27
Asahene Ne Wɔn Akuw
Israelfo akuw ahorow no ni—mmusua mpanyimfo, asahene ne asraafo mpanyimfo a na wɔhwɛ asraafo akuw ahorow so de som ɔhene, a kuw biara kɔ adwuma ɔsram baako wɔ afe mu. Na dɔm a wɔwɔ kuw biara mu nso dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Wɔn din na edidi so yi.
 
Sabdiel babarima Yasobeam na na ɔyɛ kuw a edi kan no sahene, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a edi kan wɔ afe no mu. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Na ɔyɛ Peres aseni a na ɔhwɛ asraafo mpanyimfo no nyinaa so ɔsram a edi kan no mu.
Dodai a na ɔyɛ Ahoa aseni na na ɔyɛ kuw a ɛto so abien a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000), a na Miklot yɛ nʼabediakyiri.
Ɔsɔfo Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ kuw a ɛto so abiɛsa a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abiɛsa mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Saa Benaia yi na na ɔhwɛ Dawid asraafo akunini kuw, a na wɔfrɛ wɔn Akofo Akɛse Aduasa no so. Ne babarima Amisabad na na ɔyɛ nʼabediakyiri.
Yoab nuabarima Asahel na na ɔyɛ kuw a ɛto so anan, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anan mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Asahel babarima Sebadia na odii nʼade.
Samhut a ɔyɛ Yisrahini na na ɔyɛ kuw a ɛto so anum, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anum mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
Ikes babarima Ira a ofi Tekoa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so asia, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so asia mu no sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
10 Heles a na ɔyɛ Efraim aseni a ofi Pelon no na na ɔyɛ kuw a ɛto so ason, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so ason mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
11 Sibekai a na ɔyɛ Sera aseni a ofi Husa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so awotwe, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so awotwe mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
12 Abieser a na ofi Anatot a ɛda Benyamin asase so no na na ɔyɛ kuw a ɛto so akron, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so akron mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
13 Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ofi Netofa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so du, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so du mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
14 Benaia a ofi Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dubaako, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dubaako mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
15 Heldai a ɔyɛ Otniel a ofi Netofa aseni no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dumien, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dumien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
Mmusuakuw No Ntuanofo
16 Mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo ni:
 
Ruben abusuakuw: Sikri babarima Elieser;
Simeon abusuakuw: Maaka babarima Sefatia;
17 Lewi abusuakuw: Kemuel babarima Hasabia;
Aaron (asɔfo no) abusuakuw: Sadok;
18 Yuda abusuakuw: Dawid nuabarima Elihu;
Isakar abusuakuw: Mikael babarima Omri;
19 Sebulon abusuakuw: Obadia babarima Yismaia;
Naftali abusuakuw: Asriel babarima Yerimot;
20 Efraim abusuakuw: Asasia babarima Hosea;
Manase (atɔe fam) abusuakuw: Pedaia babarima Yoel;
21 Manase (apuei fam) abusuakuw Sakaria babarima Ido;
Benyamin abusuakuw: Abner babarima Yaasiel;
22 Dan abusuakuw: Yeroham babarima Asarel.
 
Eyinom ne Israel mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo.
 
23 Bere a Dawid ma wɔkan nnipa no, wɔankan wɔn a wonnii mfe aduonu, efisɛ na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfo no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma. 24 Yoab na ofii nnipakan no ase, nanso wanwie, efisɛ Onyankopɔn bo fuw Israel. Wɔankyerɛw nnipa no nyinaa dodow angu Ɔhene Dawid nkrataa mu.
Dawid Ahenni Mu Mpanyimfo
25 Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfi sikakorabea so.
Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkurow, nkuraa ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.
26 Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafo a na wɔdɔw ɔhene mfuw so.
27 Simei a na ofi Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuw so.
Sabdi a ofi Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsa ne nsa a wɔayɛ so.
28 Baal-Hanan a ofi Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngonnua ne ankye nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔw ase no so.
Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo.
29 Sitrai a ofi Saron na na ɔhwɛ anantwi a na wɔwɔ Saron sare so no so.
Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwi a wɔwɔ abon ahorow mu no so.
30 Ismaelni Obil na na ɔhwɛ yoma so.
Yehdia a ofi Meronot na na ɔhwɛ mfurum so.
31 Yasis a ofi Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nguan so.
Saa mpanyimfo yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapade so.
 
32 Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufo nyansafo maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔkyerɛwfo a ɔwɔ nhumu.
Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmabarima ade.
33 Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene fotufo.
Na Husai a ofi Arki yɛ ɔhene adamfo.
34 Benaia babarima Yehoiada na odii Ahitofel ade na Abiatar bɛtoaa adedi no so.
Yoab na na ɔyɛ Israel asraafodɔm no so sahene.