2
Anyansafo A Wofi Apuei No
Bere a Ɔhene Herode di ade no na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. Saa bere no ara mu na anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem bebisae se, “Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Yehuu ne nsoromma wɔ apuei nohɔ, nti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”
Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaw ɔne Yerusalemfo nyinaa adwene yiye. Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo behyiae. Obisaa wɔn se, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?” Wobuaa no se, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na eyi ne nea odiyifo no kae:
“ ‘Ao kurow Betlehem, wo a
woyɛ otitiriw wɔ Yudaman mu,
wo mu na meyi nea obedi
me man Israel anim ahwɛ wɔn so.’ ”
Ɔhene Herode frɛɛ anyansafo no kokoa mu bisaa wɔn bere pɔtee a wohuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abofra no. Sɛ muhu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi.”
Anyansafo no tiee ɔhene no asɛm no wiei no, wɔkɔe. Wɔrekɔ no, nsoromma a wohuu wɔ apuei no san yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Edii wɔn anim kosii faako a wɔawo abofra no wɔ Betlehem hɔ. 10 Bere a wohuu nsoromma no, wɔn ani gyee mmoroso. 11 Woduu ofi* a abofra no ne ne na Maria wɔ mu no, wɔkotow sɔree no. Wɔde wɔn akyɛde a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhuam ne kurobow yɛɛ no ayɛ. 12 Onyankopɔn soo wɔn dae bɔɔ wɔn kɔkɔ se wɔnnsan nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɔkwan foforo so kɔɔ wɔn kurom.
Wɔbɔ Wɔn Ho Aguaa Wɔ Misraim
13 Anyansafo no kɔ akyi no, Awurade bɔfo soo Yosef dae se, “Sɔre fa abofra no ne ne na na monkɔ Misraim nkɔtena hɔ nkosi sɛ mɛkyerɛ mo bere a mobɛsan aba. Efisɛ Ɔhene Herode rehwehwɛ abofra no akum no.”
14 Anadwo no ara Yosef faa abofra no ne Maria sii mu kɔɔ Misraim, 15 ma wɔtenaa hɔ kosii sɛ Ɔhene Herode wui. Eyi na ɛmaa nea Awurade nam odiyifo no so kae se, “Mafrɛ me Ba afi Misraim” no baa mu.
Betlehem Mmofra No Kum
16 Herode huu sɛ anyansafo no adaadaa no no, ne bo fuw mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafo se wɔnkɔ Betlehem ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkokunkum nkokoaa mmarimaa kosi wɔn a wɔadi mfe abien so, sɛnea anyansafo no bere a wɔkae sɛ wɔwoo abofra no wɔ mu no kyerɛ no. 17 Nea wɔnam odiyifo Yeremia so kae no baa mu se,
18 “Wɔte nne bi wɔ Rama.
Ɛyɛ osu ne agyaadwo;
Rahel resu ne mma;
na ɔmpɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ,
efisɛ wɔnte ase bio.”
Wɔsan Ba Nasaret
19 Herode wu akyi no, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ dae mu wɔ Misraim ka kyerɛɛ no se, 20 “Sɔre na fa abofra no ne ne na kɔ Israel asase so, efisɛ wɔn a wɔpɛe sɛ wokum abofra no awuwu.”
21 Yosef faa abofra no ne ne na san kɔɔ Israel asase so bio. 22 Yosef tee sɛ Arkelao a ɔyɛ Herode ba na odi hene wɔ Yudea saa bere no mu no, osuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade san soo no dae foforo bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea. 23 Enti wɔkɔtenaa kurow Nasaret mu. Eyi nso maa nea adiyifo no kae se, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu.
* 2:11 Anyansafo no ankɔhwɛ Yesu bere a ɔda mmoa adididaka mu sɛnea na amanne te ne sɛnea nguanhwɛfo no kɔhwɛɛ no no. Mmom, asram bi akyi no, wɔkɔhwɛɛ “abofra” no wɔ ne “fi.” 2:22 Ɔhempɔn Herode ba yi dii ade sɛ ɔhene wɔ Yudea ne Samaria mfirihyia du pɛ. (4 AYA–6 YAA) Na ɔyɛ otirimɔdenfo ne nhyɛsotraso. Eyi ma wotuu no ade so maa Yudea bɛyɛɛ Roma mantam a na wotua tow ma Roma Ɔhempɔn no ananmusini. 2:22 Yesu bere so no, na Galilea da Ɔman Kronkron no atifi fam.