34
Sekem Gu Dina Ho Fi
Da koro bi, Lea ne Yakob ba Dina fii adi kɔsraa mmabaa a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ no. Bere a Hewifohene Hamor babarima Sekem huu Dina no, ɔkyeree no kɔtoo no mmonnaa. Efi saa bere no, Sekem tuu nʼani sii Yakob ba Dina so. Ɔbɔɔ mmɔden ara sɛ ɔne no bɛkasa ama wapene so, na waware no. Ɛno nti, Sekem dii ho nkɔmmɔ kyerɛɛ nʼagya Hamor se, “Mepɛ sɛ meware ababaa yi, enti kɔka ne ho asɛm ma me!”
Bere a Yakob tee sɛ Sekem akɔkyere ne babea Dina akɔto no mmonnaa no, na ne mmabarima no nyinaa ne wɔn agya anantwi wɔ wuram. Enti Yakob anka hwee kosii sɛ wɔbae.
Sekem nʼagya Hamor kɔɔ Yakob nkyɛn ne no kodii nkɔmmɔ. Yakob mmabarima no tee wɔn nuabea Dina ho asɛm no pɛ, wofii wuram hɔ bae. Wɔn werɛ howee na wɔn bo nso fuw yiye, efisɛ Sekem ayɛ aniwude wɔ Israel. Ɔne Yakob babea dae, na eyi yɛ akyiwade.
Nanso Hamor ka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no na ɔnware no. Mo ne yenni aware. Momfa mo mmabea mma yɛn, na yɛnware wɔn, na yɛn nso, yɛmfa yɛn mmabea mma mo aware. 10 Mubetumi ne yɛn atena. Asase yi nyinaa yɛ mo dea. Montena so, nni gua wɔ so, mpɛ mu agyapade.”
11 Na Sekem ka kyerɛɛ Dina nʼagya ne ne nuabarimanom no se “Munnye me nto mu. Biribiara a mubegye me no, metua. 12 Ɔbea no ti ade ne biribiara a mubegye aka ho no, mommɔ bo biara a mopɛ, na metua. Nea ehia me ara ne sɛ, mode ababaa no bɛma me aware.”
13 Esiane sɛ na Sekem agu wɔn nuabea Dina ho fi no nti, mmuae a wɔmaa Sekem ne nʼagya Hamor no anyɛ nokware. Na mmom, na wɔwɔ adwene foforo bi wɔ akyi. 14 Yakob mmabarima no ka kyerɛɛ Sekem ne nʼagya Hamor se, “Yɛrentumi mfa yɛn nuabea mma ɔbarima a ontwaa twetia aware. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛagu yɛn ho anim ase. 15 Ansa na yɛde yɛn nuabea bɛma wo aware no, gye sɛ woatwitwa wo mmarima nyinaa twetia te sɛ yɛn. 16 Sɛ moyɛ saa de a, yɛne mo bedi aware. Mobɛware yɛn mmea, na yɛn nso, yɛaware mo mmea. Yɛne mo bɛtena fɛfɛɛfɛ sɛ nnipa baako. 17 Sɛ moampene so amma wɔantwitwa mo twetia de a, yebegye yɛn nuabea de no akɔ.”
18 Asɛm a wɔkae no tɔɔ Hamor ne ne ba Sekem asom. 19 Sekem a na ɔyɛ aberante a odi mu wɔ nʼagya mma nyinaa mu no antwentwɛn ne nan ase koraa. Okotwaa twetia no, sɛnea Yakob mma no kae no, efisɛ na ɔpɛ Yakob babea no yiye. 20 Enti Hamor ne ne ba Sekem kɔbɔɔ gua wɔ kurow no pon ano ne ɛhɔ mmarima kɔkasae se, 21 “Yakob ne ne mma yi ne yɛn te yiye. Mompene so na wɔne yɛn ntena yɛn asase yi so, na yenni gua. Efisɛ yɛn asase yi so a yɛne wɔn bɛsen so. Yebetumi aware wɔn mmabea, na wɔn nso betumi aware yɛn de. 22 Nanso ansa na wɔn mmarima no bɛpene so ne yɛn atena sɛ nnipa koro no, gye sɛ yɛn mmarima nyinaa twitwa twetia, sɛnea wɔn nso wɔatwitwa twetia no. 23 Sɛ ɛba saa a, wɔn mmoa, wɔn agyapade ne wɔn mmoa ahorow a ɛkeka ho no nyinaa remmɛyɛ yɛn de ana? Enti momma yɛmpene so mma wɔn, na yɛne wɔn ntena.”
24 Mmarima a wokohyiaa Hamor ne ne ba Sekem wɔ kurow no pon ano no nyinaa ne wɔn yɛɛ adwene maa mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa twitwaa twetia.
Dina So Aweretɔ
25 Nnansa akyi a na twetiatwa no nti, kurom hɔ mmarima no nyinaa deda hɔ a wogye wɔn ho a ennye no, Yakob mmabarima baanu Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuabarimanom no faa wɔn mpeaw. Wɔkɔtow hyɛɛ kurow no so bere a wɔn ani nna wɔn ho so, kunkum mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa. 26 Wɔde peaw kum Hamor ne ne ba Sekem, na wɔfaa wɔn nuabea Dina fii Sekem fi de no kɔɔ wɔn nkyɛn. 27 Yakob mmabarima a wɔaka no nso tow hyɛɛ kurow no so. Wotiatiaa nnipa a wɔawuwu no so, fom kurow no mu nneɛma nyinaa pasaa, efisɛ ɛhɔ na Sekem guu wɔn nuabea Dina ho fi. 28 Wɔfom wɔn mmoa, wɔn anantwi, wɔn nguan, wɔn mfurum ne wɔn agyapade biara a ɛwɔ kurow no mu ne nea ɛwɔ wuram nyinaa. 29 Wɔfaa wɔn ahode, wɔn yerenom ne wɔn mmea, fom wɔn afi mu nneɛma nyinaa.
30 Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi se, “Mode ɔhaw abɛto me so, ama nnɛ me ho koraa abɔn Perisifo ne Kanaanfo a mete wɔn asase so yi. Yɛnnɔɔso. Sɛ wɔka wɔn ho bo mu bɛtow hyɛ yɛn so a, wɔbɛhyew me ne mʼasefo nyinaa.”
31 Na wobuaa wɔn agya se, “Enti anka yɛntena hɔ nhwɛ na ɔnyɛ yɛn nuabea sɛ oguamanfo ana?”