12
Ayɛyie Nnwom 
 
1 Saa ɛda no, wobɛka sɛ:  
“Mɛkamfo wo Ao Awurade!  
Ɛwom sɛ wo bo fuu me deɛ,  
nanso afei wʼabofuo ano adwo.  
Na woakyekyere me werɛ.   
2 Nokorɛ, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa;  
mede me ho bɛto ne so, na merensuro.  
Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom;  
na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.”   
3 Wode anigyeɛ bɛsa nsuo  
afiri nkwagyeɛ nsubura mu.   
4 Saa ɛda no wobɛka sɛ,  
“Ɛda Awurade ase, bɔ ne din  
Ma amanaman nhunu deɛ wayɛ,  
na pae mu ka sɛ wɔama ne din so.   
5 To dwom ma Awurade, ɛfiri sɛ, wayɛ deɛ ɛwɔ animuonyam bebree.  
Da yei adi kyerɛ ewiase nyinaa.   
6 Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so,  
mo a mowɔ Sion,  
ɛfiri sɛ, Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ kokuroko.”