12
Bobeturo Mu Akuafo Bi
Yesu nam mmebu so kasa kyerɛɛ nnipa no se: “Okuafo bi yɛɛ bobeturo, gyee ban faa ho, na otuu amoa a wokyi bobe mu nsu wɔ mu, sii ɔwɛn aban wɔ mu. Afei ɔde afuw no gyaw akuafo bi tuu kwan. Eduu bere a bobe no bere a ɛsɛ sɛ wɔtew no, ɔsomaa ne ho nipa bi se onkogye ne kyɛfa mmrɛ no. Nanso akuafo no boroo no, ma ɔde ne nsa pan san kɔe. Okuafo no san somaa onipa foforo kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔboroo no, pirapiraa no sen nea odi kan no. Onipa a ɔsomaa no bio no de, wokum no. Afoforo a akyiri no wɔkɔe no nso, wɔhwee ebinom, na wokum ebinom nso.
“Nanso na aka ɔbaako a ɔyɛ ne ba a ɔdɔ no. Ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn, susuw sɛ wɔbɛfɛre no de nidi ama no.
“Nanso bere a akuafo no huu no sɛ ɔreba no, wɔkae se, ‘Ɔdedifo no na ɔreba no. Momma yenkum no, na agyapade no ayɛ yɛn de!’ Wɔkyeree no kum no, twee no fii bobe turo mu hɔ kɔtow no kyenee baabi.
“Mugye di sɛ, sɛ afuw wura no ba a dɛn na ɔbɛyɛ akuafo no? Ɔbɛba abekum wɔn, na ɔde afuw no ama nnipa foforo. 10  Monnkenkan eyi wɔ Kyerɛwsɛm no mu pɛn se:
“ ‘Ɔbo a adansifo apo no,
ɛno ara na abɛyɛ dan no twea so tibo;
11  Awurade na wayɛ eyi,
na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so?’ ”
12 Na esiane saa bɛ a obui no nti, Yudafo mpanyin no pɛɛ sɛ wɔkyere no, efisɛ wuhuu sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka no a ɛkyerɛ sɛ, wɔne saa akuafo atirimɔdenfo no. Nanso na wosuro dɔm no. Eyi ma wogyaa no, na wofii hɔ kɔe.
Towtua Ho Asɛmmisa
13 Wɔsomaa Farisifo ne Herodefo bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no. 14 Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo a wotaa ka nokware. Nea onipa ka no ntumi nnan wʼadwene. Afei wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ sɛ yebisa wo se, eye sɛ woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare* anaa enye?”
15 Yesu huu wɔn adwemmɔne no kae se, “Adɛn nti na mosɔ me hwɛ, momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuae.” 16 Wɔde maa no ma obisaa wɔn se, “Hena mfoni ne nkyerɛw na ɛwɔ so?”
Wobuae se, “Kaesare de.”
17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de momfa Kaesare de mma no, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn!”
Ne mmuae no maa wɔn ho dwiriw wɔn.
Owusɔre Mu Aware Ho Asɛmmisa
18 Sadukifo a wɔka se owusɔre nni hɔ no baa ne nkyɛn bebisaa no se, 19 “Kyerɛkyerɛfo, Mose yɛɛ mmara maa yɛn se, sɛ ɔbarima bi anwo na owu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabea na ɔne no nwo mma mma owufo no. 20 Anuanom baason bi tenaa ase. Nea odi kan no waree yere a, ɔne no anwo na owui. 21 Nea ɔto so abien no nso waree okunafo no, na ɔno nso ankyɛ na owui a ɔne no anwo. Na nea ɔto so abiɛsa no nso waree no a, ɔne no anwo na owui. 22 Eyi kɔɔ so kosii sɛ anuanom yi nyinaa waree ɔbea no, na ɔbea no nso wui. 23 Nea yɛpɛ sɛ yehu ne sɛ, owusɔre mu, sɛ wonya sɔre a, wɔn mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere?”
