28
Odiyifo Torofo Hanania
Ɔsram a ɛto so anum wɔ afe koro a ɛyɛ Yudahene Sedekia adedi mfiase, afe a ɛto so anan no mu, odiyifo Hanania a ɔyɛ Asur a ofi Gibeon babarima no ka kyerɛɛ me wɔ Awurade fi bere a na asɔfo ne nnipa no nyinaa ahyia no se, “Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Mebubu Babiloniahene konnua no. Mfe abien mu no, mede Awurade fi mu nneɛma a Babiloniahene Nebukadnessar bɛfa fii ha kɔɔ Babilonia no nyinaa bɛsan aba. Na mɛsan de Yehoiakyin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommum a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba’ sɛɛ na Awurade se, ‘na mebubu Babiloniahene konnua no.’ ”
Na odiyifo Yeremia buaa odiyifo Hanania wɔ asɔfo ne nnipa a na wogyinagyina Awurade fi no nyinaa anim. Ɔkae se, “Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade fi nneɛma no nyinaa ne nnommum no befi Babilonia asan aba ha yi no mmra mu. Nanso tie asɛm a ɛsɛ sɛ meka ma wote na nnipa no nyinaa nso te: Efi tete no, adiyifo a wodii mʼanim ne wʼanim no hyehyɛɛ ɔko, amanehunu ne ɔyaredɔm ho nkɔm tiaa aman bebree ne ahenni akɛse. Nanso odiyifo a ɔhyɛ asomdwoe ho nkɔm no, sɛ ne nkɔmhyɛ no ba mu a wobegye no ato mu sɛ obi a ampa ara Awurade asoma no.”
10 Na odiyifo Hanania yii konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu, bubuu mu, 11 na ɔkaa wɔ nnipa no nyinaa anim se, “Sɛɛ na Awurade se: ‘Saa ara na mebubu Babiloniahene Nebukadnessar konnua no afi amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfe abien mu.’ ” Odiyifo Yeremia tee eyi no ofii hɔ kɔe.
12 Odiyifo Hanania bubuu konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se: 13 “Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Woabubu dua konnua mu, nanso mede dade konnua besi anan mu. 14 Na sɛnea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Mede dade konnua bɛto amanaman nyinaa kɔn mu, ama wɔn asom Babiloniahene Nebukadnessar, na wɔbɛsom no. Na mpo mɛma no adi wuram mmoa so.’ ”
15 Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania se, “Tie, Hanania! Awurade nsomaa wo, nanso, woama ɔman yi agye atoro ato mu. 16 Ɛno nti, sɛ Awurade se ni: ‘Merebeyi wo afi asase so. Afe yi mu ara wubewu, efisɛ woaka atuatew nsɛm atia Awurade.’ ”
17 Ɔsram a ɛto so ason wɔ afe no ara mu no, odiyifo Hanania wui.