4
1 Saa ɛda no, mmaa baason  
bɛsɔ ɔbarima baako mu aka sɛ,  
“Yɛbɛbɔ yɛn ho akɔnhoma  
na yɛn ankasa apɛ yɛn aduradeɛ;  
ma wo din nna yɛn so kɛkɛ.  
Yi ahohora firi yɛn so!”   
Awurade Baa No 
 
2 Saa ɛda no Awurade Baa no bɛyɛ fɛ na anya animuonyam, na asase no so aba bɛyɛ ahohoahoa ne animuonyam ama Israel nkaeɛfoɔ no.  
3 Wɔn a wɔaka wɔ Sion a wɔte Yerusalem no, wɔbɛfrɛ wɔn kronkron, wɔn a wɔatwerɛ wɔn din aka ateasefoɔ ho wɔ Yerusalem nyinaa.  
4 Awurade bɛhohoro Sion mmaa ho fi; ɔde atemmuo honhom ne ogya honhom bɛpepa mogya nkekaawa a ɛwɔ Yerusalem.  
5 Afei, Bepɔ Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano wɔ hɔ nyinaa, Awurade de wisie omununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya dɛreɛ akata wɔn so anadwo; ntoma kyiniiɛ bɛkata animuonyam yi nyinaa so.  
6 Ɛbɛyɛ hintabea ne enwunu wɔ owibɔ ano den mu, na osutɔ ne ahum mu nso ɛbɛyɛ dwanekɔbea ne atɛeɛ.