24 Yesu buaa wɔn se, “Mo mfomso a moyɛ no fi nim a munnim Kyerɛwsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ. 25  Sɛ anuanom baason yi ne ɔbea no sɔre fi awufo mu a, wɔrenware; wɔbɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ ɔsoro no. 26  Afei nea ɛfa awufo nyan no ho nso, monkenkan Mose nhoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne nwura a na ɛhyew no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’ 27  Na Onyankopɔn reka akyerɛ Mose se, ɛwɔ mu sɛ saa nnipa yi awuwu mfe pii a atwam no de, nanso wɔte ase. Ɛnte saa a anka ɔrenka se ɔyɛ ateasefo Nyankopɔn, na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn. Moayɛ mfomso kɛse.”
28 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu baako a ogyina hɔ retie no huu sɛ, wabua wɔn sɛnea ɛfata no, obisaa no se, “Mose mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he na ɛkyɛn ne nyinaa?”
29 Yesu buaa no se, “Nea ɛkyɛn ne nyinaa ne nea ɛka se, ‘Israel, tie! Awurade, yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro; 30  na dɔ Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma ne wo kra ne wʼadwene ne wʼahoɔden nyinaa mu,’ no. 31  Na nea ɛto so abien no ne: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Mmaransɛm bi nni hɔ a ɛkyɛn eyinom.”
32 Kyerɛwsɛm no kyerɛkyerɛfo no buaa no se, “Owura, woaka nokware sɛ, Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ, na obi foforo nka ne ho, 33 na minim nso sɛ, sɛ mɛdɔ no afi me koma ne mʼadwene ne mʼahoɔden nyinaa mu, na mɛdɔ me yɔnko sɛ me ho no, sen afɔre biara a wɔbɔ.”
34 Yesu huu sɛ wabua asɛm no nyansa mu no, ɔka kyerɛɛ no se, “Wo ne Onyankopɔn ahenni ntam kwan nware.” Na saa asɛm yi akyi no, obi antumi ammisa no asɛm biara bio.
Onipa Ba No Ho Asɛmmisa
35 Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, obisaa nnipa no se, “Adɛn na Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ka se, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no yɛ Ɔhene Dawid ba? 36  Efisɛ Dawid ankasa nam Honhom Kronkron mu kae se,
“ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se:
“Tena me nifa so
kosi sɛ mede wʼatamfo
bɛyɛ wo nan ntiaso.” ’
37  Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no yɛ ne ba?”
Ɔkwan a ɔfaa so kasaa no maa nnipa no de anigye tiee no.
Mmara Akyerɛkyerɛfo No Kɔkɔbɔ
38 Bere bi a nnipakuw bi de anigye retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho yiye wɔ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ho! Wɔhyɛ ntade akɛse sɛ asikafo na sɛ wɔnam bagua mu a, wɔpɛ sɛ obiara a ohyia wɔn no de obu kyia wɔn. 39  Sɛ wɔkɔ hyiadan mu a wɔtenatena mpanyin agua so, na sɛ wɔkɔ adidi ase a, wɔtena mpanyin tenabea. 40  Wɔbɔ mpae atenten ma nnipa hu sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wosisi akunafo. Eyi nti wobenya asotwe a emu yɛ duru.”
Ɔbea Kunafo Bi Afɔrebɔ
41 Da bi a Yesu kɔɔ asɔredan mu no, ɔkɔtenaa afɔrebɔ adaka a esi hɔ no anim hwɛɛ sɛnea nkurɔfo no de sika regu adaka no mu. Asikafo no de sika a ɛdɔɔso guu mu. 42 Ɔbea kunafo hiani bi nso bae, na ɔde sika nketewa abien beguu mu.
43 Ɔfrɛɛ nʼasuafo no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, “Saa ɔbea kunafo hiani yi afɔre a ɔbɔe no dɔɔso sen asikafo no nyinaa afɔrebɔde. 44  Na wɔn nyinaa fi nea wɔanya ama abu wɔn so no mu na woyiyii bi de bae, na ɔbea yi de, ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa na abegu mu no.”
* 12:14 Na ɛyɛ asɛde sɛ ɔmanfo tua tow ma Romahene. Na towgye nsɔ ani koraa nti Yudafo no bi ampɛ sɛ wobetua, efisɛ na wogye di sɛ tow no tua no na ɛnyɛ Roma den ma wodi ɔman no so.