7
Atɛnyi
“Mummmu ntɛn, na afoforo ammu mo ntɛn. Nea mode yɛ afoforo no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.
“Adɛn na woma dua ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no haw wo, bere a mpuran a ɛda wo de so no mfa wo ho? Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minyi ntɛtɛ a ɛda wʼani so no mma wo,’ bere a mpuran da wʼani so daa. Nyaatwomni! Di kan yi mpuran a ɛda wʼankasa ani so no ansa na woatumi ahu ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no yiye na woayi ama no.
“Mommfa nea ɛho tew mma akraman. Saa ara nso na monntow mo nhene pa ngu mprako anim! Wobetiatia so, na wɔadan wɔn ho atow ahyɛ mo so.
Bisa, Hwehwɛ, Pem
“Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobebue mo. Na obiara a obisa no, onya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no.
“Na hena na ne ba bisa no brodo a ɔbɛma no ɔbo? 10  Anaasɛ obisa no nsumnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da! 11  Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma wɔn a wobisa no no? 12  Enti sɛnea mmara no ne adiyifo no ka no, ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.
Ɔpon Ne Ɔkwan Hiahiaa No
13  “Ɔkwan teateaa no nko ara so na wubetumi afa akɔ ɔsoro! Ɔkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛw, na nʼapon nso mu bae ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛe mu. 14  Ɔpon a wowura mu de kɔ nkwa mu no yɛ hiahiaa na ɔkwan a wɔfa so no nso yɛ teateaa, na nnipa kakraa bi na wohu fa so.
15  “Monhwɛ mo ho yiye wɔ atoro akyerɛkyerɛfo a wɔba mo nkyɛn ahobrɛase mu sɛ nguan, nanso wɔyɛ mpataku a wonya mo a, wɔbɛtetew mo pasaa no ho. 16  Wɔn nneyɛe na mode behu wɔn, sɛnea mutumi de dua bi aba hu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi ntew bobe wɔ nsɔe so; saa ara nso na worentumi ntew borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛnse so. 17  Dua a ɛwɔ nnyinaso pa no tumi sow aba pa; na dua a enni nnyinaso pa no nso sow aba bɔne. 18  Dua pa ntumi nsow aba bɔne; saa ara nso na dua bɔne ntumi nsow aba pa. 19  Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa de gu gya mu hyew no. 20  Onipa nneyɛe na ɛma wohu ne suban.
21  “Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahemman mu. 22  Atemmu da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me se, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, san yɛɛ anwonwade, ahorow.’ 23  Na mabua wɔn se, ‘Minnim mo da. Mumfi me so nkɔ, nnebɔneyɛfo!’
24  “Wɔn a wotie nea meka, na wodi so no te sɛ onyansafo a osi ne dan si ɔbotan so. 25  Osu tɔe, na osuframa bɔe, na nsu yirii, na emu biara kaa ɔdan no nanso ammu da, efisɛ wosi sii ɔbotan so. 26  Nanso wɔn a wotie nea meka na wonni so no te sɛ ɔkwasea bi a osii ne dan sii nwea so. 27  Osu tɔe, na osuframa bɔe, na nsu yirii, na emu biara kaa ɔdan no. Na edwiriw guu fam, bubuu pasaa.”
28 Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wotiee no no nyinaa ho dwiriw wɔn, 29 efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ te sɛ obi a okura tumi, na ne nkyerɛkyerɛ no nte sɛ nea Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no kyerɛ no.