10
Awaregyae Ho Asɛmmisa
Afei Yesu fii Galilea twa baa Yudea fam nohɔ wɔ Asubɔnten Yordan agya. Nnipakuw baa ne nkyɛn, na sɛnea ɔtaa yɛ no ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.
Farisifo bi baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Wopene awaregyae so ana?” Wobisaa no eyi de sɔɔ no hwɛe.
Yesu nso bisaa wɔn se, “Dɛn na Mose ka faa awaregyae ho?”
Wobuae se, “Mose kaa se eye sɛ wogyae aware. Nʼasɛm a ɔkae ne sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ogyaa ne yere aware a ɔnkyerɛw awaregyae krataa mfa mma ne yere no.”
Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn nti na ɔkaa saa? Merebɛkyerɛ mo nea enti a ɔkaa saa. Esiane mo koma a apirim no nti na ɔkaa saa kyerɛɛ mo. Nanso eyi mfi Onyankopɔn. Efi adebɔ mfiase na Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea kaa wɔn bɔɔ mu. Eyi nti na ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro. Na nea Onyankopɔn aka abɔ mu no, ɛnsɛ sɛ onipa tetew mu.”
10 Akyiri a na ɔne nʼasuafo no wɔ fie no, asuafo no bisaa no saa asɛm koro no ara bio. 11 Obuaa wɔn se, “Sɛ obi gyaa ne yere aware na ɔsan ware obi foforo a na wabɔ aguaman. 12  Na sɛ ɔyere gyaa ne kunu aware na ɔsan ware a, na ɔno nso abɔ aguaman saa ara.”
Yesu Hyira Mmofra Nkumaa
13 Na awofo bi de mmofra nkumaa brɛɛ Yesu se onhyira wɔn, nanso nʼasuafo no pampam wɔn a wɔde mmofra no bae no, ka kyerɛɛ wɔn se, wɔnnhaw no. 14 Yesu huu nea nʼasuafo no ayɛ no, anyɛ no dɛ na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni no yɛ wɔn dea. 15  Mereka akyerɛ mo se, obiara a ɔrennye Onyankopɔn ahenni no sɛ abofra no, ɔrentumi nhyɛn mu.” 16 Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.
Adefo Ne Ɔsoro Ahenni No
17 Na osii mu sɛ ɔrekɔ baabi foforo no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?”
18 Yesu bisaa no se “Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. 19  Ɛfa wʼasɛmmisa no ho nso, wunim mmaransɛm no: ‘Mmɔ aguaman! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di wʼagya ne wo na ni!’ ”
20 Aberante no ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, eyinom nyinaa mifi me mmofraase na midii so.”
21 Yesu hwɛɛ aberante yi dinn, nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no se, “Aka wo ade baako. Kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ ɔsoro, na bra bedi mʼakyi.”
22 Aberante no tee saa asɛm no nʼanim sesae, na ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ na ɔwɔ ahonyade bebree.
23 Ɔrekɔ no, Yesu hwɛɛ no na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu!”
24 Asɛm a Yesu kaa no maa asuafo no ho dwiriw wɔn. Yesu san kaa bio se, “Me mma, sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyade sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu? 25  Na ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa pane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.”
26 Asuafo no ho dwiriw wɔn mmoroso na wobisaa no se, “Ɛno de, na hena na wobegye no nkwa?”
27 Yesu hwɛɛ wɔn dinn kae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”
Yesu Akyidi Mu Akatua
28 Afei Petro fii ase kenkan nneɛma a ɔne asuafo no agyaw abedi Yesu akyi. Ɔkae se, “Yagyaw biribiara abedi wʼakyi.”
29 Yesu nso buaa no se, “Merema mo ate ase sɛ, obi nni hɔ a me nti wagyaw ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛna, agya ne mma anaasɛ agyapade a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no, 30  na ɔrennya ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛnanom, mma ne nsase mmɔho ɔha, na ɔrennya ɔtaa nso nka ho! Eyinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na wiase a ɛreba no mu de, obenya nkwa a enni awiei. 31  Na adikanfo pii bedi akyi, na akyikafo abedi kan.”
Yesu Wu Ne Ne Wusɔre Ho Nkɔmhyɛ A Ɛto So Abien
32 Afei wosii mu sɛ wɔrekɔ Yerusalem a na Yesu di wɔn kan; na bere a asuafo no di nʼakyi no, ehu ne osuro kaa wɔn. Yesu twee wɔn gyinaa nkyɛn, na ɔsan kaa nneɛma a sɛ wodu Yerusalem a ɛbɛba ne so no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 33 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ yedu hɔ a wobeyi me, Onipa Ba no ama asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo, na wɔabu me kumfɔ, na wɔde me ahyɛ Roma aban nsa, na wɔakum me. 34  Wobedi me ho fɛw, na wɔatete ntasu agu me so, na wɔde mpire atwa me mmaa, na wɔakum me, na nnansa so no, masɔre bio.”
Yakobo Ne Yohane Abisade
35 Afei Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ woyɛ yɛn adɔe bi.”
36 Yesu bisaa wɔn se, “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”
37 Wobuae se, “Ma yɛn mu baako ntena wo nifa so, na ɔbaako nso ntena wo benkum so wɔ wʼahenni mu hɔ!”
38 Yesu maa wɔn mmuae se, “Munnim nea mubisa no! Mubetumi anom awerɛhow kuruwa nwenweenwen a ɛsɛ sɛ menom ano no ana? Anaasɛ mubetumi ama wɔde amanehunu asubɔ no abɔ mo asu?”
39 Wɔka kyerɛɛ no se, “Yebetumi!”
Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mubetumi anom me kuruwa ano, na wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo; 40  nanso minni tumi sɛ miyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so no. Onyankopɔn nko ara na ɔde saa afa no bɛma wɔn a wɔasiesie hɔ ama wɔn no.”
41 Asuafo a wɔaka no tee nea Yakobo ne Yohane kobisaa no, anyɛ wɔn dɛ. 42 Enti Yesu frɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn se, “Munim sɛ ahene ne atumfo a wɔwɔ wiase no di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so, 43  nanso mo de, ɛnte saa wɔ mo ho. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo somfo. 44  Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne nuanom so panyin no ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔn nyinaa akoa. 45  Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra too hɔ sɛ mpata maa nnipa nyinaa.”
Onifuraefo Bi Adehu
46 Yesu ne nʼasuafo no beduu Yeriko. Wɔrefi kurow no mu no, nnipakuw tu dii wɔn akyi. Saa bere a Yesu retwa mu no, na onifuraefo Bartimeo a ne din nkyerɛase ne “Timoteo ba” no te kwankyɛn resrɛsrɛ ade. 47 Bere a Bartimeo tee sɛ Yesu Nasareni na ɔretwam no, ofii ase teɛteɛɛ mu se, “Dawid Ba Yesu, hu me mmɔbɔ!”
48 Nnipa no bi teɛteɛɛ no se, “Mua wʼano!” Nanso ɔkɔɔ so teɛteɛɛ mu dennen se, “Dawid ba, hu me mmɔbɔ!”
49 Bere a Yesu tee ne nne no, ogyina kae se, “Momfrɛ no mma me.”
Wɔfrɛɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, “Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre na ɔrefrɛ wo!” 50 Bartimeo tow ne ntama gui, sɔre baa Yesu nkyɛn.
51 Yesu bisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?”
Onifuraefo no buae se, “Kyerɛkyerɛfo, mepɛ sɛ mihu ade!”
52 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ, na wo gyidi agye wo.” Na ntɛm ara onifuraefo no huu ade, na odii Yesu akyi.