20
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Misraim Ne Kus 
 
1 Afe a Asiriahene Sargon somaa ne ɔman no sahene kɔɔ Asdod kɔto hyɛɛ no so na ɔdii ne so nkonim no,  
2 saa ɛberɛ no Awurade faa Yesaia, Amos babarima so kasaa sɛ, “Yi ayitoma no firi wo ho ne mpaboa no firi wo nan ase.” Ɔyɛɛ saa de adagya a ne nan nso sisi fam dii akɔneaba.   
3 Na Awurade kaa sɛ, “Sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Yesaia de adagya anante mfeɛ mmiɛnsa a ne nan nso sisi fam yi de ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtia Misraim ne Kus no,  
4 saa ara na Asiriahene bɛdi Misraim nneduafoɔ ne Kus nnommumfoɔ a wɔdeda adagya na wɔn nan sisi fam, mmabunu ne mpanin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase.  
5 Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no bɛsuro na wɔn ani awu.  
6 Saa ɛda no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka sɛ, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yɛdwane kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wɔbɛgye yɛn afiri Asiriahene nsam no! Ɛbɛyɛ dɛn na yɛadwane?’ ”