29
Krataa A Wɔde Kɔmaa Nnommum No
Eyi ne krataa mu nsɛm a odiyifo Yeremia kyerɛw fii Yerusalem kɔmaa nnommum no mu mpanyimfo nkae, asɔfo, adiyifo ne nnipa a wɔaka nyinaa a Nebukadnessar afa wɔn afi Yerusalem akɔ Babilonia no. (Eyi yɛ bere a ɔhene Yehoiakyin ne ɔhemmea no, asennii adwumayɛfo, Yuda ne Yerusalem ntuanofo, adwumfo ahorow nyinaa afi Yerusalem akɔ nnommum mu no akyi.) Ɔde krataa no hyɛɛ Safan babarima Elasa ne Hilkia babarima Gemaria nsa, wɔn na Yudahene Sedekia somaa wɔn kɔɔ Ɔhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babilonia no. Krataa no mu nsɛm ni:
Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ wɔn a mema wɔfaa wɔn nnommum fi Yerusalem kɔɔ Babilonia no nyinaa ni: “Munsisi afi, na momfa mmɔ atenase; monyɛ nturo na munni mu aba. Monwareware, na monwowo mmabarima ne mmabea. Monhwehwɛ yerenom mma mo mmabarima na momfa mo mmabea nso mma aware, na wɔn nso nwowo mmabarima ne mmabea. Monnɔ wɔ hɔ na mo so antew. Afei, monhwehwɛ kuropɔn a mema wotuu mo kɔtenaa so no asomdwoe ne yiyedi. Mommɔ Awurade mpae mma no, efisɛ ne yiyedi mu na mo nso mubedi yiye.” Yiw, sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: “Mommma adiyifo ne nkɔmhyɛfo a wɔwɔ mo mu no nnaadaa mo. Munntie wɔn adae a mohyɛ wɔn nkuran ma wɔsoso no. Wɔhyɛ atoro nkɔm wɔ me din mu. Mensomaa wɔn,” Awurade na ose.
10 Nea Awurade se ni: “Sɛ mosom Babilonia mfe aduɔson a, mɛba abɛhwɛ mo na mɛma mʼadom mu bɔhyɛ sɛ mede mo bɛba ha bio no aba mu. 11 Minim nhyehyɛe a mewɔ ma mo,” Awurade na ose, “Nhyehyɛe a ɛde mo besi yiye na ɛrenhaw mo, nhyehyɛe a ɛbɛma mo anidaso ne awiei pa. 12 Afei mobɛfrɛ me na moaba abɛbɔ me mpae, na metie mo. 13 Mobɛhwehwɛ me na mubehu me, sɛ mode mo koma nyinaa hwehwɛ me a. 14 Mubehu me,” Awurade na ose, “na meyi mo afi nkoasom mu de mo asan aba. Mɛboaboa mo ano afi amanaman ne mu ne faako a mepam mo kɔɔ no nyinaa,” Awurade na ose, “na mede mo bɛsan aba faako a mituu mo fi kɔɔ nnommum mu no bio.”
15 Mobɛka se, “Awurade ama yɛn adiyifo wɔ Babilonia,” 16 nanso, sɛɛ na Awurade ka fa ɔhene a ɔte Dawid ahengua so ne nnipa a wɔaka wɔ kuropɔn no mu nyinaa, mo manfo a wɔne mo ankɔ nnommum mu no. 17 Yiw, nea Asafo Awurade se ni: “Mɛma afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm aba wɔn so, na wɔayɛ sɛ borɔdɔma a asɛe enti wontumi nni. 18 Mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm betiw wɔn, na mɛyɛ wɔn atantanne ama ahenni a ɛwɔ asase no so nyinaa, ne nnome ne ahodwiriwde, fɛwdi ne animtiaabude wɔ amanaman a mepam wɔn kɔɔ so no mu. 19 Efisɛ, wɔantie me nsɛm,” sɛɛ na Awurade se, “nsɛm a mede somaa mʼasomfo adiyifo mpɛn bebree baa mo nkyɛn. Na mo nnommum nso antie,” Awurade na ose.
20 Afei muntie Awurade asɛm, mo nnommum a mama mo afi Yerusalem akɔ Babilonia no nyinaa. 21 Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn ka fa Kolaia babarima Ahab ne Maaseia babarima Sedekia a wɔde me din rehyɛ mo atoro nkɔm no ho ni: “Mede wɔn bɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wakum wɔn wɔ mo anim. 22 Esiane wɔn nti, Yuda nnommum a wɔwɔ Babilonia nyinaa de saa nnome yi bɛdome sɛ: ‘Awurade nyɛ wo sɛ, Sedekia ne Ahab a Babiloniahene hyew wɔn wɔ ogya mu no.’ 23 Na wɔayɛ akyiwade a ɛboro so wɔ Israel: wɔne wɔn yɔnkonom yerenom adeda de asɛe aware, na wɔde me din adi atoro a menka nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. Minim na midi ho adanse,” Awurade na ose.
Semaia Nkra
24 Ka kyerɛ Nehelamni Semaia se, 25 “Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se ni: Wokyerɛw krataa wɔ wo din mu kɔmaa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ɔsɔfo Maaseia babarima Sefania, ne asɔfo a aka no nyinaa. Woka kyerɛɛ Sefania se, 26 Awurade ahyɛ wo sɔfo asi Yehoiada anan mu se hwɛ Awurade fi no so; Ɛsɛ sɛ wode nkɔnsɔnkɔnsɔn ne dade konnua gu obiara a wabɔ dam na ɔyɛ ne ho sɛ odiyifo no. 27 Afei adɛn nti na wonka Yeremia a ofi Anatot a ɔyɛ ne ho sɛ odiyifo wɔ mo mu no anim? 28 Ɔde saa nkra yi abrɛ yɛn wɔ Babilonia: Ɛbɛkyɛ. Ɛno nti munsisi afi mfa nyɛ atenae; monyɛ nturo na munni mu aba.’ ”
29 Ɔsɔfo Sefania kenkan krataa no kyerɛɛ odiyifo Yeremia. 30 Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 31 “Fa saa nkra yi kɔma nnommum no nyinaa se, ‘Eyi ne nea Awurade ka fa Nehelamni Semaia ho: Esiane sɛ wahyɛ mo nkɔm a mpo mansoma no, na wama moagye atoro adi nti, 32 nea Awurade se ni: Nokware, mɛtwe Nehelamni Semaia ne nʼasefo aso. Ɔrennya obiara a ɔbɛka wɔ saa nkurɔfo yi mu, na ɔrenhu nneɛma pa a mɛyɛ ama me nkurɔfo, efisɛ waka atuatew nsɛm atia me,’ ” Awurade na ose.