Nnwom Mu Dwom   
1
1 Salomo nnwom mu dwom.   
Ababaawa:  
2 Ma ɔmfa nʼano mfeano no mfe mʼano,  
ɛfiri sɛ wo dɔ no yɛ ahomeka sene bobesa.   
3 Wʼaduhwam yi hwa a ɛyɛ ahomeka  
wo din te sɛ aduhwam a wɔahwie.  
Na ɛnyɛ nwanwa sɛ mmabaawa no dɔ woɔ!   
4 Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm!  
Ma ɔhene mfa me nkɔ ne piam.  
Nnamfonom  
Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho.  
Yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa.  
Ababaawa:  
Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!   
   
 
5 Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ,  
Ao, Yerusalem mmammaa,  
mobiri te sɛ Kedar ntomadan,  
te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam!   
6 Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti,  
ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa.  
Memaa mmammarima bo fuu me  
enti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so;  
na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo.   
7 Kyerɛ me me dɔfoɔ,  
faako a wode wo nnwankuo kɔ adidi  
na owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home.  
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanim  
wɔ wo nnamfonom nnwankuo ho?   
Nnamfonom  
8 Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no,  
fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so  
na fa wo mpapo mma kɔ adidi  
wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.   
Aberanteɛ:  
9 Me dɔfoɔ, mede wo toto pɔnkɔ bereɛ  
a wɔde ahoma asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho.   
10 Nsomuadeɛ ama wʼafono ho ayɛ fɛ,  
na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.   
11 Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ nsomuadeɛ  
a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.   
Ababaawa:  
12 Ɛberɛ a ɔhene te nʼadidi ɛpono ho no,  
nʼaduhwam hwa no gyee hɔ.   
13 Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ kurobo toa  
a ɛda me nufu ntam.   
14 Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmm  
wɔ En-Gedi bobe turo mu.   
Aberanteɛ:  
15 Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ!  
Ao, ahoɔfɛ nie  
wʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma.   
Ababaawa  
16 Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ!  
Ao, ahoɔfɛ nie  
yɛn mpa so yɛ akɔnɔakɔnɔ.   
Aberanteɛ:  
17 Yɛn fie mpunan yɛ ntweneduro;  
yɛn nsamsoɔ yɛ pepeaa.