15
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Moab 
 
1 Adehunu a ɛfa Moab ho:  
Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab  
anadwo koro pɛ!  
Wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab  
anadwo koro pɛ!   
2 Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu,  
ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kɔ su;  
Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho.  
Wɔayi eti biara so nwi  
na abɔgyesɛ biara nso wɔatwitwa.   
3 Wɔfirafira ayitoma wɔ mmɔntene so;  
wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaeɛ  
wɔn nyinaa retwa adwo,  
wɔdeda fam na wɔsu.   
4 Hesbon ne Eleale teaam su,  
wɔte wɔn nne kɔduru Yahas nohoa.  
Enti Moab mmarimma akofoɔ teaam su,  
na wɔabotoboto.   
   
 
5 Medi Moab ho awerɛhoɔ wɔ mʼakoma mu;  
nʼadwanefoɔ dwane kɔduru Soar,  
ne Eglat Selisiya.  
Wɔforo kɔ Luhit,  
wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;  
Horonaim ɛkwan so nso  
wɔdi wɔn sɛeɛ ho awerɛhoɔ.   
6 Nimrim nsuwansuwa awewe  
na ɛserɛ no ahye  
afifideɛ nyinaa ayera  
na ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono.   
7 Enti ahonyadeɛ a wɔapɛ agu hɔ no  
wɔsoa de kɔtwa mpampuro bɔnhwa.   
8 Wɔn nkekamu gyegye wɔ Moab ahyeɛ so;  
wɔn agyaadwotwa kɔduru Eglaim  
na wɔn abubuobɔ kɔduru Beer Elim.   
9 Dimon nsuo ayɛ mogya nkoaa  
nanso mɛkɔ so ne no adi.  
Gyata bɛba Moab adwanefoɔ no so  
ne wɔn a wɔbɛka asase no so.