2
1 Sɛdeɛ Awurade de nʼabufuhyeɛ omununkum  
akata Ɔbabaa Sion so nie?  
Wato Israel animuonyam  
firi soro abɛhwe fam;  
wankae ne nan ntiasoɔ  
wɔ nʼabufuo da no.   
   
 
2 Awurade annya ahummɔborɔ  
na wamene Yakob atenaeɛ nyinaa;  
nʼabufuhyeɛ mu, wadwiri  
Yuda Ɔbabaa aban denden no agu fam.  
Wagu nʼahennie ne ne mmapɔmma  
ho fi.   
   
 
3 Ɔde abufuhyeɛ atwitwa  
Israel mmɛn nyinaa.  
Wayi ne banbɔ  
wɔ ɛberɛ a atamfoɔ no reba.  
Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyadɛreɛ  
a ɛhye biribiara a atwa ho ahyia.   
   
 
4 Wapoma ne bɛmma te sɛ ɔtamfoɔ;  
ne nsa nifa ayɛ krado.  
Sɛdeɛ ɔtamfoɔ yɛ no, wakunkum  
wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ anisoɔ nyinaa;  
wahwie nʼabufuhyeɛ sɛ ogya  
agu Ɔbabaa Sion ntomadan so.   
   
 
5 Awurade ayɛ sɛ ɔtamfoɔ;  
wamene Israel.  
Wamene nʼahemfie nyinaa  
asɛe nʼabandenden.  
Wama awerɛhoɔdie ne agyaadwotwa adɔɔso  
ama Yuda Ɔbabaa.   
   
 
6 Wama nʼatenaeɛ ada mpan sɛ turo;  
wasɛe ne dwabirem.  
Awurade ama Sion werɛ afiri  
nʼafahyɛ ne home nna;  
wɔ nʼabufuhyeɛ mu no  
wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.   
   
 
7 Awurade apo nʼafɔrebukyia  
na wagyae ne kronkronbea mu.  
Ɔde nʼahemfie afasuo  
ahyɛ nʼatamfoɔ nsa.  
Wɔteam wɔ Awurade efie  
te sɛ afahyɛ da.   
   
 
8 Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe  
Ɔbabaa Sion ɔfasuo a atwa ne ho ahyia no.  
Ɔde susuhoma too ho  
na wannyae ɔsɛeɛ no.  
Ɔmaa apie ne afasuo dii abooboo;  
wɔn nyinaa sɛeɛ.   
   
 
9 Nʼapono amem fam;  
wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no.  
Ne ɔhene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asuo kɔ amanaman no mu,  
mmara nni hɔ bio,  
na nʼadiyifoɔ nnnya anisoadehunu a  
ɛfiri Awurade hɔ bio.   
   
 
10 Ɔbabaa Sion mpanimfoɔ  
tete fam ayɛ komm;  
wɔde mfuturo agu wɔn tirim  
afirafira ayitoma.  
Yerusalem mmabaawa  
asisi wɔn tiri ase.   
   
 
11 Mʼani rentumi nnyae nisuteɛ,  
me yafunu mu retwa me,  
mʼakoma rete atɔ fam,  
ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ,  
ɛfiri sɛ mmɔfra ne mmotafowa totɔ piti  
wɔ kuropɔn no mmɔntene so.   
   
 
12 Wɔbisa wɔn maamenom sɛ,  
“Ɛhe na aduane ne nsã wɔ?”  
Ɛberɛ a wɔtotɔ piti sɛ apirafoɔ  
wɔ kuropɔn no mmɔntene so,  
ɛberɛ a wɔn nkwa resa  
wɔ wɔn maamenom abasa so.   
   
 
13 Ɛdeɛn na mɛtumi aka ama woɔ?  
Ɛdeɛn ho na mɛtumi de wo atoto,  
Ao, Yerusalem Ɔbabaa?  
Ɛdeɛn na mɛtumi de asusu woɔ,  
de akyekyere wo werɛ,  
Ao, Sion Ɔbabaa Bunu?  
Wʼapirakuro so sɛ ɛpo.  
Hwan na ɔbɛtumi asa ama woɔ?   
   
 
14 Wʼadiyifoɔ anisoadehunu  
yɛ atorɔ a ɛho nni mfasoɔ;  
wɔanna mo amumuyɛ adi  
ansi mo nnommumfa ano.  
Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no  
yɛ atorɔ ne nnaadaa.   
   
 
15 Wɔn a wɔtwam wo ɛkwan soɔ nyinaa  
bobɔ wɔn nsam gu wo so;  
wɔdi wo ho fɛ na wɔwoso wɔn tiri  
gu Yerusalem Ɔbabaa so ka sɛ,  
“Yei ne kuropɔn a na wɔfrɛ no  
ahoɔfɛ a ɛdi mu no?  
Asase nyinaa anigyedeɛ no nie?”   
   
 
16 Wʼatamfoɔ nyinaa baeɛ wɔn anom  
kakraa tia wo;  
wɔsere na wɔtwɛre wɔn se  
na wɔka sɛ, “Yɛamene no.  
Ɛda a na yɛretwɛn no nie;  
Yɛatena ase ahunu.”   
   
 
17 Awurade ayɛ deɛ ɔhyehyɛeɛ;  
wama nʼasɛm a  
ɔhyɛɛ dadaada no aba mu.  
Watu wo agu a wanhunu wo mmɔbɔ,  
wama ɔtamfoɔ no ani agye  
wama wʼatamfoɔ no mmɛn so.   
   
 
18 Nnipa no akoma  
su frɛ Awurade.  
Ao, Sion Ɔbabaa fasuo,  
ma wo nisuo nsene sɛ asubɔnten  
awia ne anadwo;  
nnye wʼahome  
mma wʼani nso nnya ahomeɛ.   
   
 
19 Sɔre, su denden anadwo  
ɔdasuom mfitiaseɛ;  
hwie wʼakoma mu nsɛm sɛ nsuo  
gu Awurade anim.  
Ma wo nsa so kyerɛ no  
wo mma nkwa enti,  
wɔn a ɛkɔm ama wʼatotɔ baha  
wɔ mmɔntene so.   
   
 
20 “Hwɛ na dwene ho, Ao, Awurade:  
Hwan na wode no afa saa ɛkwan yi so pɛn?  
Ɛsɛ sɛ mmaa we wɔn yafunu mma nam anaa,  
mma a wɔahwɛ wɔn?  
Ɛsɛ sɛ wɔkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ  
wɔ Awurade kronkronbea anaa?   
   
 
21 “Mmɔfra ne mpanin adeda abɔ mu  
mfuturo mu wɔ mmɔntene so,  
me mmeranteɛ ne mmabaawa  
atotɔ wɔ akofena ano.  
Wakum wɔn wɔ wʼabufuo da;  
wayam wɔn na wannya ahummɔborɔ.   
   
 
22 “Sɛdeɛ wotoo wo nsa frɛ wɔ apontoɔ da no,  
saa ara na wofrɛfrɛɛ  
amanehunu firi afanan nyinaa tiaa me.  
Awurade abufuo da no,  
obiara annwane na obiara anka:  
wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetee wɔn no,  
me ɔtamfoɔ adwerɛ wɔn.”