3
Wɔfrɛ Adansefoɔ Tia Israel 
 
1 Montie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Ao, Israelfoɔ, deɛ ɛtia abusua a meyii wɔn firii Misraim no nyinaa:   
2 “Mo nko ara na mayi mo  
wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu;  
enti mɛtwe mo aso  
wɔ mo bɔne nyinaa ho.”   
   
 
3 Nnipa baanu bɛtumi abom anante,  
wɔ ɛberɛ a wɔnyɛɛ anokorɔ anaa?   
4 Gyata bobom wɔ dɔtɔ ase  
wɔ ɛberɛ a ɔnhunuu ahaboa biara anaa?  
Ɔpɔ so wɔ ne buo mu  
wɔ ɛberɛ a ɔnkyeree ahaboa biara anaa?   
5 Anomaa bɛtɔ afidie mu wɔ fam  
wɔ baabi a wɔnnsum afidie anaa?  
Afidie hwan wɔ  
ɛberɛ a ɛnyii aboa anaa?   
6 Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto wɔ kuropɔn mu a  
nnipa no ho mpopo anaa?  
Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a  
ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ anaa?   
   
 
7 Ampa ara, Otumfoɔ Awurade nnyɛ biribi  
a ɔnna ne nhyehyeɛ adi  
nkyerɛ nʼAsomafoɔ adiyifoɔ no.   
   
 
8 Gyata no abobom,  
hwan na ɔnnsuro?  
Otumfoɔ Awurade akasa,  
hwan na ɔrenhyɛ ho nkɔm?   
   
 
9 Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban  
ne Misraim aban:  
“Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so;  
hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne so  
ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.”   
   
 
10 “Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,”  
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.  
Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia  
sie wɔ wɔn aban mu.   
11 Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,  
“Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so;  
Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu,  
na wafo wʼaban.”   
12 Deɛ Awurade seɛ nie:  
“Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye  
nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin  
firi gyata anom no,  
saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa,  
wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria,  
ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.”   
13 “Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie.   
14 “Ɛda a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no,  
mɛsɛe afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El;  
wɔbɛtwitwa afɔrebukyia no mmɛn  
na abu ahwe fam.   
15 Mɛdwiri awɔberɛ efie  
ne ahuhuro berɛ efie agu;  
na afie a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no  
na afie akɛseɛ no nso wɔbɛbubu agu,”  
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.