29
Asɔredan No Si Ho Akyɛde
Afei, Ɔhene Dawid dan nʼani kyerɛɛ ɔmanfo no kae se, “Me babarima Salomo a Onyankopɔn ayi no sɛ onni Israel so sɛ ɔhene foforo no da so yɛ abofra a onni osuahu biara. Adwuma a ɛda nʼanim no so, na Asɔredan a obesi no nyɛ dan hunu bi. Ɛyɛ Awurade Nyankopɔn no ankasa de. Mede nea mitumi yɛ biara adi dwuma, maboaboa nea matumi anya nyinaa ano ama me Nyankopɔn Asɔredan no si. Mprempren, sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae, nnade ne nnua ne apopobibiri abo ne aboɔden abo, aboɔden agude ne abo pa ne abohemaa ahorow nyinaa pii wɔ hɔ. Na esiane me ho a mede ama me Nyankopɔn Asɔredan no nti, mede mʼankasa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bɛboa ɔdan no si. Eyinom bɛka adansi no ho nneɛma a maboaboa ano ama asɔredan kronkron no ho. Mama Ofir sikakɔkɔɔ a ɛboro nsania ani tɔn ɔha ne dumien ne dwetɛ a wɔahoa ho nsania ani tɔn ahannu aduosia abien a wɔde begu adan no afasu anim, ne sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwuma a aka a adwumfo no bɛyɛ no. Afei, hena na obeyi ne yam de nʼayɛyɛde ama Awurade nnɛ?”
Na abusua ntuanofo, Israel mmusuakuw ntuanofo, asahene ne asraafo mpanyimfo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa fii ɔpɛ pa mu mae. Wɔmaa sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔn ɔha aduɔwɔtwe awotwe, sika ankasa mpem du, dwetɛ bɛyɛ tɔn ahaasa aduɔson anum, kɔbere mfrafrae bɛyɛ tɔn ahansia aduɔson anum ne nnade bɛyɛ tɔn mpem ahaasa ahanson ne aduonum, de boaa Asɔredan no si. Wɔmaa aboɔden abo bebree a wɔkɔkoraa no wɔ sikakorabea a ɛwɔ Awurade fi maa Yehiel a ɔyɛ Gerson aseni hwɛɛ so. Nnipa no ani gyee ɔma no ho, efisɛ wofi ɔpɛ pa ne koma pa mu na woyiyi maa Awurade, na Ɔhene Dawid ani gyee yiye.
Dawid Kamfo Awurade
10 Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim se,
Awurade,
yɛn agya Israel Nyankopɔn,
ayeyi nka wo daa nyinaa.
11 Kɛseyɛ, ahoɔden, anuonyam,
nkonimdi ne tumi yɛ wo de, Awurade.
Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo de,
Awurade, na ahenni yi nso yɛ wo de.
Yɛma wo so sɛ wone ade nyinaa so tumfo.
12 Ahonya ne anuonyam fi wo nko ara,
efisɛ woyɛ ade nyinaa sodifo.
Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam
na wopɛ mu na wufi ma nnipa yɛ kɛse na wonya ahoɔden.
13 Afei, yɛn Nyankopɔn, yɛda wo ase,
na yɛkamfo wo din kronkron no.
14 “Na me ne hena na me nkurɔfo ne nnipa bɛn a yetumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no fi wo nkyɛn, na nea yɛde ma wo no yɛ nea wode ama yɛn dedaw no. 15 Yɛwɔ ha mmere tiaa bi sɛ nsrahwɛfo ne ahɔho wɔ asase a yɛn agyanom dii kan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsuma a etwa mu kɔ ntɛm so a wonhu bio. 16  Awurade, yɛn Nyankopɔn, saa nneɛma a yɛaboaboa ano de rebesi asɔredan de ahyɛ wo din kronkron anuonyam yi mpo fi wo nkyɛn! Ne nyinaa yɛ wo dea. 17 Me Nyankopɔn, minim sɛ wohwehwɛ yɛn koma mu, na sɛ wuhu nokwaredi wɔ mu a, wʼani gye. Wunim sɛ mede adwene pa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa, na mahwɛ ahu sɛnea wo nkurɔfo fi koma pa ne anigye mu de wɔn akyɛde aba. 18  Awurade, yɛn agyanom Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn, ma wo nkurɔfo nyɛ osetie mma wo daa. Mma ɔdɔ a wɔde dɔ wo no nsesa. 19 Ma me babarima Salomo koma nyinaa mu ɔpɛ pa, na onni wʼahyɛde, wo mmara ne wo nkyerɛkyerɛ so, na onsi saa Asɔredan yi a mayɛ ho ahoboa nyinaa no.”
20 Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfo no nyinaa se, “Monkamfo Awurade, mo Nyankopɔn!” Na ɔmanfo no nyinaa kamfoo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔkotow buu nkotodwe wɔ Awurade ne ɔhene no anim.
Wosi Salomo Ɔhene
21 Ade kyee no, wɔde anantwinini apem, adwennini apem ne nguamma anini apem bɛbɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Wɔsan gyinaa Israel anan mu, de ɔnom afɔrebɔde pii ne afɔrebɔde ahorow bae. 22 Wɔde ahosɛpɛw didi nomee da no wɔ Awurade anim.
Na bio, wɔhyɛɛ Dawid babarima Salomo ahenkyɛw sɛ wɔn hene foforo. Wɔsraa no ngo wɔ Awurade anim sɛ wɔn ntuanoni, na wɔsraa Sadok nso ngo sɛ wɔn sɔfo. 23 Na Salomo tenaa Awurade ahengua no so sɛ nʼagya Dawid nanmusini, na ɔkɔɔ so yiye, na Israel nyinaa tiee no. 24 Adehye mpanyimfo nyinaa, asahene ne Dawid mmabarima nyinaa sua kyerɛɛ ɔhene Salomo.
25 Na Awurade pagyaw Salomo maa Israelman no maa no nidi nwonwaso, na ɔmaa Salomo ahonya ne anuonyam sen nʼagya.
Dawid Wu
26 Enti Yisai babarima Dawid dii Israel nyinaa so hene. 27 Odii hene wɔ Israel mfe aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, odii Hebron so mfe ason, na mfe aduasa abiɛsa nso, ɔtenaa Yerusalem. 28 Ɔtenaa ase kyɛe, nyinii yiye, nyaa ahode ne anuonyam ansa na ɔrewu. Na ne babarima Salomo dii nʼade sɛ ɔhene. 29 Efi Ɔhene Dawid adedi mfiase de kosi nʼawie mu nsɛm nyinaa, wɔakyerɛw agu ɔdehufo Samuel abakɔsɛm nhoma, odiyifo Natan abakɔsɛm nhoma ne ɔdehufo Gad abakɔsɛm nhoma mu. 30 Nʼadedi mu akokodurusɛm ne biribiara a ɛbaa ne so, Israel ne ahenni ahorow a atwa ne ho ahyia nyinaa nso yɛ nsɛm a wɔakyerɛw.