35
Yakob San Kɔ Bet-El
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob se, “Kɔ Bet-El kɔtena hɔ. Sɛ wudu hɔ a, si afɔremuka ma me. Me na miyii me ho adi kyerɛɛ wo bere a na woreguan afi wo nua Esau nkyɛn no.”
Enti Yakob ka kyerɛɛ ne fifo ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa se, “Monsɛe mo anyame a mode wɔn fi amannɔne bae no nyinaa. Munnwira mo ho, na monsesa mo ntade nso.” Ɔtoaa so se, “Yɛrebetu kwan akɔ Bet-El. Na sɛ yedu hɔ a, yebesi afɔremuka ama Onyankopɔn a otiee me mpaebɔ wɔ mʼamanehunu mu, na ɔkaa me ho wɔ mʼakwantu mu no.” Enti wɔn nyinaa de wɔn ahoni ne asokaa maa Yakob. Yakob tuu fam wɔ odum bi ase wɔ Sekem, de ne nyinaa hyɛɛ hɔ. Na wosii mu. Wɔrekɔ no, Onyankopɔn bɔɔ nkurow a wɔfaa so no nyinaa mu nnipa no hu a ɛno nti obiara antumi antaa wɔn.
Yakob ne ne nkurɔfo a wɔka ne ho no beduu Lus a ɛno ara ne Bet-El a ɛwɔ Kanaan asase so no. Osii afɔremuka wɔ hɔ, too hɔ din El-Bet-El, efisɛ ɛhɔ na bere a ɔreguan afi ne nua Esau nkyɛn no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ no.
Eyi akyi no, Debora a ɔyɛ Rebeka bagyigyefo no wu ma wosiee no wɔ odum bi a ɛwɔ Bet-El bon mu no ase. Efi saa bere no, wɔtoo beae hɔ din Alon-Bakut, a ne nkyerɛase ne Agyaadwotwa Dum.
Yakob fi Paddan-Aram beduu Bet-El no, Onyankopɔn san yii ne ho adi kyerɛɛ no, hyiraa no. 10 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Ɛwɔ mu sɛ wɔfrɛ wo Yakob de, nanso efi nnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel a ne nkyerɛase ne Onipa a ɔne Onyankopɔn adi asi.” Enti Onyankopɔn too ne din se Israel.
11 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob se, “Mene Onyankopɔn tumfo no. Wʼase nnɔ, na wʼase mfɛe. Ɔman ne aman asafo befi wo mu aba. Saa ara na ahemfo nso befi wo mu aba. 12 Mede asase a mede maa Abraham ne Isak no bɛma wo. Yiw, mede saa asase koro yi ara bɛma wʼasefo.” 13 Na Onyankopɔn fii faako a na ɔne Yakob rekasa hɔ no kɔɔ ɔsoro.
14 Yakob sii ɔbodum wɔ hɔ, hwiee afɔresa guu so, de bɔɔ Onyankopɔn afɔre. Ɔsan de afɔrengo sraa odum no ho. 15 Yakob too beae a Onyankopɔn ne no kasae no Bet-El, a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn fi.
Benyamin Awo Ne Rahel Wu
16 Yakob ne ne fifo sii mu fii Bet-El, de wɔn ani kyerɛɛ Efrat. Wɔrekɔ no, awo kaa Rahel wɔ akwantemfi. 17 Bere a ɔreko awo no, ɔbea ɔwogyefo no ka kyerɛɛ no se, “Nsuro na worebɛwo ɔbabarima bio.” 18 Nanso Rahel koo awo tɔe. Na bere a ne kra refi ne mu na ɔreyɛ awu no, ɔtoo ne babarima a wawo no no din Ben-Oni, a ne nkyerɛase ne Mʼawerɛhow Mu Ba. “Nanso nʼagya san too no din Benyamin a, ne nkyerɛase ne Me dɔba.”
19 Rahel wu ma wosiee no Efrat a ɛno ara ne Betlehem no akwantemfi. 20 Yakob yɛɛ nkaedum sii Rahel da no so a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ.
21 Israel toaa nʼakwantu no so, kosii ne ntamadan wɔ Edir abantenten no akyi nohɔ baabi. 22 Bere a Israel te saa asase no so no, ɔtee sɛ ne ba panyin Ruben ne Bilha a ɔyɛ nʼagya afenaa a waware no no akɔda.
 
Na Yakob wɔ mmabarima dumien:
 
23 Lea mma na wɔn din didi so yi:
Ruben a ɔno ne Israel abakan,
Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon.
24 Rahel nso mmabarima baanu no ne
Yosef ne Benyamin.
25 Rahel afenaa Bilha mmabarima baanu no ne
Dan ne Naftali
26 Lea afenaa Silpa nso mmabarima baanu no ne
Gad ne Aser.
 
Eyinom ne Yakob mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Paddan-Aram no.
Isak Wu
27 Akyiri yi no, Yakob baa nʼagya Isak nkyɛn wɔ Mamrɛ wɔ Kiriat-Arba, a ɛno ara ne Hebron, faako a Abraham ne Isak tenaa sɛ ahɔho no. 28 Isak dii mfe ɔha ne aduɔwɔtwe. 29 Isak wu ma wɔfaa no kɔkaa ne mpanyimfo ho; na wabɔ akwakoraa posoposo. Ne mmabarima Esau ne Yakob na wosiee no.