28
Yesu Asɔre
Homeda no akyi Memeneda ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔɔ ɔda no so.
Asase wosow denneennen, na Awurade bɔfo sian fii ɔsoro ba bepirew ɔbo no fii ɔda no ano, na ɔtenaa so. Nʼanim hyerɛn te sɛ kanea na nʼatade yɛ fitaa te sɛ nwera. Awɛmfo no huu no no, ehu maa wɔn ho popoe, na wɔhwehwee ase, dan sɛ awufo.
Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no se, “Munnsuro! Minim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no, nanso onni ha. Wasɔre kɔ sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ nea na ɔda hɔ no. Afei monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafo no se, ‘Wasɔre afi awufo mu, na ɔredi mo anim kan akɔ Galilea akohyia mo wɔ hɔ.’ Eyi ne nkra a mewɔ de ma mo.”
Mmea no de ehu ne anigye a adi afra tutuu mmirika fii ɔda no so sɛ, wɔrekɔhwehwɛ asuafo no aka ɔbɔfo no nkra no akyerɛ wɔn. Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu begyinaa wɔn anim. Okyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo.” Wobuu no nkotodwe, som no. 10 Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro! Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom no se wɔnkɔ Galilea nkohyia me wɔ hɔ.”
Nea Awɛmfo No Kae
11 Bere a mmea no rekɔ kurow no mu no, awɛmfo a wɔwɛn ɔda no mu bi kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn kɔkaa nea asi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 12 Yudafo mpanyin no nyinaa hyiae, na wosii no gyinae se, wɔbɛma awɛmfo no sika aka akyerɛ wɔn 13 se, “Monka se, ‘Anadwo a yɛdae no na nʼasuafo no ba bewiaa amu no kɔe.’ ” 14 Wɔhyɛɛ awɛmfo no bɔ se, “Sɛ ɛba sɛ amrado te ɛho asɛm a, yebedi mo adanse sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrenyɛ mo hwee.” 15 Eyi nti awɛmfo no gyee sika no kɔyɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Asɛm a wɔkae no trɛw faa Yudafo no mu nyinaa na wogye dii de besi nnɛ.
Ɔsoma Kɛse No
16 Afei asuafo dubaako no sii mu kɔɔ Galilea bepɔw a Yesu kae se wɔnkɔ so no so. 17 Ɛhɔ na wohuu no, kotow, sɔree no. Nanso na wɔn mu bi nnye nni ara. 18 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. 19  Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, 20  na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ, wonni nea mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”