4
Ɔbonsam Sɔ Yesu Hwɛ
Eyi akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. Saa bere no mu, Yesu dii mmuada adaduanan; awia ne anadwo. Eyi maa ɔkɔm dee no. Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”
Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom asɛm biara a efi Awurade anom.’ ”
Afei ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ, na ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, huruw fi nea wugyina hɔ si fam, efisɛ, wɔakyerɛw se,
“ ‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abeso wo mu,
wɔde wɔn nsa bɛma wo so,
na wo nan ampem ɔbo.’ ”
Yesu buaa bio se, “Wɔakyerɛw se, ‘Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.’ ”
Eyi akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw tenten bi apampam. Ɔde nʼani kari kyerɛɛ no wiase ahenni ahorow ne mu anuonyam nyinaa. Afei ɔka kyerɛɛ Yesu se, “Sɛ wobɛkotow asom me a, mede nea wuhu yi nyinaa bɛma wo.”
10 Ɛhɔ ara na Yesu buae se, “Fi me so, Satan! Hu sɛ wɔakyerɛw se, ‘Kotow som Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ”
11 Yesu ano sii no, ɔbonsam gyaw no hɔ kɔe. Ɛno akyi no abɔfo baa Yesu nkyɛn bɛsom no.
Yesu Fi Nʼadwuma Ase Wɔ Galilea
12 Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔkɔɔ Galilea. 13 Oduu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom otwaa mu wɔ Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so. 14 Eyi maa nea Odiyifo Yesaia kae no baa mu sɛ,
15 “Sebulon asase ne Naftali asase,
ɛpo kwan so, Yordan agya,
Galilea a amanamanmufo te hɔ,
16 nnipa a wɔte sum mu no,
Hann kɛse bi apue ama wɔn.
Hann no apue ama
wɔn a wɔte owu asase so.”
17 Efi saa bere no, Yesu fii nʼasɛnka ase se, “Monsakra mo adwene, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahenni no abɛn.”
Yesu Frɛ Asuafo Baanan
18 Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ apopofo sɛ wɔregu asau wɔ po no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforo nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea. 19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mummedi mʼakyi na mɛsoma mo ama moakoyi nnipa kra.” 20 Ɛhɔ ara wogyaw wɔn asau no guu hɔ kodii nʼakyi ne no kɔe.
21 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane na ɔbaako nso din de Yakobo sɛ wɔne wɔn agya te ɔkorow mu repempam wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso se wommedi nʼakyi. 22 Ntɛm ara, wogyaw wɔn agya ne ɔkorow no hɔ kodii nʼakyi.
Galilea Asɛnka Ne Ayaresa
23 Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahenni no ho asɛmpa wɔ Yudafo hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahorow a wɔde baa nʼanim nyinaa nso. 24 Yesu anwonwade a ɔyɛe yi trɛw koduu Siriaman mu nyinaa. Eyi ma wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wotwa, wɔn a wɔyare mmubui ne wɔn a nyarewa ahorow haw wɔn no nyinaa fi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yare. 25 Anwonwade a Yesu yɛɛ yi maa nnipakuw a wofi Galilea ne nkurow “Dekapoli” no mu ne Yerusalem ne Yordan agya tu dii nʼakyi.