26
Wɔbɔ Yesu Ho Pɔw
Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Sɛnea munim no aka nnaanu na Twam Afahyɛ no adu, na wobeyi Onipa Ba no ama, na wɔabɔ no asennua mu.”
Saa bere no ara na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi ahyia mu wɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa fi, retu agyina ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no a obiara renhu akyi. Nanso wɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”
Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania
Afei Yesu kɔɔ Betania na ɔkɔɔ Simon ɔkwatani fi. Ɔwɔ hɔ redidi no, ɔbea bi* a okura ngo huamhuam bi a ne bo yɛ den yiye toa ma baa hɔ, behwie guu Yesu tirim.
Asuafo no hui no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔkae se, “Adesɛe yi ase ne dɛn? Anka wobetumi atɔn srade huamhuam yi anya sika bebree de ama ahiafo.”
10 Yesu huu wɔn adwene na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Adɛn na mohaw ɔbea yi? Wayɛ ade pa ama me. 11  Mo ne ahiafo wɔ ha daa na me de, me ne mo nni hɔ daa. 12  Wahwie ngo huamhuam yi agu me so de asiesie me nipadua ama me sie. 13  Nokware, mise mo sɛ, wɔbɛka nea ɔyɛe yi wɔ wiase baabiara a wɔka asɛmpa no de akae no.”
Yuda Pene So Sɛ Obeyi Yesu Ama
14 Afei Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn 15 kobisaa wɔn se, “Sɛ miyi Yesu ma mo a, ahe na mode bɛma me?” Wɔmaa no dwetɛ mpɔw aduasa. 16 Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn.
Adidi A Edi Akyiri
17 Apiti Afahyɛ da a edi kan no, asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yekodi Twam Afahyɛ no?”
18 Obuaa wɔn se, “Monkɔ kurow no mu nkohu ɔpanyin asiamasi nka nkyerɛ no se, ‘Kyerɛkyerɛfo no se, Me bere abɛn, na wo fi na me ne nʼasuafo no bedi Twam Afahyɛ no.’ ” 19 Asuafo no dii nea ɔka kyerɛɛ wɔn no so, yɛɛ Twam Afahyɛ aduan no.
20 Anwummere no na ɔne Dumien no te adidii. 21 Wɔredidi no ɔkae se, “Mereka mo nokware, mo mu baako beyi me ama.”
22 Asɛm yi maa wɔn werɛ howee yiye, na wofii ase bisabisaa mmaako mmaako se, “Awurade, ɛyɛ me ana?”
23 Yesu buae se, “Nea ɔne me nsa da asanka baako mu no, ɔno na obeyi me ama. 24  Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho de, nanso onipa a obeyi no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye.”
25 Yuda a obeyi no ama nso bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛyɛ me ana?”
Yesu buaa no se, “Woaka.”
Adidi Kronkron
26 Bere a wɔredidi no. Yesu faa brodo, na ohyiraa so bubuu mu, de maa nʼasuafo no kae se: “Munnye nni, eyi ne me nipadua.”
27 Na ɔfaa kuruwa no, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kae se, “Mo nyinaa monnom bi, 28  na eyi ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforo no mu den, a wohwie gu ma nnipa bebree nya bɔnefakyɛ. 29  Mise mo sɛ, merennom saa nsa yi bi bio da, de bɛkɔ akosi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ mʼAgya Ahenni no mu.”
30 Na wɔtoo dwom wiee no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw no so.
Yesu Hyɛ Petro Pa A Ɔbɛpa No No Ho Nkɔm
31 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Anadwo yi, mo nyinaa beguan agya me. Na wɔakyerɛw se,
“ ‘wɔbɛbɔ oguanhwɛfo no,
na nguankuw no abɔ apete.’
32  Na sɛ miwu sɔre a, medi mo kan akɔ Galilea.”
33 Petro buae se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da.”
34 Yesu buae se, “Nokware mise wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa!”
35 Petro pae mu kae se, “Mpo sɛ etwa sɛ me ne wo wu a, merempa wo da!” Asuafo no nyinaa nso kaa saa asɛm koro yi ara.
Yesu Bɔ Mpae Wɔ Getsemane
36 Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Montena ha na merekɔ hɔ akɔbɔ mpae.” 37 Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho, na ne werɛ fii ase howee, na ne ho nso yeraw no. 38 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu. Montena ha na mo ne me nwɛn.”
39 Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kobutuw fam bɔɔ mpae se, “MʼAgya, sɛ ebetumi a, ma wonyi kuruwa yi mfi me so. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ na ɛnyɛ nea mepɛ.”
40 Na ɔsan baa asuafo baasa no nkyɛn behuu sɛ wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no se, “Petro, woantumi antena ase ne me anwɛn dɔnhwerew baako pɛ mpo? 41  Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom no pɛ de, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛw!”
42 Ɔsan gyaw wɔn hɔ nea ɛto so abien kɔbɔɔ mpae se, “MʼAgya, sɛ wɔrenyi kuruwa yi mfi me so, na nom ara na ɛsɛ sɛ menom a, nea wopɛ nyɛ.”
