51
Sion Daapem Nkwagyeɛ 
 
1 “Montie me, mo a mopɛ tenenee akyiri kwan;  
na mohwehwɛ Awurade;  
Monhwɛ ɔbotan a wɔtwaa mo firii mu no  
ne abopaebea a wɔtuu mo firii hɔ no;   
2 Monhwɛ Abraham mo agya,  
ne Sara a ɔwoo mo no.  
Ɛberɛ a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofoɔ,  
na mehyiraa no maa nʼase trɛeɛ.   
3 Awurade bɛkyekye Sion werɛ ampa ara  
na ne yam bɛhyehye no wɔ ne mmubuiɛ no ho;  
ɔbɛyɛ nʼanweatam ahodoɔ sɛ Eden,  
nʼasase a ada mpan bɛyɛ sɛ Awurade turo.  
Wɔbɛhunu anigyeɛ ne ahosɛpɛ,  
aseda ne nnwontoɔ wɔ ne mu.   
   
 
4 “Montie me, me nkurɔfoɔ;  
monyɛ aso mma me, me ɔman:  
Mmara no bɛfiri me nkyɛn akɔ;  
na mʼatɛntenenee bɛyɛ hann ama aman no.   
5 Me tenenee reba ntɛm so,  
me nkwagyeɛ nam ɛkwan so,  
na mʼabasa de atɛntenenee bɛbrɛ aman no.  
Nsupɔ no bɛhwehwɛ me  
na wɔde anidasoɔ bɛtwɛn mʼabasa.   
6 Mompagya mo ani nhwɛ ɔsorosoro,  
monhwɛ asase wɔ fam;  
ɔsorosoro bɛtu ayera sɛ wisie  
na asase bɛtete sɛ atadeɛ  
na wɔn a wɔte so bɛwuwu sɛ nwansena.  
Nanso me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa,  
me tenenee to rentwa da.   
   
 
7 “Montie me, mo a monim deɛ ɛteneɛ,  
mo a me mmara wɔ mo akoma mu:  
Monnsuro nnipa animka  
anaa momma wɔn ahohora ntu mo bo.   
8 Na nweweboa bɛwe wɔn te sɛ deɛ wɔwe atadeɛ;  
ɔsonsono bɛsɛe wɔn te sɛ deɛ wɔsɛe kuntu.  
Nanso me tenenee bɛtena hɔ daa  
me nkwagyeɛ bɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.”   
   
 
9 Nyane, nyane! Ao Awurade basa  
hyɛ ahoɔden aduradeɛ;  
nyane te sɛ nna a atwam no,  
te sɛ tete awoɔ ntoatoasoɔ mu no.  
Ɛnyɛ wo na wotwitwaa Rahab mu asinasini no,  
na wohwiree asuboa kɛseɛ no mu no?   
10 Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo weeɛ,  
nsubunu mu nsuo no,  
deɛ ɔpaee ɛkwan wɔ ɛpo bunu mu no  
sɛdeɛ wɔn a wɔagye wɔn no bɛtumi atwa?   
11 Wɔn a Awurade apata ama wɔn bɛsane aba.  
Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion;  
anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn abotire,  
anigyeɛ ne ahosɛpɛ bɛboro wɔn so,  
awerɛhoɔ ne apinisie bɛtu ayera.   
   
 
12 “Me, me ara, mene wo werɛ kyekyefoɔ.  
Hwan ne wo a wosuro ɔdasani,  
nnipa mma a wɔyɛ ɛserɛ yi.   
13 Na wo werɛ afiri Awurade, wo yɛfoɔ,  
deɛ ɔtrɛɛ ɔsorosoro mu  
na ɔhyɛɛ asase ase no?  
Wobɛkɔ so ara asuro ɔhyɛsoni no abufuo?  
Wobɛkɔ so ara asuro deɛ ɔde ɔsɛeɛ asi nʼani so no anaa?  
Na ɔhyɛsoni no abufuo wɔ he?   
14 Ɛrenkyɛre, wɔbɛgyaa nneduafoɔ ahufoɔ no;  
wɔrenwuwu wɔ afiase amena mu,  
na aduane remmɔ wɔn.   
15 Na mene Awurade, wo Onyankopɔn  
deɛ ɔhwanyane ɛpo, ma nʼasorɔkye woro so.  
Asafo Awurade, ne ne din.   
16 Mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu,  
na mede me nsa ase nwunu akata wo so.  
Me a mede ɔsorosoro sii hɔ  
na mehyɛɛ asase ase  
na meka kyerɛ Sion sɛ, ‘Moyɛ me nkurɔfoɔ.’ ”   
Awurade Abufuhyeɛ Kuruwa 
 
17 Nyane, nyane!  
Sɔre, Ao, Yerusalem!  
Wo a wanom afiri Awurade nsam  
nʼabufuo kuruwa no,  
wo a wanom apɔɔdɔ mu nsã atu puo  
deɛ ɛma nnipa tɔ ntintan no.   
18 Wo mma a wowoo wɔn nyinaa mu  
obiara nni hɔ a ɔkyerɛ wo ɛkwan;  
mmammarima a wotetee wɔn nyinaa mu  
obiara nni hɔ a ɔsɔ wo nsa mu.   
19 Saa ɔhaw prenu yi aba wo so,  
hwan na ɔbɛkyekye wo werɛ?  
Mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ, ɛkɔm ne akofena,  
hwan na ɔbɛhyɛ wo den?   
20 Wo mma atotɔ baha;  
wɔdeda mmɔntene so baabiara,  
te sɛ ɔtwe a afidie ayi no.  
Awurade abufuo aba wɔn so  
wo Onyankopɔn animka no.   
   
 
21 Enti tie yei, wo a worehunu amaneɛ  
waboro, na nso ɛnyɛ nsã na aboro woɔ.   
22 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade,  
wo Onyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfoɔ ho ban seɛ:  
“Hwɛ, magye afiri wo nsa mu  
kuruwa a ɛma wotɔɔ ntintan no  
kuruwa a ɛyɛ mʼabufuo pɔɔdɔ no,  
worennom bio.   
23 Mede bɛhyɛ wɔn a wɔha mo no nsa mu,  
wɔn a wɔka kyerɛɛ mo sɛ,  
‘Butu fam na yɛnnante wo so.’  
Na wode wʼakyi yɛɛ fam  
te sɛ abɔntene a wɔnante so.”