛe.
Wɔasɛe me ntamadan prɛko pɛ,
ne me hintabea mpofirim.
21 Ɛsɛ sɛ mehwɛ ɔko frankaa no
na mitie torobɛnto no nnyigye kosi da bɛn?
 
22 “Me nkurɔfo yɛ nkwaseafo;
wonnim me.
Wɔyɛ mma a wonni adwene;
wɔnte hwee ase.
Wɔwɔ bɔneyɛ ho nyansa;
na wonnim sɛnea wɔyɛ papa.”
 
23 Mehwɛɛ asase no,
na enni bɔbea, na ɛda mpan;
mehwɛɛ ɔsorosoro, na wɔn hann no nni hɔ.
24 Mehwɛɛ mmepɔw no,
na wɔrewosowosow,
na nkoko no nyinaa rehinhim.
25 Mehwɛe, na nnipa nni hɔ;
wim anomaa biara atu kɔ.
26 Mehwɛe, na nsasebere no adan nweatam
na ne nkurow nyinaa asɛe
Awurade anim, wɔ nʼabufuwhyew ano.
27 Sɛnea Awurade se:
“Wɔbɛsɛe asase no nyinaa;
mmom, merensɛe no korakora.
28 Enti asase bedi awerɛhow
na ɔsorosoro beduru sum,
efisɛ makasa na merentwe nsan;
masi gyinae na merennan no.”
 
29 Apɔnkɔsotefo ne agyantowfo nnyigyei
ma kurow biara sofo guan.
Ebinom kɔhyɛ nkyɛkyerɛ mu,
ebinom foro kɔ abotan mu.
Nkurow no nyinaa so adeda mpan;
na obiara nte so.
 
30 Dɛn na woreyɛ, wo a wɔasɛe wo?
Adɛn na wufura ɔkɔben
de sikakɔkɔɔ agude asiesie wo ho?
Adɛn na wode nnuru keka wʼani?
Wohyehyɛ wo ho kwa.
Wʼadɔfo bu wo animtiaa;
wɔrehwehwɛ wo akum wo.
 
31 Mete osu bi te sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu,
apinisi te sɛ ɔbea a ɔrewo nʼabakan,
Ɔbabea Sion resu te sɛ nea osi apini,
ɔtrɛw ne nsa mu na ɔreka se,
“Afei de meretɔ piti;
wɔde me nkwa ama awudifo.”