43 Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio behuu wɔn sɛ wɔadeda efisɛ na wɔn ani kum yiye. 44 Ɔsan kɔɔ mpaebɔ a ɛto so abiɛsa so kɔbɔɔ mpae kaa asɛm koro no ara.
45 Ɔsan baa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, monna na monhome. Nanso dɔn no adu. Wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa! 46  Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Nea ɔreyi me ama no na ɔreba no!”
Wɔkyere Yesu
47 Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako ne dɔm a Yudafo mpanyin asoma wɔn a wokurakura afoa ne nkontimmaa baa hɔ. 48 Na Yuda aka akyerɛ wɔn se, “Nea mefew nʼafono no ne onipa no; mokyere no” 49 Yuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kae se, “Me wura!” Na ofew nʼafono.
50 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Damfo, nea wobaa ha se worebɛyɛ no, yɛ no ntɛm.”
Ɛhɔ ara, wɔn a wɔne Yuda nam no kyeree Yesu. 51 Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee nʼafoa de twaa Ɔsɔfopanyin no akoa bi aso.
52 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Fa wʼafoa no to nea ɛda. Na wɔn a wɔtwe afoa no, afoa ano na wobewu. 53  Munnim sɛ metumi aka akyerɛ mʼAgya na wasoma nʼabɔfo mpempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban? 54  Nanso sɛ meyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na nea Kyerɛwsɛm no ka se ɛsɛ sɛ esi wɔ eyi ho no bɛba mu?”
55 Bere no mu ara na Yesu bisaa dɔm a wɔbaa ne so no se, “Midi atuatewfo anim nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so sɛ mode rebɛkyere me yi? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu da biara, nso moansiw me kwan. 56  Nanso eyi nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a nea adiyifo no kae wɔ Kyerɛwsɛm mu no bɛba mu.” Saa bere no ara mu na asuafo no nyinaa guan gyaa no.
Yesu Gyina Kaiafa Anim
57 Afei dɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa anim, baabi a mmarakyerɛfo ne Yudafo mpanyin nyinaa ahyia hɔ. 58 Petro tew ne ho dii nnipadɔm no akyi baa Ɔsɔfopanyin no fi hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfo a wɔwɔ hɔ no mu se ɔrehwɛ asɛm a ebesi.
59 Asɔfo mpanyin ne Yudafo asennifo akunini nyinaa hyiaa wɔ hɔ hwehwɛɛ sɛ wobenya nnansefo bi a wobedi adansekurum ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ. 60 Nnipa bebree bedii adanse, nanso wohuu sɛ wɔredi adansekurumu, efisɛ na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira.
Akyiri no, nnipa baanu bi ba bɛkae 61 se, “Saa onipa yi kae se, ‘Metumi abubu Onyankopɔn asɔredan na masi no nnansa!’ ”
62 Ɔsɔfopanyin no sɔre bisaa Yesu se, “Dɛn na wowɔ ka? Wokaa saa anaasɛ woanka saa?” 63 Nanso Yesu ammua no.
Ɔsɔfopanyin no ka kyerɛɛ no se, “Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!”
64 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yiw, woaka. Na mereka kyerɛ mo nyinaa: Efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ mete Onyankopɔn nifa na ɔnam omununkum mu resan aba.”
65 Ɔsɔfopanyin no sunsuan nʼatade mu teɛɛ mu se, “Abususɛm! Nnansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no! 66 Asɛm bɛn na mowɔ ka?”
Wɔn nyinaa teɛɛ mu se, “Ɔsɛ owu!”
67 Afei wɔtee ntasu guu nʼani so. Ebinom bobɔɔ no akuturuku na ebinom nso bobɔɔ no asotɔre 68 kae se, “Wone Agyenkwa no! Kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo?”
Petro Pa Yesu
69 Saa bere no na Petro te adiwo. Abaawa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mufi Galilea.”
70 Nanso Petro san se, “Minnim nea woreka yi ho hwee.”
71 Akyiri no, abaawa foforo bi hyiaa no wɔ ɔpon bi ano ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn gyina hɔ no se, “Na saa ɔbarima yi ne Yesu Nasareni no na ɛnam.”
72 Petro de ntam san bio se, “Minnim saa onipa a moreka ne ho asɛm no.”
73 Ɛkyɛe kakra no, mmarima a wogyina hɔ no bi bɛka kyerɛɛ Petro se, “Yenim sɛ woyɛ nʼasuafo no mu baako, na wo kasa nso da wo adi sɛ woyɛ Galileani.”
74 Petro fii ase dii nsew, kekaa ntam se, “Minnim onipa no!”
Amono mu hɔ ara na akokɔ bɔnee. 75 Ɛhɔ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, “Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no. Na ofii adi kosui.
* 26:7 Maria a ɔyɛ Marta ne Lasaro nuabea (Yoh 12.3)