Odiyifoɔ  
Mika  
Nwoma   
1
1 Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika ɛberɛ a na Yotam, Ahas ne Hesekia di adeɛ wɔ Yuda no. Anisoadehunu a ɔhunuiɛ fa Samaria ne Yerusalem ho.   
   
 
   
 
2 Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,  
montie, asase ne mo a mote so nyinaa.  
Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo,  
ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu.   
Atemmuo A Ɛtia Samaria Ne Yerusalem 
 
3 Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba;  
ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so.   
4 Mmepɔ nane wɔ nʼase,  
mmɔnhwa mu paepae  
te sɛ ama a aka ogya,  
te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so.   
5 Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne,  
ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti.  
Yakob nnebɔne ne sɛn?  
Ɛnyɛ Samaria anaa?  
Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea?  
Ɛnyɛ Yerusalem anaa?   
   
 
6 “Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie,  
baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.  
Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa mu  
ama ne fapem ho ada hɔ.   
7 Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini;  
wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa.  
Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa.  
Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaa  
ɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no enti  
wɔde bɛma adwamanfoɔ.”   
Osu Ne Awerɛhoɔ 
 
8 Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ;  
mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa.  
Mɛpɔ so sɛ odompo  
na masu sɛ ɔpatuo.   
9 Nʼapirakuro no wuo ayɛ den;  
abɛduru Yuda.  
Abɛduru me nkurɔfoɔ ɛpono ano  
mpo aduru Yerusalem ankasa.   
10 Monnka no wɔ Gat  
monnsu koraa  
Mo a mowɔ Bet-Leafra deɛ  
monyantam mfuturo mu.   
11 Monsene nkɔ adagya ne aniwuo mu,  
mo a mote Safir.  
Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue  
Bet-Esel wɔ awerɛhoɔ mu;  
ɛfiri sɛ, wo hɔ na ɔnya ne banbɔ.   
12 Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mu  
de twɛn mmoa,  
ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ aba  
abɛduru Yerusalem ɛpono ano.   
13 Mo a mote Lakis,  
monsiesie nteaseɛnam no.  
Mo ne bɔne farebae  
ma Ɔbabaa Sion,  
na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu.   
14 Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat,  
Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo.   
15 Mede nkonimdifoɔ bɛtoa mo  
mo a mote Maresa.  
Deɛ ɔyɛ Israel onimuonyamfoɔ no  
bɛba Adulam.   
16 Monyi mo tirinwi mfa nni awerɛhoɔ,  
wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho;  
mommɔ tikwa te sɛ ɔpete,  
ɛfiri sɛ, wɔbɛfa wɔn afiri mo nkyɛn  
akɔ nnommumfa mu.