47
Nsɛm A Ɛfa Filistifoɔ Ho 
 
1 Ansa na Farao bɛto ahyɛ Gasa so no, yei ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifoɔ ho a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn:   
   
 
2 Sei na Awurade seɛ:  
“Monhwɛ sɛdeɛ nsuo retue wɔ atifi fam;  
ɛbɛbu afa asase no ne biribiara a ɛwɔ soɔ so,  
nkuro no ne nnipa a wɔtete mu.  
Nnipa no bɛteateam;  
wɔn a wɔte asase no so nyinaa bɛtwa adwo   
3 ɛberɛ a wɔate apɔnkɔ a wɔdi mmirika no nan ase nnyegyeɛ,  
na wɔate atamfoɔ no nteaseɛnam gyegyeegye  
ne wɔn ntwahonan nnyegyeɛ.  
Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;  
wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.   
4 Na ɛda no aba  
sɛ wɔsɛe Filistifoɔ no nyinaa  
na wɔtwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,  
wɔn a anka wɔtumi boa Tiro ne Sidon no.  
Awurade rebɛsɛe Filistifoɔ no,  
nkaeɛfoɔ a wɔfiri Kreta mpoano no.   
5 Gasa bɛbɔ tikwa ɛberɛ a ɔretwa adwo;  
wɔbɛma Askelon atɔre mum.  
Ao nkaeɛfoɔ a mowɔ tata so,  
mobɛsu akɔsi da bɛn?   
   
 
6 “Mosu sɛ, ‘Aa Awurade akofena,  
da bɛn na wobɛhome?  
Sane kɔhyɛ wo bɔha mu;  
gyae na da dinn.’   
7 Na ɛbɛyɛ dɛn na ada dinn  
ɛberɛ a Awurade ahyɛ no sɛ  
ɔnkoto nhyɛ Askelon ne mpoano no so?”