4
1 Sɛdeɛ sikakɔkɔɔ a anka ɛhyerɛn no nie?  
Sikakɔkɔɔ amapa no ho abiri!  
Wɔatoto aboɔdemmoɔ kronkron apete  
wɔ mmɔntene biara so.   
   
 
2 Hwɛ sɛdeɛ Sion mmammarima a wɔdi mu  
na anka wɔsom bo sɛ sika kɔkɔɔ no ayɛ,  
seesei wɔfa wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo,  
ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma!   
   
 
3 Mpo sakraman yi wɔn nufoɔ  
ma wɔn mma enum,  
nanso me nkurɔfoɔ ayɛ atirimuɔdenfoɔ  
sɛ sohori a ɔwɔ ɛserɛ so.   
   
 
4 Osukɔm enti, akokoaa tɛkrɛma  
fam ne dodo mu;  
mmɔfra no su pɛ aduane,  
nanso obiara mfa mma wɔn.   
   
 
5 Wɔn a na anka wɔdi nnuane pa no  
ohia buruburo aka wɔn wɔ mmɔntene so.  
Wɔn a wɔde serekye tetee wɔn no  
seesei wɔdeda nso nkɔfie so.   
   
 
6 Me nkurɔfoɔ asotwe  
so sene Sodom a  
wɔtuu wɔn mpofirim no deɛ,  
a wɔannya ɔboafoɔ biara no.   
   
 
7 Na wɔn ahenemma ho twa sene sukyerɛmma,  
na wɔhoa sene nufosuo,  
na wɔn onipadua no bere na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa,  
na wɔte sɛ aboɔdemmoɔ.   
   
 
8 Nanso, seesei deɛ, wɔbiri sene wisiapunu;  
na wɔnhunu wɔn yie wɔ mmɔntene so.  
Wɔn wedeɛ atwintwam wɔ wɔn nnompe so;  
ɛho awo wesee sɛ abaa.   
   
 
9 Wɔn a wɔtotɔ wɔ akofena ano no yɛ koraa  
sene wɔn a ɛkɔm kunkumm wɔn;  
ɛkɔm tware wɔn, ma wɔwuwu  
ɛsiane aduane a ɛnni mfuo so enti.   
   
 
10 Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ  
de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma,  
ayɛ wɔn aduane  
ɛberɛ a wɔsɛee me nkurɔfoɔ no.   
   
 
11 Awurade ada nʼabufuhyeɛ nyinaa adi;  
wahwie nʼabufuo a ano yɛ den no.  
Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion  
ma ɛhyee ne fapem.   
   
 
12 Asase so ahemfo annye anni,  
ewiase mu nnipa nso annye anni  
sɛ atamfoɔ bɛtumi ahyɛne  
Yerusalem apono mu.   
   
 
13 Nanso ɛsiiɛ, nʼadiyifoɔ no bɔne  
ne nʼasɔfoɔ amumuyɛ enti,  
wɔn na wɔhwiee teneneefoɔ mogya  
guu wɔ kuropɔn no mu.   
   
 
14 Afei wɔkeka wɔ mmɔntene so  
te sɛ nnipa a wɔn ani afira.  
Mogya a ama wɔn ho agu fi no enti  
obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntadeɛ.   
   
 
15 Nnipa teateaam gu wɔn so sɛ, “Momfiri ha nkɔ! Mo ho nnte!  
Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.”  
Sɛ wɔdwane kɔnenam a  
amanaman no mu nnipa ka sɛ,  
“Wɔrentumi ntena ha bio.”   
   
 
16 Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete;  
nʼani nni wɔn so bio.  
Wɔmmfa anidie mma asɔfoɔ,  
na wɔn ani nnsɔ mpanimfoɔ.   
   
 
17 Deɛ ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn,  
yɛpɛɛ sɛ yɛbɛnya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa;  
yɛfiri yɛn abantenten so de yɛn ani too  
ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.   
   
 
18 Nnipa dii yɛn ntɛntɛ wɔ yɛn anammɔntuo mu,  
enti yɛantumi annante yɛn mmɔntene so.  
Yɛn awieeɛ bɛneeɛ, na wɔkanee yɛn nna,  
ɛfiri sɛ na yɛn awieeɛ aduru so.   
   
 
19 Yɛn ataafoɔ ho yɛ hare  
sene akɔdeɛ a wɔwɔ ewiem;  
wɔtaa yɛn faa mmepɔ so  
na wɔtɛɛ yɛn wɔ ɛserɛ so.   
   
 
20 Deɛ Awurade asra no ngo, yɛn ankasa yɛn nkwa no,  
ɔtɔɔ wɔn mfidie mu.  
Yɛgye dii sɛ ne nwunu ase  
yɛbɛnya nkwa wɔ amanaman no mu.   
   
 
21 Di ahurisie na ma wʼani nnye, Ao Edom Ɔbabaa,  
wo a wote Us asase so.  
Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi;  
wobɛboro na wɔabɔ wo adagya.   
   
 
22 Ao Ɔbabaa Sion, wʼasotwe bɛba awieeɛ;  
ɔremma wonkɔ so ntena nnommumfa mu.  
Nanso, Ao Ɔbabaa Edom, ɔbɛtua wo bɔne so ka  
na wada wʼamumuyɛ adi.