7
Israel Ahohia 
 
1 Mayɛ mmɔbɔ!  
Mete sɛ aduaba tefoɔ a  
otwa berɛ akyi mekɔdi mpɛpɛ wɔ bobe turo mu;  
mennya bobe siaw na madi,  
borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan a me kɔn dɔ nso, saa ara.   
2 Moapra Nyamefɛrefoɔ nyinaa afiri asase so.  
Anka ɔbaako a ɔtene mpo.  
Nnipa nyinaa tetɛ na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu;  
wɔsunsum wɔn ho wɔn ho mfidie.   
3 Nsa mmienu no nyinaa akokwa bɔneyɛ mu;  
sodifoɔ bisa akyɛdeɛ,  
ɔtemmufoɔ gye adanmudeɛ,  
wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ deɛ wɔpɛ,  
wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumuyɛ ho.   
4 Deɛ ɔyɛ wɔ wɔn mu no te sɛ hwerɛmo;  
deɛ ɔtene pa ara no, nkasɛɛ ban yɛ sene no.  
Wʼatɛmmuda no aso,  
ɛda a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ.  
Yei ne ɛberɛ a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ.   
5 Nnye obiara nni;  
mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu.  
Mpo ɔbaa a ɔda wo koko mu no  
to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.   
6 Ɔbabarima twiri nʼagya,  
Ɔbabaa sɔre tia ne maame,  
asebaa nso tia nʼase  
na onipa biara atamfoɔ bɛfiri ɔno ankasa ne fiefoɔ mu.   
7 Me deɛ, mede anidasoɔ hwɛ Awurade,  
Metwɛn me Nkwagyeɛ Onyankopɔn;  
na me Onyankopɔn bɛtie me.   
Israel Bɛsɔre 
 
8 Mma wʼani nnye, me ɔtamfoɔ!  
Mahwe ase deɛ, nanso mɛsɔre.  
Esum aduru me deɛ,  
nanso Awurade bɛyɛ me hann.   
9 Sɛ mayɛ bɔne atia no enti,  
Awurade abufuo bɛba me so,  
kɔsi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama me  
na wada me bembuo adi.  
Ɔde me bɛba hann no mu;  
na mɛhunu ne tenenee.   
10 Afei, mʼatamfoɔ bɛhunu  
na wɔn ani bɛwu,  
deɛ ɔsee me sɛ,  
“Ɛhe na Awurade wo Onyankopɔn no wɔ?”  
Mʼani bɛhunu nʼahweaseɛ;  
mpo seesei no, wɔbɛtiatia ne so  
te sɛ atɛkyɛ a ɛwɔ mmɔntene so.   
   
 
11 Ɛda a wɔbɛto wʼafasuo no bɛba,  
ɛda a wɔbɛtrɛ wʼahyeɛ mu.   
12 Ɛda no, nnipa bɛba wo nkyɛn  
firi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu,  
mpo wɔbɛfiri Misraim akɔsi Eufrate  
afiri ɛpo akɔsi ɛpo  
ne bepɔ so akɔsi bepɔ so.   
13 Asase no bɛyɛ amanfo ɛsiane nnipa a wɔtete so  
ne wɔn nneyɛɛ enti.   
Mpaeɛbɔ Ne Nkamfoɔ 
 
14 Fa wo poma di wo nkurɔfoɔ anim,  
nnwan a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no,  
a wɔn nko ara tete kwaeɛ mu  
wira frɔmfrɔm adidibea hɔ.  
Ma wɔn nnidi wɔ Basan ne Gilead  
sɛ tete nna no mu.   
   
 
15 “Mɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ wo,  
sɛdeɛ meyɛɛ nna a wofiri Misraim baeɛ mu no.”   
   
 
16 Aman bɛhunu wo na wɔn ani bɛwu,  
wɔn a tumi nyinaa afiri wɔn nsa no.  
Wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano  
na wɔn aso bɛsisi.   
17 Wɔbɛdi dɔteɛ sɛ awɔ,  
ne mmoa a wɔwea fam.  
Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn abɔn mu aba;  
wɔde suro bɛdane wɔn ho ama Awurade yɛn Onyankopɔn,  
na wɔbɛsuro wo.   
18 Hwan na ɔte sɛ wo,  
Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ?  
Wo a wode agyanom asefoɔ nkaeɛ amumuyɛ kyɛ wɔn.  
Wʼabofuo nntena hɔ daa  
na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi.   
19 Wobɛhunu yɛn mmɔbɔ bio,  
wobɛtiatia yɛn bɔne so,  
na woato yɛn amumuyɛ agu ɛpo bunu mu.   
20 Wobɛyɛ nokwafoɔ ama Yakob  
na wahunu Abraham mmɔbɔ  
sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam  
teteete no.