12
Yesu Yɛ Homeda Wura
Homeda bi, Yesu ne nʼasuafo no kɔfaa aburowfuw bi mu. Wɔnam aburowfuw no mu no, ɔkɔm dee asuafo no ma wɔpenpan aburow no bi wee. Farisifo bi huu nea asuafo no reyɛ no, anyɛ wɔn abodwo. Wobisaa Yesu se, “Woahu sɛ wʼasuafo no abu Homeda mmara no so?”
Yesu nso bisaa wɔn se, “Monkenkan nea Ɔhene Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no? Wɔkɔɔ Onyankopɔn fi kodii brodo a wɔde abɔ afɔre, a anka wonni ho kwan sɛ wodi, gye ɔsɔfo nko ara no. Ɛno nso yɛ mmara so bu? Na monnsan nkenkan mfii Mose mmara no mu, sɛ asɔfo a wɔyɛ hyiadan mu adwuma no tumi yɛ adwuma Homeda nso? Mereka ama moate ase sɛ, nea ɔkyɛn hyiadan no wɔ ha! Sɛ moate asɛm a ese, ‘Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ’ no ase yiye a, anka moremmu wɔn a wonni fɔ no fɔ. Na me, Onipa Ba no, meyɛ Homeda no wura.”
Yesu fii nea ɔwɔ hɔ no kɔɔ hyiadan mu. 10 Ohuu ɔbarima bi wɔ ɔdan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifo no bisaa Yesu se, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yare Homeda ana?”* Wobisaa eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan atoto nʼano na wɔakyere no!
11 Yesu buaa wɔn se, “Mo mu hena na ɔwɔ oguan baako na sɛ ɔkɔtɔ amoa mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɔkwan biara so wobɛkɔ akoyi no. 12  Onipa som bo sen oguan! Eyi nti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa Homeda.”
13 Afei Yesu ka kyerɛɛ nea ne nsa awu no se, “Teɛ wo nsa!” Ɔyarefo no teɛɛ ne nsa. Ɔteɛɛ ne nsa no ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ sɛ baako no. 14 Farisifo no fii adi kotuu sɛnea wɔbɛkyere Yesu akum no no ho agyina.
15 Esiane sɛ na onim pɔw a wɔrebɔ wɔ ne ho no nti, ofii hyiadan no mu maa nnipadɔm dii nʼakyi. Ɔsaa wɔn mu ayarefo no nyinaa yare. 16 Nanso ɔbɔɔ wɔn ano se wɔmmmɔ nʼanwonwade a ɔyɛɛ no ho dawuru. 17 Na nkɔm a Odiyifo Yesaia hyɛɛ no aba mu se:
18 “Monhwɛ mʼakoa a mayi no,
nea medɔ no a me kra ani sɔ no,
mede me honhom begu no so,
na wabu amanaman atɛn.
19 Ɔrenko, na ɔrenteɛteɛ mu.
Na obi rente ne nne wɔ abɔnten so!
20 Ɔrensɛe demmire a ɛyɛ mmerɛw no.
Kanea ntamabamma a ɛnnɛw yiye no, ɔrennum;
kosi sɛ ɔnam atɛntrenee so de nkonimdi bɛba.
21 Ne din bɛyɛ amanaman nyinaa anidaso.”
Farisifo Ka Se Yesu Yɛ Ɔbonsam
22 Afei wɔde obi a ɔyɛ mum san yɛ onifuraefo, na honhommɔne nso wɔ ne so brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yare. Yesu saa no yare ma ɔkasae, san huu ade. 23 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwiriw wɔn. Wɔkae se, “Ebetumi aba sɛ Yesu yi yɛ Dawid Ba no, Agyenkwa no ana?”
24 Nanso Farisifo no tee anwonwade a Yesu yɛe no, wɔkae se, “Ɔnam ahonhommɔne nyinaa panyin, Ɔbonsam Beelsebul no so na otu ahonhommɔne.”
