56
Afoforɔ Nkwagyeɛ 
 
1 Yei ne deɛ Awurade seɛ:  
“Monkɔ so mmu atɛntenenee  
na monyɛ deɛ ɛyɛ,  
ɛfiri sɛ me nkwagyeɛ abɛn  
na ɛrenkyɛre me tenenee bɛda adi.   
2 Nhyira nka onipa a ɔyɛ yeinom,  
onipa a ɔkura mu denden:  
deɛ ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron,  
na ɔkame ne ho firi bɔneyɛ ho.”   
3 Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka sɛ,  
“Ampa ara Awurade renkane me mfra ne nkurɔfoɔ mu.”  
Na opiani biara nso nwiinwii sɛ,  
“Meyɛ duawuiɛ.”   
4 Sei na Awurade seɛ,  
“Apiafoɔ a wɔkae me home nna,  
wɔn a wɔyɛ deɛ ɛsɔ mʼani  
na wɔkura mʼapam mu denden,   
5 mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ɛho afasuo no mu,  
nkaedeɛ ne edin a  
ɛkyɛn mmammarima ne mmammaa;  
mɛma wɔn edin a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ,  
edin a ɛrentwam.   
6 Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awurade  
sɛ wɔbɛsom no,  
sɛ wɔbɛdɔ Awurade din,  
na wɔasɔre no,  
wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa,  
na wɔkura mʼapam mu denden;   
7 yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so  
na mama wɔn anigyeɛ wɔ me mpaeɛbɔ efie.  
Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no,  
mɛgye wɔ mʼafɔrebukyia so;  
na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ a  
aman nyinaa bɔ mpaeɛ.”   
8 Otumfoɔ Awurade,  
deɛ ɔboaboa Israel atukɔfoɔ ano no ka sɛ:  
“Mɛkɔ so aboaboa afoforɔ ano aka wɔn ho  
aka wɔn a maboa wɔn ano dada no ho.”   
Onyankopɔn Soboɔ A Ɛtia Amumuyɛfoɔ 
 
9 Mommra, mo wiram mmoadoma nyinaa,  
mommɛdidi, mo kwaeɛm mmoa nyinaa!   
10 Israel awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ,  
wɔn mu biara nni nimdeɛ;  
wɔn nyinaa yɛ nkraman mum,  
wɔntumi mmobɔ mu;  
wɔdeda hɔ na wɔsoso daeɛ,  
nna yɛ wɔn dɛ.   
11 Wɔyɛ nkraman a wɔpɛ aduane yie;  
wɔnnidi mmee da.  
Wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nteaseɛ;  
wɔn nyinaa fa wɔn ɛkwan,  
obiara pɛ nʼankasa mfasoɔ.   
12 “Mommra,” obiara team sɛ, “momma me nsã!  
Momma yɛnnom nsaden mmoro!  
Na ɔkyena bɛyɛ sɛ ɛnnɛ,  
ebia ɛbɛsene ɛnnɛ koraa.”