25 Yesu huu wɔn adwene maa wɔn mmuae se, “Ahemman biara a edi mpaapaemu no ntumi nnyina. Saa ara nso na kurow anaa ofi biara a edi mpaapaemu no ntumi nnyina. 26  Na sɛ ɔbonsam retu ɔbonsam a na ɛkyerɛ sɛ ɔne ne ho na ɛreko de asɛe nʼaheman. 27  Na sɛ menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne a, hena so na mo nkurɔfo nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛte de a, mo nkurɔfo no ara na wobebu mo atɛn. 28  Nanso sɛ menam Onyankopɔn Honhom so na mitu honhommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no aba mo so.
29  “Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi mu nkowia no, agye sɛ onipa ko no di kan de hama kyekyere no.
30  “Obiara a onni mʼafa no, tia me. Na nea ɔne me mmoaboa ano no hwete mu. 31  Mereka akyerɛ mo se, wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, nanso abususɛm a etia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ. 32  Nea ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da biara da.
Dua Ne Nʼaba
33  “Dua biara aba na wɔde hu ne su. Dua pa sow aba pa na dua bɔne nso sow aba bɔne. 34  Awɔ mma! Ɛbɛyɛ dɛn na abɔnefo sɛ mo atumi aka nea eye ho asɛm? Nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka. 35  Onipa pa anom asɛm da nnepa a ɛwɔ ne mu no adi. Saa ara na onipa bɔne nso anom asɛm da nnebɔne a ɛwɔ ne mu no adi. 36  Mereka makyerɛ mo se, atemmuda no, asɛnhunu biara a obi aka no, obebu ho akontaa. 37  Wʼanom asɛm so na wɔnam bebu wo bem anaa fɔ.”
Yona Nsɛnkyerɛnne
38 Da bi, Yudafo mpanyimfo bi a Farisifo bi ka wɔn ho baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi nkyerɛ wɔn.
39 Yesu buaa wɔn se, “Ɔman a wɔyɛ abɔnefo a wonni gyidi na wɔpɛ sɛ wohu nsɛnkyerɛnne. Nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne biara ka Odiyifo Yona de no ho. 40  Na sɛnea Yona kodii bonsu yam nnansa no, saa ara na ɛsɛ sɛ Onipa Ba no kodi asase mu nnansa. 41  Atemmuda no Ninewe mmarima ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn, efisɛ bere a Yona kaa asɛmpa no, wɔsakraa wɔn adwene. Nanso nea ɔsen Yona wɔ ha. 42  Atemmuda no, Sebahemmea bɛsɔre atia ɔman yi, efisɛ ofi asase ano nohɔ betiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso nea ɔsen Salomo no wɔ ha.
43  “Saa ɔman nnebɔneyɛfo yi te sɛ obi a honhommɔne wɔ ne so. Sɛ honhommɔne no tu fi ne mu a, ekyinkyin, hwehwɛ homebea nanso ennya bi. 44  Sɛ ɛba saa a, nea honhommɔne no ka ne se, ‘Mɛsan akɔ onipa a mifii ne mu bae no mu bio.’ Ɔsan kɔ onipa no mu na ohu sɛ ne mu da mpan, na wɔasiesie hɔ fɛfɛɛfɛ a, 45  ɔsan nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforo ason a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena ne mu. Eyi ma onipa no asetena no sɛe kyɛn ne kan asetena no.”
Yesu Ne Na Ne Ne Nuanom
46 Bere a Yesu reka asɛmpa akyerɛ nnipadɔm wɔ ofi bi mu no, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛɛ sɛ wɔne no kasa. 47 Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Yesu se, “Wo na ne wo nuanom gyina afikyiri hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.”
48 Yesu kae se, “Hena ne me na? Ɛhefo ne me nuanom?” 49 Ɔkaa saa no, ɔde ne nsa kyerɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Eyinom ne me na ne me nuanom.” 50 Ɔsan kaa bio se, “Obiara a ɔbɛyɛ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no apɛde no, ɔno ne me nuabarima, ne me nuabea ne me na.”
* 12:10 Mmara akyerɛkyerɛfo mma ayaresa ho kwan homeda; gye sɛ wohu sɛ, sɛ wɔansa ɔyarefo no yare da no ara na ade kye a, obewu. Obi a na ne nsa awu no de, na ɛnyɛ nea owu hunahuna no.